Adiyisɛm 1 - Apam FoforɔNnianimu ne nkyea 1 Saa nwoma yi fa Yesu Kristo adiyisɛm a Nyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nnoɔma a otwa sɛ ɔba ntɛm. Kristo somaa ne bɔfoɔ kɔɔ ne n’akoa Yohane nkyɛne kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no. 2 Na Yohane dii adanseɛ faa Nyankopɔn asɛm ne Yesu Kristo ne nea ohuiɛ nyinaa ho. 3 Nhyira ne nipa a ɔkenkane saa nwoma yi, ne bɛ a betie adiyisɛm he na bedi so sɛnea bɛatwerɛ no saa nwoma yi mu he, efiri sɛ berɛ he abɛne. 4 Nsɛm a Yohane de kɔmaa asafo ahodoɔ nson a na bɛya Asia he di: Adom mmra ho so. Afei nso, asomdwie a ofiri nea ɔya hɔ, seesei, na ɔya hɔ firi tetentredee, na ɔya hɔ daa he, ne ahonhom nson a ɔya n’ahennwa anim, 5 ne Yesu Kristo a ɔyɛ danseni nɔkwafoɔ ne wusɔreɛ mu dikanfoɔ ne asaase so ahene sodifoɔ he nkyɛne nka ho. Ɔno a ɔdɔ yɛ, na ɔnam ne mogyaa he so agye yɛ afiri yɛ bɔne mu he 6 ayɔ yɛ ahemmane ne asɔfoɔ ama ne Nyankopɔn a ɔyɛ n’agya. Ɔno ne animuonyam ne tumi nka no daa daa. Amen! 7 Hwɛ! Ɔnam mununkum mu ɔɔba; ani nyinaa behu no, na bɛ a bɛwɔɔ no pea he nso behu no bi. Na ɔno nti asaase so nnipa nyinaa bɛbɔ bena. Ampa, saa ne ɔbɛyɔ. Amen! 8 “Mene ahyɛaseɛ ne awieeɛ,” Awurade Nyankopɔn ne ɔɔka, ɔno ne ya hɔ seesei na ɔya hɔ firi tetentredee na ɔya hɔ daa, ade nyinaa so tumfoɔ, he. Kristo ho anisoadehunu 9 Me, Yohane, ho nua a me ne ho bom Yesu mu hunu amane n’ahennie ne ne boasetɔ mu, na meya supɔ Patmo so, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti. 10 Awurade da he, na meya Honhom mu, na metee nne dendene bi ya m’akyi a ɔte sɛ totorobɛnto. 11 Ɔkaa sɛ, “Twerɛ bibiaa a wohu gu nwoma mu, na fa nwoma he kɔma asafo ahodoɔ nson yi: Deɛ ɔya Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.” 12 Afei, medanee m’ani pɛɛ sɛ mehu nea ɔɔkasa akyerɛ me he, mehuu sikakɔkɔɔ nkaneadua nson. 13 Na bi a ɔte sɛ nipa ba he hyɛ ataadeɛ yuu a osi ne nane ase a sikakɔkɔɔ aboomu bɔ ne koko gyina nkaneadua nson he mfimfini. 14 Na ne tinwi yɛ fitaa te sɛ asaawafufuo, te sɛ akaadoo, na n’ani dɛre sɛ gyaframa. 15 Na ne nane ase hyerɛn sɛ yaawa fɛɛfɛ a adɔ ya fononoo mu, na afei bɛatwi ho na ne nne woro so te sɛ nsuo ɔɔworo dendene. 16 Na okita nsoromma nson ne nsa nifa mu, na nkrantɛ anofanu nnamnnam firi n’anum baeɛ. Na n’anim hyerɛn sɛ awia a ɔɔhyerɛn dendene. 17 Mehuu no he, mekɔhwee ne nane ase yɛɛ te sɛ wufoɔ. Na ɔde ne nsa nifa too me so kaa sɛ, “Nsuro! Mene Kannifoɔ ne Kyidifoɔ. 18 Mene teasefoɔ he! Mewuiɛ, na hwɛ, mete ase daa daa. Mekita Wuo ne asamando nsafoa. 19 Nti afei twerɛ nnoɔma a wohu; nea wohu no seesei ne nea ɔbɛba akyire he. 20 Nsoromma nson a wohu no me nsa nifa mu ne sika nkaneadua he nkyerɛaseɛ a ɔyɛ ahintasɛm he di: Nsoromma nson he yɛ asafo nson he abɔfoɔ, na nkaneadua nson he nso yɛ asafo nson he.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana