Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafoɔ 7 - Apam Foforɔ


Bɛde Stefano kogyinaa badwa he anim

1 Na sɔfo panyini he bisaa sɛ, “Nsɛm yi te saa anaa?”

2 Na Stefano buaa sɛ: “Anuanom ne agyanom, hontie me. Animuonyam Nyankopɔn he yii ne ho adi kyerɛɛ yɛ nana Abraham, berɛ a na ɔya Mesopotamia ansa na ɔɔkɔtena Haran he,

3 na ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Firi w’asaase so ne w’abusua mu na kɔ asaase a mɛkyerɛ wo he so.’

4 Nti firi Kaldeafoɔ asaase so kɔtena Haran. Afei berɛ a ne papa wuiɛ akyi he, Nyankopɔn ma otu bɛtenaa asaase a hote so seesei he so.

5 Nso wamma no bi sɛ n’agyapadeɛ, wannya anammɔno baako mpo, na mmom Nyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma no sɛ agyapadeɛ, na ne wuo akyi he ɔde bɛma n’asefoɔ, nso saa berɛ he na onni ba.

6 Na Nyankopɔn kaa yei ho asɛm sɛ, n’asefoɔ bɛyɛ ahohoɔ binom mane mu, na nkurofoɔ he de bɛ ayɛ nkoa, ateetee bɛ mfie ahannan.

7 Nyankopɔn kaa sɛ, ‘Mebu mane a bɛde bɛ bɛyɛ nkoa he atɛne, na yeinom akyi he, bebefiri hɔ na bɛabɛsom me ha.’

8 Ɔmaa no twetiatwa apam nso; nti ɔwoo Isak, na da ɔtɔ so nwɔtwe he otwaa no twetia, na Isak woo Yakob, na Yakob woo mmusua dummienu he agyanom.

9 “Na saa agyanom he aniberee Yosef, na bɛtɔnoo no kɔɔ Misraim. Nso na Nyankopɔn ka ne ho,

10 na ɔgyee no firii n’ahohiahia nyinaa mu maa no adom ne nyansa wɔ Misraim hene Farao anim. Na ɔpaa no sɛ ɔnhwɛ Misraim ne ne fie nyinaa so.

11 Na afei ɔbaa sɛ kɔm bi baa Misraim ne Kaana asaase nyinaa so, na yei de amaneɛ kɛseɛ baeɛ a na yɛ nananom nya aduane nni.

12 Na Yakob tee sɛ aduane ya Misraim he, ɔsomaa yɛ nananom berɛ a odi kane.

13 Na ne mprenu so he, Yosef yii ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom, na Farao huu Yosef abusua.

14 Nti Yosef soma ma bɛkɔfaa ne papa Yakob ne n’abusua nyinaa firii hɔ baeɛ, nnipa a na bɛ dodoɔ yɛ aduɔson num.

15 Yakob kɔɔ Misraim. Na ɔno ankasa wuiɛ, na yɛ agyanom nso wuwuu saa

16 na bɛde bɛ kɔɔ Sekem kosiee bɛ adamena a Abraham de sika dwetɛ tɔ firii Hamor mma nkyɛne ya Sekem he mu.

17 “Na berɛ ɔɔyɛ aso ama bɔhyɛ a Nyankopɔn de maa Abraham he aba mu he, yɛ nkurofoɔ he dɔre yɛɛ bebree ya Misraim

18 kosii sɛ hene foforɔ bedii adeɛ Misraim a na onnim Yosef.

19 Ɔno ne de anifire dii yɛ abusua na ɔhyɛɛ yɛ nananom sɛ bɛnto bɛ mmɔfra ngu ma benwuwu.

20 Saa berɛ heaa ne bɛwoo Mose, na ne ho ɔfɛ paa. Na bɛtetee no bosome mmeɛnsa ne papa fie

21 na begyae no hɔ he, Farao babaa faa no tetee no sɛ n’ankasa ba.

22 Na bɛkyerɛɛ Mose Misraim nyansa nyinaa. Na ɔwɔ tumi ne kasa ne nnwuma mu.

23 “Na odii mfie aduannan he, ɔyɔɔ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akɔhwehwɛ ne nuanom, Israelfoɔ he.

24 Na ohuu sɛ Misraimni bi ɔɔyɔ Israelni bi bɔne he, ɔgyee Israelni he ti, na okuu Misraimni he de yɛɛ aweretɔ maa Israelni a na ɔɔyɔ no bɔne he.

25 Osusuu sɛ ne nuanom behu sɛ Nyankopɔn nam ne so ɔɔgye bɛ, nso bɛanhu no saa.

26 Na adeɛ kyeeɛ he ɔkɔtoo Israelfoɔ binom sɛ bɛɛko, na ɔbɔɔ mmɔdene sɛ ɔbɛka bɛ abom bio ama asomdwie aba bɛ ntam, na ɔkaa sɛ, “Mmeema, ho yɛ anuanom. Mmɛ nti ne hoyɔ ho ho bɔne yi?”

27 Na nea ɔɔyɔ ne yɔnko bɔne he summ no kaa sɛ, “Hwane ne yii wo sɛ yɛ sodifoɔ ne temufoɔ?”

28 Wopɛ sɛ woku me sɛ wokuu Misraimni he nnora he anaa?

29 Na Mose tee yei he, odwane kɔeɛ na ɔkɔyɛɛ hɔhoɔ Midian asaase so, na hɔ ne ɔwoo mma mmeema mmienu.

30 “Na mfie aduannan akyi he, bɔfoɔ bi yii ne ho kyerɛɛ no Sinai Bepɔ serɛ he so, nwura bi a ɔɔdɛre mu.

31 Mose huiɛ he, ɔyɛɛ no nwanwa. Na ɔtwe pinii ho sɛ ɔɔkɔhwɛ he, Awurade kasaa sɛ:

32 “Me ne wo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn.” Mose ho hyɛɛ aseɛ sɛ ɔɔpopo nti wannya akokoɔduro sɛ ɔɔkɔ so ahwɛ adekorɔ he bio.

33 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Worɔ wo mpaboa, na baabi a wogyina he yɛ kronkron.

34 Nɔkwasɛm ne sɛ, maahu amaneɛ a me nkurofoɔ a bɛya Misraim he oohu; na maate bɛ apinisie, na maaba sɛ meebɛgye bɛ. Afei bra, na mensoma wo nkɔ Misraim.”

35 “Ɔyɛ saa Mose yi ne bɛpoo no berɛ a bɛkaa sɛ, Hwane ne yii wo sɛ yɛ sodifoɔ ne temufoɔ?” Ɔno ne afei deɛ Nyankopɔn nam bɔfoɔ a oyii ne ho adi kyerɛɛ no nwuram hɔ he so ɔɔsoma no sɛ sodifoɔ ne gyefoɔ he.

36 Oyii bɛ, na ɔyɔɔ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne pii Misriam, Mmɛwa Po he mu ne serɛ he so mfie aduannan.

37 Saa Mose yi ne ka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Nyankopɔn beyi diyifoɔ bi a ɔte sɛ me afiri ho nuanom mu ama ho.’

38 Mose yiaa ne na ɔka bɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ no Bepɔ Sinai so he ho a ɔbaa asafo he mu ne yɛ nananom nkyɛne serɛ so he, na onyaa nkwa nsɛm kronkron a ɔde bɛma ho.

39 Yɛ nananom anyɛ setie ama no, na mmom bɛpoo no, na bebenya a na nka bɛ ya Misraim,

40 na bɛka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Yɛ abosom ma yɛ ma benni yɛ anim. Na Mose yi a odii yɛ anim firi Misraim asaase so he, yennim nea ato no.”

41 Nti ɔyɔɔ nantwie ba honyini bi, na bɛbɔɔ afɔdeɛ maa no. Na bɛgyee bɛ ani bɛ nsa ano nnwuma ho.

42 Na Nyankopɔn yii n’ani firii bɛ so, na ogyae bɛ ma bɛsom soro asafo, sɛnea bɛatwerɛ adiyifoɔ he nwoma mu he sɛ: ‘O Israel fie, ɔyɛ me ne hode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ braa me serɛ so mfie adaduannan he?

43 Daabi, mmom hofaa Molok ntomadane ne ho bosom Refan nsoromma, ahonyini a hoyɔeɛ sɛ hobɛsom bɛ; nti meyi ho akɔ Babel akyi nohoa.’

44 “Yɛ nananom nyaa adanseɛ ntomadane he serɛ he so, sɛnea ɔhyɛɛ Mose berɛ a ɔɔkasa akyerɛ no sɛ ɔnyɔ no sɛ nhwɛsodeɛ a ohuiɛ he.

45 Na yɛ nananom nsa kaa saa ntomadane yi he, bɛne Yosua de baa amanamane a Nyankopɔn pamoo bɛ firii yɛ nananom anim he asaase so. Na bɛkora noaa de besii Dawid a,

46 onyaa Nyankopɔn anim adom na obisaa akwannya a ɔde besi tenabea ama Israel Nyankopɔn, he berɛ so.

47 Nso ɔyɛ Salomo ne sii fie maa no.

48 Na asɛm he ne sɛ, Sorosoroni he nte fie a bɛde nnipa nsa ayɔ mu, sɛnea diyifoɔ he kaa sɛ,

49 ‘Soro yɛ m’ahennwa, na asaase yɛ me nane ntiasoɔ. Mmɛ fie ne hobesi ama me, Awurade ne aka, anaa he ne me homebea?’

50 Ɔnyɛ me nsa ne yɔɔ nnoɔma yi nyinaa anaa?

51 “Nnipa a hoasene ho kɔno, ho a bentwaa ho akoma ne ho aso twetia, hoko tia Honhom Kronkron daa te sɛ ho agyanom yɔeɛ he.

52 Adiyifoɔ he mu hwane ne ho agyanom antaa no? Bekuu bɛ a bɛhyɛɛ nkɔm faa Kronkronni he mmaeɛ ho, na afei hoayi no ama bɛaku no.

53 Hone honyaa mmara he sɛnea abɔfoɔ de maeɛ he, nso hoanni so.

54 Bɛtee yeinom he ɔwowɔɔ bɛ akoma mu na bɛ ani beree paa tia Stefano.

55 Nso esiane sɛ Honhom Kronkron ahyɛ ne ma nti, ɔhwɛɛ soro gyee huu Nyankopɔn animuonyam ne Yesu sɛ ogyina Nyankopɔn nsa nifa,

56 na ɔkaa sɛ, “Hwɛ! Mehu sɛ soro abie a Nipa Ba he gyina Nyankopɔn nsa nifa.”

57 Na bɛteateam dendene, de bɛ nsa sisii bɛ aso, na bɛ nyinaa gyee twi kɔɔ no so.

58 Na bɛde no firii kuro he mu he, befirii aseɛ sii no aboɔ. Na adansefoɔ he de bɛ ntaadeɛ ngugusoɔ guu abranteɛ bi a bɛfrɛ no Saulo nane ase.

59 Na begu so oosi no aboɔ he ɔsrɛɛ sɛ, “Awurade Yesu, gye me honhom.”

60 Afei, obuu nkotodwe de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Awurade, mmu bɔne yi ntia bɛ.” Na ɔkaa saa he ogyaam.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan