Adiyisɛm 14 - Apam FoforɔAdwammaa he ne ne nkurɔfoɔ 1 Afei mehwɛeɛ, na hwɛ, mehuu Adwamaa he sɛ ogyina Sion Bepɔ so. Na nnipa mpemha aduannan nnan ka ne ho a bɛatwerɛ ne dini ne n’agya dini bɛ moma so. 2 Na metee nne bi firi soro te sɛ nsuworoeɛ a ano ɔdene, na ɔte sɛ apranaa nso. Nne a meteeɛ he te sɛ nnwom a sankubɔfoɔ bi ɔɔbɔ no ne sankuo so. 3 Na bɛtoo dwom foforɔ bi, ahennwa ne ateasefoɔ nnan ne mpanyimfoɔ he anim, na biaa antumi ansua dwom he, gye nnipa mpem ha aduannan nnan a bɛagye bɛ afiri asaase so he nko. 4 Yeinom ne nnipa a bɛamfa adwamammɔ angu bɛ ho fi, na bɛyɛ mmabunu. Baabiaa a Adwamaa he bɛkɔ he, na bedi n’akyi. Bɛagye bɛ nkwa afiri nnipa mu, na bɛne nnipa a bedi kane a bɛde bɛ ama Nyankopɔn ne Adwamaa he. 5 Na bɛante torɔsɛm biaa amfiri bɛ anum; na dɛm biaa nni bɛ ho. Abɔfoɔ mmeɛnsa he 6 Afei mehuu bɔfoɔ foforɔ bi sɛ watu nam soro soro a ɔɔkɔka Asɛmpa a ontwam da he akyerɛ asaase so nnipa a amane ne mmusuakuo ne kasa ne nkurofoɔ nyinaa ka ho. 7 Ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ, “Honsuro Nyankopɔn na honkamfo ne kɛseyɛ, efiri sɛ, berɛ he aduru sɛ obu adasamma atɛne. Honsom nea ɔbɔɔ soro, asaase, po ne nsuti he!” 8 Bɔfoɔ a ɔto so mmienu dii akyire kaa sɛ, “Wahwe ase! Babilon kɛseɛ ahwe ase, efiri sɛ waama amanamane nyinaa anom n’adwamammɔ nsa dendene he bi.” 9 Bɔfoɔ a ɔto so mmeɛnsa dii bɛ akyi teaam kaa sɛ, “Biaa a ɔsom aboa he ne ne sɛso honyini a na ɔma bɛhyɛ ne nsa ho anaa ne moma so agyinaeɛ 10 he ankasa bɛnom Nyankopɔn abufuo nsa korɔgyee a bɛahwie agu n’abufuo kuruwa mu he bi. Bɛ a bɛbɛyɔ saa he nyinaa, bɛbɛhyɛ no aniɔyeyaa gya ne sɔfe mu, abɔfoɔ ne Adwamaa he anim. 11 Na gya he wusie a ɔhyɛ bɛ aniɔyeyaa he foro kɔ soro daa daa. Na bɛ a bɛsomm aboa he ne ne sɛso honyini he onnya home biaa, awia anaa anadwo.” 12 Yei nti ne ɔsɛ sɛ Nyankopɔn nkurofoɔ ne bɛ a bedi Nyankopɔn mmara so na bɛgye Yesu di he nya boasetɔ he. 13 Afei metee nne bi firi soro a ɔkaa sɛ, “Twerɛ yei: Honhom he dɛ, Nhyira ne awufoɔ a bewu Awurade mu firi seesei ɔɔkɔ yi, ampa, bɛbɛhome afiri bɛ brɛ he mu; na bɛ nnwuma di bɛ akyi.” 14 Na mehwɛeɛ, na hwɛ, mununkum fitaa bi a na abɔdeɛ bi a na ɔte so he te sɛ nipa a sikakɔkɔɔ abotire bɔ ne ti na okita kantankrankyi nnamnnam bi di. 15 Na bɔfoɔ foforɔ bi firii asɔredane he mu pieeɛ, teaam kyerɛɛ nea ɔte mununkum he so he sɛ, “Fa wo kantankrankyi he twa, efiri sɛ, twaberɛ he aduru; asaase he aso aba a ɔsɛ sɛ betwa!” 16 Nti nea ɔte mununkum so he hwimm ne kantankrankyi asaase so ma otwaa asaase so nnɔbae. 17 Afei mehuu bɔfoɔ foforɔ bi a ofiri soro asɔredane mu apie a ɔno nso kita kantankrankyi nnamnnam bi. 18 Bɔfoɔ foforɔ bi a ɔno nso hwɛ gya so firi afɔrebokyia he mu pieeɛ. Ɔteaa bɔfoɔ a okita kantankrankyi nnamnnam he sɛ, “Fa wo kantankrankyi nnamnnam he twitwa asaase so bobe aba akuoakuo he, efiri sɛ, n’aba he abere.” 19 Nti bɔfoɔ he himm ne kantankrankyi he asaase so de twitwaa bobe aba he na ɔde koguu Nyankopɔn abufuo nsa-kyi-amena kɛseɛ he mu. 20 Na betiatiaa nsa-kyi-amena he so kuro he akyi, na mogyaa firii nsa-kyi-amena he mu taa hɔ foro koduru bɛyɛ sɛ apɔnkɔ nnareka ho, na ɔtenee kɔɔ bɛyɛ nkwansini ha aduowɔtwe nnan. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana