Asomafoɔ 8 - Apam FoforɔBɛtaa agyidifoɔ 1 Saulo nso penee kuu a na beeku Stefano he so. Saa da he taa kɛseɛ bi baa asafo a ɔya Yerusalem he so; na bɛ nyinaa bɔ hwetee Yudea ne Samaria nyinaa. 2 Na mmeema nyamesurofoɔ bi faa Stefano kosiee no, na besuu no pii. 3 Nso Saulo firii aseɛ tuu n’ani sii asafo he so. Owurawuraa afie mu kɔtwee mmaa ne mmeema de bɛ koguu afiase. 4 Na afei bɛ a bɛabɔ ahwete he kyinii asaase he so pae mu kaa asɛmpa he. 5 Filipo kɔɔ Samaria kuro he mu na ofirii aseɛ pae mu kaa Agyenkwa he ho asɛm kyerɛɛ bɛ. 6 Berɛ a nnipakuo he tieeɛ na behuu nsɛnkyerɛnne a Filipo ɔɔyɔ he, bɛde akoma korɔ tiee no. 7 Na nnipa pii wɔ ahonhom fi, na ahonhom fi he de nne kɛseɛ teateam firii bɛ mu firiiɛ. Afei nso, mmubuafoɔ ne mpakye pii nyaa ayaresa. 8 Nti anigyeɛ kɛseɛ baa saa kuro he mu. 9 Afei na beema bi ya kuro he mu a bɛfrɛ no Simon, a na oyi nkonyaa ma Samaria mane he ho dwirii bɛ, na ɔka sɛ ɔyɛ nipa kɛseɛ. 10 Na bɛ nyinaa, firi nkumaa so kosi akɛseɛ so tie no ka sɛ, “Yei ne Nyankopɔn Tumi a bɛfrɛ no Kɛseɛ.” 11 Na bɛyɛɛ dinn tie no efiri sɛ na ɔnam nkonyaa so ama bɛ ho adwiri bɛ akyɛre. 12 Na afei, berɛ a bɛgyee Filipo a na ɔɔka Nyankopɔn ahennie he ho asɛmpa ne Yesu Kristo dini he diiɛ he, ɔbɔɔ bɛ asu, mmaa ne mmeema nyinaa. 13 Mpo Simon nso gye diiɛ. Na bɛbɔɔ no asu wieeɛ he, na ɔtaa ne Filipo nante. Na nsɛnkyerɛnne ne ahoɔdenneɛ a ohuiɛ he yɛɛ no ahodwiri. 14 Na afei asomafoɔ a bɛya Yerusalem tee sɛ Samariafoɔ agye Nyankopɔn asɛm he, bɛsomaa Petro ne Yohane kɔɔ bɛ nkyɛne. 15 Bɛ mmienu he kɔbɔɔ mpaeɛ maa bɛ sɛ bɛ benya Honhom Kronkron he 16 efiri sɛ obesi saa bere he na Honhom he mmaa bɛ mu biaa so; na mmom asu kɛkɛ na na bɛabɔ no Awurade Yesu dini mu. 17 Na afei Petro ne Yohane de bɛ nsa guu bɛ so, na benyaa Honhom Kronkron he. 18 Berɛ a Simon huu sɛ asomafoɔ he nsa a bɛde guu binom so he maa Honhom baa bɛ so he, ɔyɔɔ sɛ ɔɔma bɛ sika. 19 Na ɔkaa sɛ, “Homma me nso saa tumi yi bi sɛ ɔbɛyɛ na nipa biaa a mede me nsa begu ne so he benya Honhom Kronkron he.” 20 Nso Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne wo sika nyinaa nsɛe, efiri sɛ wodwene sɛ wobetumi de sika atɔ Nyankopɔn akyɛdeɛ! 21 Wonni agyapadeɛ anaa kyɛfa ya asɛm yi mu, efiri sɛ w’akoma ntene Nyankopɔn anim. 22 Sakra w’adwene ya saa bɔne a woayɔ yi ho, na srɛ Awurade sɛ, sɛ ɔbeyɛyie a ɔmfa bɔne a woasusu no w’akoma mu he nkyɛ wo. 23 Na maahu sɛ woyɛ anibereɛ paa, na amumuyɔ ahyɛ wo so. 24 Simon buaa sɛ, Honsrɛ Awurade mma me, sɛ na nea hoaka he mu biaa amma me so.” 25 Afei Petro ne Yohane dii adanseɛ na bɛkaa Awurade asɛm wieeɛ he, bɛsane kɔɔ Yerusalem, na bɛkaa asɛm pa he Samaria Nkuraa pii ase. 26 Afei Awurade bɔfoɔ bi ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Sɔre na kɔ anaafoɔ fam hɔ kwane a ofiri Yerusalem kɔ Gaza he.” (Yei yɛ serɛ so kwane). 27 Nti ɔsɔre kɔeɛ. Na hwɛ, Etiopiani panyini bi a odi mu paa di. Na ɔyɛ Etiopiafoɔ hemaa Kandake Fotosanfoɔ. Na waaba Yerusalem akɔsom 28 na ɔte ne teaseɛnam mu ɔɔsane akɔ a ɔɔkenkane diyifoɔ Yesaia nwoma he. 29 Nti Honhom he ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Twe bɛne teaseɛnam yi.” 30 Nti Filipo tuu mirika kɔɔ ho na ɔtee sɛ ɔɔkenkane diyifoɔ Yesaia nwoma he; na obisaa sɛ, “Wote nea wookane yi ase?” 31 Na obuaa sɛ, “Sɛ bi ankyerɛ me a; ɔbɛyɛ dɛ na mate aseɛ?” Na ɔtoo nsa frɛɛ Filipo sɛ ɔmmra teaseɛnam he mu mmɛtena ne nkyɛne. 32 Twerɛsɛm mu nsɛm a na ɔɔkane he di: “Bɛde no baeɛ sɛ dwane a beebeku no, na sɛnea dwammaa tɔ mum nea otwitwa ne ho nwi anim he, wammie n’ano. 33 Berɛ a bɛbrɛɛ no ase he, bebuu no ntɛnkyea. Hwane ne ɔbɛkyerɛ n’abusua? Efiri sɛ bɛafa ne nkwa afiri asaase so kɔ.” 34 Etiopiani panyini he bisaa Filipo sɛ, “Mepa wo kyɛw, hwane ne diyifoɔ yi ɔɔka ne ho asɛm yi? Ɔno ankasa anaa nipa foforɔ?” 35 Na Filipo biee n’ano, na ogyinaa saa twerɛsɛm heaa so kaa Yesu ho asɛm kyerɛɛ no. 36 Na bɛnam kwane so ɔɔkɔ he, beduruu nsuo bi ho. Na Etiopiani he kaa sɛ, “Hwɛ, nsuo di! Ɛɛne ne si me asubɔ ho kwane?” [ 37 Na Filipo kaa sɛ, “Sɛ wode w’akoma nyinaa gye di a adeɛ biaa nsi wo kwane.” Na Etiopiani he kaa sɛ, “Megye di sɛ Yesu Kristo yɛ Nyankopɔn Ba.”] 38 Na Filipo maa teaseɛnam he gyinaeɛ, na Filipo ne Etiopiani panyini he, siane kɔɔ nsuo he mu, na Filipo bɔɔ no asu. 39 Na berɛ a befiri nsuo he mu pieeɛ he, Awurade Honhom hwim Filipo kɔeɛ, na Etiopiani he anhu no bio, na ɔde anigyeɛ kɔɔ ne kwane. 40 Na Filipo kopiee Asdod, na ɔkɔfaa asaase he so toaa so pae mu kaa asɛmpa he kyerɛɛ nkuro he nyinaa kosii sɛ oduruu Kaesarea. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana