Asomafoɔ 9 - Apam FoforɔSaulo adwensakra ( Asomafoɔ 22:3-16 ; 26:9-18 ) 1 Na Saulo a na ɔda so hunahuna Awurade asuafoɔ he na ɔpɛ sɛ okuku bɛ he kɔɔ sɔfo panyini he nkyɛne 2 kɔkaa sɛ ɔmma no nkrataa a ɔde bɛkɔ Damasko hyia adane mu, sɛnea ɔbɛyɛ a obetumi akye biaa a obehu sɛ ɔnam gyidie Kwane He so, mmeema ne mmaa, de bɛ aba Yerusalem. 3 Afei ɔnam kwane he so ɔɔkɔ a ɔbene Damasko he, mpofiremuaa hann bi firi soro hyerɛn twaa ne ho hyiaeɛ. 4 Na ɔhwee fam, na ɔtee sɛ nne bi ɔɔka kyerɛ no sɛ, “Saulo, Saulo, mmɛ nti ne wotaa me?” 5 Obisaa sɛ, “Wo ne hwane, owura?” Na ɔkaa sɛ, “Me ne Yesu, nea wootaa no he. 6 Sɔre kɔ kuro he mu na bɛbɛka nea ɔsɛ sɛ woyɔ akyerɛ wo.” 7 Na mmeema a bɛne no nam he gyinagyina hɔ a bentumi nkasa. Nne he faa bɛ asum deɛ nso bɛanhu biaa. 8 Saulo sɔre firii fam, na n’ani gu so deɛ, nso na onhu hwee. Nti bɛsosɔɔ ne nsa de no kɔɔ Damasko. 9 Na wanhu hwee nnansa, wannidi na wannom nso. 10 Na suani bi ya Damasko a bɛfrɛ no Anania, na Awurade ka kyerɛɛ no anisoadehunu mu sɛ, “Anania” Na ɔkaa sɛ, “Awurade medi.” 11 Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre na kɔ brɔno a bɛfrɛ no Tee he so, na kɔ Yuda fie kɔhwehwɛ beema bi a bɛfrɛ no Saulo, a ofiri Tarso he. Na hwɛ, ɔɔbɔ mpaeɛ, 12 na waahu beema bi a bɛfrɛ no Anania ya anisoadehunu mu sɛ waba de ne nsa abegu no so sɛnea obehu adeɛ bio” 13 Nso Anania buaa sɛ, “Awurade maate beema yi ho asɛm afiri nnipa pii hɔ, sɛ ɔde bɔne bebree adi w’ahoteefoɔ a bɛya Yerusalem he. 14 Afei waanya tumi afiri asɔfoɔ mpanyini he nkyɛne sɛ ɔmfa bɛ a bɛbɔ wo dini he nyinaa ngu mpokyerɛ mu.” 15 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Si kwane so kɔ, efiri sɛ beema yi ne nea mayi sɛ ɔmfa me dini nkɔ amanamane ne ahene ne Israel mma nkyɛne. 16 Na m’ankasa mɛkyerɛ no amaneɛ a otwa sɛ ɔba no so ɔnam me dini nti.” 17 Nti Anania kɔeɛ na ɔhyɛne fie he mu, na ɔde ne nsa guu no so kaa sɛ, “Me nua Saulo, Awurade Yesu a oyii ne ho adi kyerɛɛ wo kwane a na wonam so ɔɔba so he ne asoma me, sɛnea ɔbɛyɛ a wobehu adeɛ bio na Honhom Kronkron ahyɛ wo ma.” 18 Na amonom hɔaa bibi a ɔte sɛ ntɛ fifiri n’ani so guu fam na ohuu adeɛ, na ɔsɔree ma bɛbɔɔ no asu, 19 na odidii nyaa ahoɔdene. Na odii nna kakra asuafoɔ a bɛya Damasko he nkyɛne. Saulo kaa asɛm ya Damasko 20 Na ntɛmaa ofirii aseɛ hyia adane mu kaa Yesu ho asɛm sɛ “Yesu ne Nyankopɔn Ba he.” 21 Nso ɔyɛɛ bɛ a beetie no he nyinaa nwanwa, na bɛkaa sɛ, “Ɔnyɛ yei na ɔsɛe bɛ a bɛbɔ dini yi Yerusalem he? Ɔnyɛ ɔno ne ɔde botaeɛ koro heaa baa ha sɛ ɔɔbɛkye bɛ de bɛ akɔma asɔfo mpanyimfoɔ he?” 22 Nso Saulo kɔɔ so nyaa ahoɔdene, na ɔmaa Yudafoɔ a bɛya Damasko he ho dwirii bɛ berɛ a ɔde adanseɛ a mu da hɔ kyerɛeɛ sɛ yei ne Kristo he. 23 Na nna pii akyi he, Yudafoɔ he bɔɔ pɔ sɛ bebeku no. 24 Nso Saulo huu sɛ bɛabɔ ne ho pɔ. Na bio nso na bɛwɛne apono he ano awia ne anadwo sɛ bebenya no aku no. 25 Nti n’asuafoɔ he faa no anadwo he de no sii kɛntɛne mu de no faa kwane bi a ɔda afasuo he mu, gyaagyaa no nkakrankakra sii fam. Saulo kɔɔ Yerusalem, Kaesarea ne Tarso 26 Oduruu Yerusalem he, ɔbɔɔ mmɔdene sɛ ɔde ne ho bɛbɔ asuafoɔ he; nso na bɛ nyinaa besuro no, efiri sɛ na bɛnnye nni sɛ ɔyɛ suani nɔkorem. 27 Nti Barnaba boaa no de no kɔɔ asomafoɔ he nkyɛne, na ɔkaa sɛnea ɔde akokoɔduro akasa Yesu dini mu Damasko he ho nsɛm nyinaa kyerɛɛ bɛ. 28 Na ɔne bɛ tenae, dii akɔneaba Yerusalem, kasaa Awurade dini mu akokoɔduro so. 29 Na ɔne Yudafoɔ a bɛka Hela kasa he kasa dii anobaabaeɛ. Na bɛbɔɔ mmɔdene sɛ bebeku no. 30 Berɛ a agyidifoɔ he huu yei he, bɛde no baa Kaesarea; na bɛmaa no kɔɔ Tarso. 31 Saa berɛ heaa mu asafo a ɔyeya Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa nyaa asomdwie, na bɛyɛɛ nam. Na bere a bɛde Awurade suro ne Honhom Kronkron he awerekyekyerɛ nanteeɛ he, bɛkɔɔ so dɔreeɛ. Petro saa Aenea yadeɛ 32 Afei bere a Petro ookyinikyini mmeammea he, okoduruu ahoteefoɔ a bɛte Lida he nso nkyɛne. 33 Hɔ ne ohuu beema bi a bɛfrɛ no Aenia a wabubu ada ne mpa so mfie nwɔtwe. 34 Na Petro ka kyerɛ no sɛ, “Aenia, Yesu Kristo asa wo yadeɛ. Sɔre na woaa sɛ wo kɛtɛ.” Na ntɛmaa ɔsɔreeɛ. 35 Na bɛ a bɛtete Lida ne Saron asaasetam so nyinaa huu no, na bɛdane baa Awurade nkyɛne. Tabita wunyaneeɛ 36 Na suani bi ya Yopa a bɛfrɛ no Tabita, a Helafoɔ ka no Doka. Na nnwuma pa ne adɔeɛ ahyɛ no ma. 37 Na nna he mu he, ɔbaa sɛ ɔyare wuiɛ. Nti bedwaree no de no kɔtoo dane bi mu ya abrosane so. 38 Na afei na hɔ bɛne Yopa nti, berɛ a asuafoɔ he tee sɛ Petro ya saa kuro he mu he, bɛsomaa mmeema mmienu kɔɔ ne nkyɛne kɔsrɛɛ no sɛ, “Yɛsrɛ wo ntwentwɛne wo nane ase sɛ wobɛba yɛ nkyɛne.” 39 Na Petro sɔre ne bɛ kɔeɛ. Na oduruu hɔ he, bɛde no kɔɔ dane he mu abrosane he so; na akunafoɔ he nyinaa de suu baa ne nkyɛne de ntaadeɛ nhyɛaseɛ ne ntaadeɛ ngugusoɔ a Doka yɔeɛ berɛ a ɔya bɛ nkyɛne he bebree kyerɛeɛ. 40 Na Petro maa biaa pie kɔɔ abɔntene, na obuu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ, na ɔdanee ne ho hwɛɛ amu he kaa sɛ, “Tabita, sɔre!” Obiee n’ani, na n’ani bɔɔ Petro so he, ɔsɔre tenaa ase. 41 Ɔtenee ne nsa na ɔmaa no so, na ɔfrɛɛ ahoteefoɔ ne akunafoɔ he de Doka maa bɛ a ɔya nkwa mu. 42 Asɛm yo trɛɛ Yopa mpɔtamu nyinaa sɛ wanyane afiri awufoɔ mu, na bebree begyee Awurade diiɛ. 43 Petro tenaa Yopa dii nna kakra Simon, nhomahyɛfoɔ no nkyɛne. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana