Adiyisɛm 17 - Apam FoforɔDwamamfoɔ kɛseɛ he ne aboa he 1 Afei abɔfoɔ nson he mu baako a okita nkuruwaa nson he ka kyerɛɛ me sɛ, “Bra na menkyerɛ wo dwamanfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii so he atemmuo. 2 Ɔno ne wiase ahemfo ne no abɔ adwamane, na n’adwamammɔ nsa he aboroboro bɛ a bɛtete asaase so he.” 3 Honhom he faa me maa bɔfoɔ he de me kɔɔ serɛ so. Hɔ ne mehuu baa bi sɛ ɔte aboa kɔkɔɔ bi a abususɛm dini ahyɛ no mã so. Na aboa he wɔ ti nson ne mmɛne du. 4 Na baa he hyɛ ataadeɛ a n’ahosuo yɛ afasebiri ne kɔkɔɔ, afei nso ɔde sikakɔkɔɔ aboɔ ne nhwene pa ahyehyɛ ne ho. Na okita sika kuruwa a afideɛ ne adwamammɔ ho nnoɔma ayɛ no ma tɔ. 5 Na bɛatwerɛ dini bi ya ne moma so a ne nkyerɛaseɛ yɛ ahintasɛm: “Babel kɛseɛ he, asaase so adwamanfoɔ ne akyiwadeɛ na.” 6 Na mehuu sɛ ahoteefoɔ ne Yesu akyidifoɔ a bekuu bɛ he mogyaa aboro baa he. Mehu no he, ɔyɛɛ me nwanwa paa. 7 Bɔfoɔ he bisaa me sɛ, “Mmɛ nti na ɔyɛ wo nwanwa? Mɛkyerɛ wo baa he ne aboa a ɔsõ no a ɔwɔ tire nson ne mmɛne du he ho ahintasɛm he. 8 Aboa a wohuu no he, na ɔte ase nso ɔnte ase bio. Oobefiri amena donkodonko he mu aba ama bɛasɛe no. Nnipa a bɛte asaase so a bɛantwerɛ bɛ dini angu ateasefoɔ nwoma he mu ansa na bɛɛbɔ wiase he, sɛ wohu aboa he a, ɔbɛyɛ bɛ nwanwa, efiri sɛ mmerɛ bi na ɔte asɛ, nso seesei deɛ, ɔnte ase na ɔbɛsane aba. 9 “Yei ho ne nimdeɛ ne nteaseɛ ho hia. Ti nson he gyina hɔ ma mmepɔ nson a baa he tena so he. Bɛyɛ ahemfo nson nso, 10 bɛ mu nnum awu, na bɛ mu baako da so di hene, na baako a ɔka bɛ ho he mmaeɛ. Na sɛ ɔba a, ɔsɛ sɛ ɔtwɛne kakra bi. 11 Aboa he a nka na ɔte ase he na afei deɛ ɔnte ase he yɛ hene a ɔto so nwɔtwe a ɔka nson a bedi kane he ho a ɔɔkɔ ne sɛeɛ mu. 12 “Na mmɛne du a wohuiɛ he yɛ ahemfo du a bennyaa ahennie, nso bɛne aboa he benya tumi sɛ ahemfo dɔnhwere baako. 13 Yeinom wɔ adwene korɔ, na bɛde bɛ tumi ne bɛ ahoɔdene bɛma aboa he. 14 Bɛbɛko atia Adwamaa he ne n’akyidifoɔ, agyidifoɔ a bɛafrɛ bɛ he ne no bedi bɛ so, efiri sɛ, ɔyɛ Awurade mu Awurade ne Ahemfo mu Hene.” 15 Bɔfoɔ he nso ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsuo a wohuiɛ a dwamanfoɔ he te so he yɛ nkuro ne nkurofoɔ akuoakuo ne amane ne kasa ahodoɔ. 16 Mmɛne du ne aboa he a wohuiɛ he bɛtane dwamanfoɔ he. Bɛbɛfa bibiaa a ɔya ne ho ama wada adagya. Bɛbɛwe ne nam na bɛde gya ahye no, 17 efiri sɛ, Nyankopɔn de ahyɛ bɛ akoma mu sɛ bɛbɛyɔ adwene korɔ de bɛ ahennie ama aboa he na wadi hene akosi sɛ Nyankopɔn asɛm he bɛba mu. 18 Afei baa a wohuu no he yɛ kuro kɛseɛ a odi asaase so ahemfo so hene he.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana