Adiyisɛm 11 - Apam FoforɔAdansefoɔ mmienu he 1 Afei bɛmaa me susudua bi a ɔte sɛ poma, na bɛka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre na susu Nyankopɔn asɔredane he ne afɔrebokyia he na kane bɛ a bɛɛsom asɔredane he mu he. 2 Nso mfa asɔredane he mfikyiri nka ho, efiri sɛ, bɛde hɔ ama amanamane mufoɔ, na bebetiatia kuro kronkron he so abosome aduannan mmienu. 3 Mɛsoma m’adansefoɔ mmienu a befirafira ayitoma, na bɛaka adiyisɛm nna apem ahanu ne aduosia.” 4 Yeinom ne ngodua mmienu he ne kaneadua mmienu a osisi asaase a ɔya Awurade anim he so he. 5 Gya firi bɛ anum bekuku atamfoɔ biaa a bɛpɛ sɛ bɛha bɛ he. Ɔno nti, biaa a ɔpɛ sɛ ɔha bɛ he, bebeku no. 6 Yeinom wɔ tumi sɛ bɛto soro mu, na nsuo ɔnntɔ ya nna a bɛde hyɛ nkɔm he mu, na bɛwɔ tumi ya nsuo so sɛ bɛma ɔdane mogyaa na bɛde haw nyinaa bi ha asaase berɛ dodoɔ biaa bɛ pɛ. 7 Na sɛ bɛka bɛ asɛm he wie a, aboa a obefiri amena donkodonko he mu apie he ne bɛ bɛko. Obedi bɛ so aku bɛ. 8 Na bɛ afunu bɛdeda kuro kɛseɛ he abɔntene so, kuro a honhom mu bɛfrɛ no Sodom ne Misraim, baabi a bɛbɔɔ bɛ Awurade nso asennua mu he 9 Na nnipa a befiri amane so ne mmusuakuo ne kasa hodoɔ ne amane bi so bɛhwɛ bɛ afunu he nnansa ne fa, na bɛmma kwane mma bensie bɛ. 10 Asaase so nnipa ani bɛgye sɛ saa nnipa mmienu he awuwu. Bɛbɛgye bɛ ani na bɛakyɛ bɛ ho akyɛdeɛ, efiri sɛ, saa adiyifoɔ mmienu he ne bɛde haw bɛtoo asaase sofoɔ so. 11 Na nnansa ne fa akyi he, honhom a ofiri Nyankopɔn bewuraa bɛ mu na bɛsɔre gyinaeɛ. Na hu kɛseɛ kãã biaa a ohuu bɛ. 12 Afei nne a ano ɔdene firi soro bɛkaa sɛ, “Homforo mmra soro ha.” Na berɛ a na bɛ atamfoɔ ɔɔhwɛ bɛ he, bɛfaa mununkum mu kɔɔ soro. 13 Saa mmerɛ heaa, asaase wosoo dendenndene, kuro he nkyekyɛmu du mu baako sɛeɛ, na nnipa mpemnson wuwuiɛ ɔnam asaasewosoɔ he nti. Nnipa a bɛaka he bɔɔ hu na bɛkamfoo Nyankopɔn a ɔya soro he kɛseyɛ. 14 Haw a ɔtɔ so mmienu he atwam, nso, hwɛ, ɔnkyɛre na haw a ɔto so mmeɛnsa nso aba. Totorobɛnto a ɔto so nson 15 Afei bɔfoɔ a ɔto so nson he hyɛne ne totorobɛnto he, na nne dendene bi firi soro kaa sɛ, “Wiase ahennie ayɛ yɛ Awurade ne ne Kristo he dea, na obedi hene daa daa.” 16 Afei mpanyimfoɔ aduonu nnan a bɛte bɛ ahennwa so Nyankopɔn anim he de bɛ anim butubutuu fam, sɔree Nyankopɔn, 17 kaa sɛ: Yɛda wo ase, Awurade Nyankopɔn a woyɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ a na woya hɔ firi tetentredee, na woya hɔ nnɛ nso, sɛ woafa wo tumi kɛseɛ, na woadi hene. 18 Na amanamane he bo fuiɛ, na w’abufuo ne awufoɔ berɛ he aduru sɛ wobebu atɛne, na woama wo nkoa, adiyifoɔ ne ahoteefoɔ ne bɛ a besuro wo dini, nketewa ne akɛseɛ nyinaa, he akatua, na woasɛe bɛ a bɛasɛe asaase he. 19 Afei Nyankopɔn asɔredane a ɔya soro he bieeɛ ma behuu adaka a apam he ya mu he asɔredane he mu. Afei anyinam ne apranaa paepaeɛ, na asaase wosoeɛ, na asukɔtwea pii nso baeɛ. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana