Adiyisɛm 12 - Apam FoforɔBaa he ne tweaseɛ he 1 Afei nsɛnkyerɛnne kɛseɛ bi daa ne ho adi soro. Baa bi pieeɛ a na ofira awia a bosome ya ne nane ase, na nsoromma dummienu ahenkyɛ hyɛ no. 2 Na ɔnyem a ɔɔbɛwo, na awoyeya nti, na oosu. 3 Afei nsɛnkyerɛnne kɛseɛ foforɔ bi daa ne ho adi soro. Wɔ kɔkɔɔ kakraka bi pieeɛ a na ne ti yɛ nson a na ɔwɔ mmɛne du; na ahemmotire bobɔ ne ti he biaa so. 4 Ɔde ne dua twee nsoromma a ɔya soro he mu nkyemu mmeɛnsa mu baako too guu fam. Na ogyinaa baa a ɔɔwo he anim sɛnea ɔbɛyɛ a ɔwo abɔfra he to hɔaa pɛ, ɔbɛfa abɔfra he awe. 5 Afei baa he woo abeemaa a ɔde dadeɛ poma bedi amane nyinaa so. Nso behwim abɔfra he kɔɔ Nyankopɔn ne n’ahennwa ho. 6 Baa he dwane kɔɔ serɛ so baabi a Nyankopɔn asiesie ama no a bɛbɛhwɛ no hɔ nnafua apem ahanu ne aduosia mu. Mikael dii wɔ he so nkunim 7 Afei ko sii soro hɔ. Mikael ne n’abɔfoɔ ko tiaa tweaseɛ kɛseɛ he, na wɔ kɛseɛ he nso ne n’abɔfoɔ ko tia bɛ. 8 Nso bedii bɛ so nkunim na bɛamma ɔne n’abɔfoɔ antena soro bio. 9 Bɛtoo tweaseɛ kɛseɛ he tweneeɛ. Ɔno ne wɔ dadaa he a bɛfrɛ no Bronsam ne Satan he, ɔno ne daadaa wiase nyinaa he. Na bɛtoo no twenee asaase so a na n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho. 10 Afei metee nne dendene bi soro a ɔkaa sɛ, “Afei Nyankopɔn nkwagyeɛ, ne tumi, n’ahennie ne ne Kristo he tumi he aba, efiri sɛ, bɛapam nea ogyina Nyankopɔn anim toto yɛ nuanom ano awia ne anadwo he afiri soro. 11 Nso bɛnam Adwamaa he mogyaa so ne bɛ adanseɛ asɛm adi no so nkunim, na bɛannɔ bɛ kra, mpo de kosii wuo mu. 12 Nti ho a hote soro homma ho ani nnye. Afei asaase ne po nnue! Efiri sɛ, Bronsam he atoa ho, na ne bo afu efiri sɛ, onim sɛ, ne mmerɛ a aka sua!” Tweaseɛ he tuu sa bio asaase so 13 Mmerɛ a tweaseɛ he huu sɛ bɛato no atwene asaase so he, ɔtaa baa a wawo abeemaa he. 14 Nso bɛmaa baa he kɔdeɛ ntabane akɛseɛ mmienu sɛnea ɔbɛyɛ a obetumi atu akɔ serɛ so baabi a hɔ yɛ ne tenaberɛ, dea bɛbɛhwɛ no mfie mmeɛnsa ne fa sɛnea wɔ he oonni n’akyi bio. 15 Afei wɔ he puu n’anum nsuo te sɛ asubɔntene guu baa he akyi, sɛ nka ɔmfa no. 16 Nso asaase boaa baa he. Obiee n’anum nom nsuo a tweaseɛ he pu guu hɔ he nyinaa. 17 Na tweaseɛ he bo fuu baa he, na okotuu n’asefoɔ nkaeɛ a bedi Nyankopɔn ahyɛdeɛ so na bekura Yesu adanseɛ he so sa. 18 Na okogyinaa mpoano anwea so. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana