Asomafoɔ 5 - Apam FoforɔTorɔdie ho asotwee 1 Na beema bi a ɔde Anania, ne ne yerɛ Safira nso tɔnoo bɛ asaase bi. 2 Na Anania yii sika a benyaeɛ he bi sieeɛ a na ne yerɛ nso nim ho bi, na bɛde nkaeɛ he bɛhyɛɛ asomafoɔ he nsa. 3 Petro bisaa sɛ, “Anania, ɛɛne nti ne Satan apirim w’akoma sɛ yi sika a wonyaeɛ firi asaase he tɔno he mu bi sie na bedi torɔ kyerɛ Honhom Kronkron? 4 Berɛ a asaase he ya wo nsam he, na ɔnyɛ wo dea? Na wotɔnoeɛ he nso, na ɔnna so nyɛ wo dea anaa? Mmɛ nti na wobɔɔ pɔ a ɔte saa w’akoma mu? Nyankopɔn ne woadi torɔ akyerɛ no, na mmom ɔnyɛ nnipa.” 5 Anania tee asɛm he, ɔhwee ase wuiɛ. Na hu kɛseɛ bɔɔ bɛ a bɛteeɛ he nyinaa. 6 Na mmaranteɛ he sɔre de ntoma kyekyeree no, na bɛsoaa no firii adi kosiee no. 7 Afei bɛyɛ nnɔnhwere mmeɛnsa akyi he, ne yerɛ baeɛ a na onnim nea asi. 8 Petro bisaa no sɛ, “Ka kyerɛ me, hotɔnoo asaase he de gyee saa boɔ yi anaa?” Na obuaa sɛ, “Ɛɛ, saa ne yɛ tɔnoo no.” 9 Na afei Petro bisaa no sɛ, “Mmɛ nti ne ho mmienu ayɔ ho adwene sɛ ho bɛsɔ Nyankopɔn Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, bɛ a bekosiee wo kunu he anammɔno ne ya pono ano he, saa ne bɛbɛsoa wo nso akɔ.” 10 Amonom hɔaa ɔhwee Petro nane ase wuiɛ. Na mmeranteɛ he baeɛ a behuu sɛ wawu he, bɛfaa no firi adi kosiee no ne kunu he nkyɛne. 11 Na hu kɛseɛ bɔɔ asafo he ne bɛ a bɛteeɛ nyinaa. Anwanwadeɛ ahodoɔ 12 Bio nso, Nyankopɔn nam asomafoɔ he so yɔɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ bebree nnipa he mu, na na bɛ nyinaa de akoma koro ya Salomo abranaa he so. 13 Na nnipa a aka he mu biaa annya akokoɔduro amfa ne he ammɔ bɛ; nso nkurofoɔ de anidie kɛseɛ maa bɛ. 14 Na afei, afei, nea ɔkyɛne so ne sɛ mmeema ne mmaa pii a bɛagye Awurade adi he bɛkaa bɛ ho. 15 Na bɛde ayarefoɔ baa abɔntene bɛtotoo mpa ne kɛtɛ so sɛnea ɔbɛyɛ a anyeyie koraa he, sɛ Petro ootwam a ne sunsum bɛtɔ bɛ mu bi so. 16 Afei nnipa pii firi nkuro a atwa Yerusalem ho ahyia he mu nso de ayarefoɔ ne bɛ a ahonhom fi ha bɛ baeɛ, na bɛsaa bɛ nyinaa yadeɛ. 17 Na sɔfo panyini he ne bɛ a bɛka ne ho nyinaa, Sadukifoɔ fekuo a na bɛya hɔ saa bere he sɔreeɛ, na ahoɔyea a ahyɛ bɛ ma nti, 18 bɛkyee asomafoɔ he de bɛ guu afiase. 19 Na anadwo he, Awurade bɔfoɔ bi biee afiase apono he de bɛ firii adi kaa sɛ, 20 “Honkɔ, na honkogyina asɔrefie hɔ, nkɔka nkwa yi ho nsɛm nyinaa nkyerɛ nkurofoɔ he.” 21 Na bɛtee yei he, bɛkɔɔ asɔredane he mu ahemakye, na bɛkɔɔ so kyerɛkyerɛeɛ. Na sɔfo panyini he ne bɛ a bɛka ne ho he beduruiɛ he, bɛfrɛɛ abadwakuo he ne Israel mpanyimfoɔ nyinaa behyiaeɛ, na bɛsoma ma bɛkɔɔ afiase hɔ sɛ bɛnkɔfa bɛ mmra. 22 Nso bere a awɛmfoɔ he duruu hɔ he, bɛanhu bɛ afiase hɔ. Nti bɛsane kɔbɔɔ amanneɛ sɛ, 23 “Yɛahu sɛ bɛatoto afiase apono he nyinaa mu dendenndene a awɛmfoɔ he gyinagyina apono he ano, nso yebieɛ he yɛanhu biaa hɔ.” 24 Na afei bere a asɔrefie hwɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he tee nsɛm yi he, bɛ adwene mu yɛɛ bɛ kesenenee; na na bennim baabi a nsɛm yi bɛkɔ akowie. 25 Afei nipa bi bɛbɔɔ bɛ amanneɛ sɛ, “Hwɛ! Mmeema a hode bɛ guu afiase he ya asɔrefie hɔ, na begyinagyina hɔ ɔɔkyerɛkyerɛ nkurofoɔ he.” Petro dii wursɔreɛ ho adanseɛ 26 Nti asɔrefie hwɛfoɔ he ne n’awɛmfoɔ kɔfaa bɛ baeɛ, nso bɛanyɔ bɛ gidigidi, efiri sɛ na besuro sɛ nkurofoɔ he besi bɛ aboɔ. 27 Afei bɛde bɛ begyinaa Yudafoɔ abadwakuo kɛseɛ a bɛfrɛ no Sanhedrin he anim. Na sɔfo panyini he bisabisaa bɛ nsɛm 28 na ɔkaa sɛ, “Yɛanhyɛ ho ketee sɛ honyina saa dini yi so nkyerɛkyerɛ? Na afei ɔyɛɛ dɛ ne hode ho nkyerɛkyerɛ yi ahyeta Yerusalem nyinaa, na hoabɔ ho tim pɔ sɛ hode nipa yi mogyaa bebua yɛ atifi.” 29 Petro ne asomafoɔ a bɛaka he buaa sɛ, “Ɔsɛ sɛ yetie Nyankopɔn mmom sene nnipa. 30 Yɛ agyanom Nyankopɔn nyanee Yesu a hosɛne no asennua so, na hokuu no he. 31 Saa nipa yi ne Nyankopɔn maa no so sɛ Safohene ne Agyenkwa kɔɔ ne nsa nifa so, sɛ ɔmma Israel nnya adwensakra ne bɔne fakyɛ. 32 Na yɛyɛ nsɛm he ho adansefoɔ, na Honhom Kronkron a Nyankopɔn de ama bɛ a betie no he nso di adanseɛ.” 33 Berɛ a bɛtee yei he, ɔwɔɔ bɛ yie na bɛpɛɛ sɛ beku bɛ. 34 Nso Farisini bi a bɛfrɛ no Gamaliel a ɔyɛ mmarakyerɛni a nkurofoɔ he nyinaa de anidie ma no, sɔre gyinaa Sanhedrin he anim, na ɔhyɛɛ sɛ bɛmfa mmeema he mfiri adi kakra. 35 Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Israel mmeema, honhwɛ ho ho yie nea hoayɔ ho adwene sɛ hode bɛyɔ nnipa yi ho. 36 Hwɛ, berɛ bi a atwam he Teuda sɔre kaa sɛ “Meyɛ dikanfoɔ titire bi”, na mmeema a bɛ dodoɔ bɛyɛ ahanan kɔkaa ne kuo he ho. Nso bekuu no, na bɛ a betiee no nyinaa bɔhweteeɛ ma ne kuo he guiɛ. 37 Ɔno akyi he, Galileani bi a ɔde Yuda nso sɔree nna a bɛtwerɛtwerɛ dini he mu, na ɔtwee nnipa dii n’akyi. Ɔno nso wuiɛ, na n’akyidifoɔ he nyinaa hweteeɛ. 38 Nti me deɛ, nea mewɔ ka fa nea asisi yi ho ne sɛ, hommfa ho ho nhyehyɛ bɛ nsɛm mu, na honyaa bɛ, efiri sɛ, sɛ agyinatuo anaa adwuma yi firi nnipa a obegu; 39 nso sɛ ofiri Nyankopɔn a hontumi ntu bɛ ngu koraa. Anyɛ saa ɔbɛyɛ sɛnea ho ne Nyankopɔn ankasa ɔɔko. Bɛgyee ne nsusuiɛ he toom!” 40 Na bɛfrɛɛ asomafoɔ he baeɛ, na betwaa bɛ mmaa. Na bɛhyɛɛ bɛ sɛ bɛmmɔ Yesu dini nka asɛm bio, na begyae bɛ. 41 Befirii Sanhedrin he anim kɔeɛ, na bɛ ani gyee sɛ Yesu dini nti bɛfata sɛ begu bɛ anim ase. 42 Na bɛkɔɔ so kyerɛkyerɛeɛ, kaa Kristo Yesu ho asɛmpa ya asɔrefie ne afie afie mu daa a bɛannyae. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana