Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Adiyisɛm 13 - Apam Foforɔ


Aboa a odi kane he

1 Afei mehuu sɛ aboa bi apie po he mu ɔɔba. Na ɔwɔ mmɛne du ne tire nson a, na ahemmotire du bobɔ ne mmɛne he so a abusudini bobɔ tire he ho.

2 Aboa a mehuu no he, na ɔte sɛ sebɔ a ne nane te sɛ sisire, na n’ano nso te sɛ gyata ano. Na tweaseɛ he de ɔno ankasa ne tumi ne n’ahennwa ne ne tumi kɛseɛ maa aboa he.

3 Na mehuu ne ti he mu baako a ɔte sɛ deɛ bɛatwa ama ɔɔyɛ awu, nso bɛsaa ne pirakuro he, na aboa he ho yɛɛ wiasefoɔ nyinaa nwanwa maa bedii n’akyi.

4 Nnipa nyinaa som tweaseɛ he efiri sɛ, ɔde ne tumi nyinaa ama aboa he. Bɛsom aboa he nso kaa sɛ, “Hwane ne te sɛ aboa he? Na hwane ne betumi ne no ako?”

5 Bɛmaa aboa he kwane ma ɔkaa nsɛm akɛseɛ ne abususɛm, na bɛmaa no kwane ma onyaa tumi bosome aduannan mmienu.

6 Na obiee n’ano kaa abususɛm tiaa Nyankopɔn, sɛ ɔbɛka ne dini ne ne ntomadane ne bɛ a bɛtete soro he ho abususɛm.

7 Bɛmaa no kwane maa ɔne ahoteefoɔ koeɛ sɛ obedi bɛ so. Na bɛmaa no mmusuakuo ne nkurofoɔ ne kasa hodoɔ ne amane nyinaa so tumi.

8 Na bɛ a bɛte asaase so nyinaa bɛkoto no, meekyerɛ bɛ a bɛamfiri wiase ahyɛaseɛ antwerɛ bɛ dini Adwammaa a bekuu no he nkwa nwoma mu he.

9 Sɛ bi wɔ aso a, ma no ntie.

10 Biaa a ɔsɛ sɛ bɛkye no he, bɛbɛkye no. Biaa a ɔsɛ sɛ beku no nkrantɛ ano he, bebeku no. Yei mu ne ahoteefoɔ boasetɔ ne gyidie ho hia.

11 Afei mehuu aboa foforɔ a oopie afiri asaase mu. Na ɔwɔ mmɛne mmienu te sɛ adwamaa, nso na ɔkasa te sɛ wɔ.

12 Na ɔwɔ aboa a odi kane he ahoɔdenneɛ nyinaa ya n’anim, na ɔmaa asaase ne bɛ a bɛtete so koto aboa a odi kane a bɛasa ne wuopira he.

13 Aboa a ɔto so mmienu yi yɔɔ anwanwadeɛ akɛseɛ bebree. Ɔmaa gya firii soro baa asaase so a nnipa nyinaa huiɛ.

14 Na ɔnam anwanwadeɛ a bɛmaa no ho kwane maa no yɔeɛ ya aboa a odi kane he anim he so daadaa nnipa a bɛte asaase so nyinaa. Aboa he ka kyerɛɛ wiase nnipa nyinaa sɛ, bensi honyini mma aboa a bɛde nkrantɛ piraa no na nso n’apirakuro he awu na ɔte ase bio he.

15 Bɛmaa aboa a ɔto so mmienu he kwane ma ɔhomee nkwa guu aboa a odi kane honyini he mu, sɛnea ɔbɛyɛ a honyini he betumi akasa, na waku biaa a ɔnsom no he.

16 Afei aboa he hyɛɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛseɛ, adefoɔ ne ahiafoɔ, bɛ a bɛde bɛ ho ne nkoa sɛ bɛnhyɛ bɛ nsa nifa ho ne bɛ moma so agyinaeɛ.

17 Biaa nni ho kwane sɛ ɔtɔ anaa ɔtɔno gye sɛ bɛde aboa he dini anaa ne dini akonta ntwerɛeɛ he hyɛ ne ho agyinaeɛ.

18 Yei hia ma nimdeɛ. Biaa a ɔwɔ nimdeɛ he betumi ahu nsɛnkyerɛnne a ogyina hɔ ma aboa he ase, efiri sɛ, nsɛnkyerɛnne he gyina hɔ ma nipa dini. Ne nsɛnkyerɛnne yɛ ahansia aduosia nsia.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan