Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafoɔ 4 - Apam Foforɔ

1 Afei berɛ a Petro ne Yohane ɔɔkasa akyerɛ nkurofoɔ he, asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne asɔrefie hwɛfoɔ he ne Sadukifoɔ he baa bɛ so,

2 na bɛ bo afu sɛ asuafoɔ he nam Yesu wusɔreɛ he ɔɔkyerɛkyerɛ nkurofoɔ he wusɔreɛ ho asɛm.

3 Nti bɛkyee bɛ kɔtoo afiase ma adeɛ kyeeɛ, efiri sɛ na adeɛ asa dada.

4 Na bɛ a bɛtee asɛm a Petro ne Yohane kaeɛ he mu bebree gye diiɛ, na bɛ dodoɔ bɛyɛ mpemnum.

5 Adeɛ kyeeɛ he, bɛ atumfoɔ ne mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he hyiaam Yerusalem,

6 a na sɔfo panyini Anas, ne Kaiafa, ne Yohane ne Aleksandro, ne bɛ mu pii a na bɛyɛ sɔfo panyini he abusuafoɔ nso ka ho.

7 Na bɛde Petro ne Yohane begyinaa bɛ mfimfini firi aseɛ bisabisaa bɛ sɛ: “Mmɛ tumi ne hode yɔɔ yei anaa hwane dini mu ne hoyɔɔ saa?”

8 Na Petro a Honhom Kronkron he ahyɛ no ma he kaa sɛ, “Mane atumfoɔ ne mpanyimfoɔ,

9 sɛ nnɛ hogyina papa a yɛayɔ ama yarefoɔ yi so ɔɔhwehwɛ yɛ nsɛm mu ahu nea ɔnam ne so ama beema yi ho atɔ no a,

10 hedeɛ ho ne nnipa a hoya Israel nyinaa nhu sɛ ɔnam Nasareni Yesu Kristo a hobɔɔ no asennua mu a Nyankopɔn nyane no firii awufoɔ mu he dini so ne saa beema yi nyaa ayaresa.

11 Saa Yesu yi ne, boɔ a ho adansifoɔ poo no a wabɛyɛ tweaso ti boɔ he.

12 Nkwagyeɛ nni bi foforɔ mu, efiri sɛ dini foforɔ biaa nni soro anaa asaase so a bɛde ama nnipa sɛ bɛmfa so nye yɛ nkwa ka Yesu dini ho.”

13 Na behuu sɛnea Petro ne Yohane kasa akokoɔduro so he, na behuu sɛ bɛyɛ nnipa a bensuaa nwoma na bɛyɛ mpapahwekwaa he, ɔyɛɛ bɛ nwanwa. Na behuu sɛ na bɛne Yesu ne nanteeɛ.

14 Na bɛhwɛɛ nipa a bɛasa no yareɛ he sɛ ogyina Petro ne Yohane nkyɛne he, bɛanya hwee anka antia bɛ.

15 Na bɛhyɛɛ bɛ sɛ bemfiri dwa he mu mfiri adi, na betuu agyina.

16 Na bɛkaa sɛ, “Ɛɛne ne yɛbɛyɔ nnipa yi? Na nsɛnkyerɛnne a ɔnam bɛ so aba he ada adi ya bɛ a bɛte Yerusalem nyinaa anim; na yentumi nnye ho akyinnye.

17 Na sɛ ɔbɛyɔ na ɔnkɔ so nterɛ nnipa he mu nti, homma yɛmmara bɛ sɛ bɛnnka dini yi ho asɛm nkyerɛ nipa biaa bio.”

18 Nti bɛfrɛɛ bɛ hyɛɛ bɛ sɛ bɛnnka asɛm na bɛnkyerɛkyerɛ Yesu dini mu baabiaa.

19 Nso Petro ne Yohane buaa bɛ sɛ, “Sɛ ɔtene Nyankopɔn anim sɛ yetie ho sene Nyankopɔn a, ho ankasa hommua.

20 Na yɛ mmom deɛ, nea yɛate na yɛahu he, yentumi nnyae ho asɛm ka da.”

21 Na behunahunaa bɛ bio he, begyae bɛ esiane sɛ bɛannya bibiaa a bebegyina so atwe bɛ aso ɔnam nkurofoɔ he nti, efiri sɛ, na nkurofoɔ he nyinaa ɔɔhyɛ Nyankopɔn animuonyam ya nea asi he ho.

22 Na beema a bɛnam anwanwakwane so saa no yadeɛ he adi boro mfie aduannan.


Asafo he mpaebɔ

23 Begyae bɛ he, bɛkɔɔ bɛ mfɛfoɔ nkyɛne kɔkaa nea sɔfopanyini ne mpanyimfoɔ he ka kyerɛɛ bɛ he kyerɛɛ bɛ.

24 Bɛtee yei he bɛde akoma korɔ maa bɛ nne so bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Nyame Tumfoɔ, wo ne wobɔɔ soro ne asaase, po ne mu nnoɔma nyinaa,

25 na wonam Honhom Kronkron so faa yɛ nana Dawid a ɔyɛ w’akoa so kaa sɛ: ‘Ɛɛne nti ne Amanamane yɛ gyegyeegye na nkurofoɔ susu ade hunu?

26 Asaase so ahemfo sɔre gyina, na atitire hyiaa faako sɔre tia Awurade ne ne Kristo he.’

27 Na Herode ne Pontio Pilato ne amanamane mufoɔ ne Israelfoɔ ka boom tiaa w’akoa kronkron Yesu a woasra no

28 sɛ ɔmmɛyɔ nea wo nsa ne wo agyina ahyɛ ato hɔ sɛ ɔbɛba he.

29 Na afei, Awurade, hwɛ bɛ ahunahuna, na ma wo nkoa mfa akokoɔduro nyinaa nka w’asɛm,

30 berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoa kronkron Yesu dini so yɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ yi.”

31 Berɛ a bewiee mpaebɔ he, baabi a behyiaam he wosoeɛ, na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa mama na bɛde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm he.


Asafo mu anuadɔ

32 Na afei bɛ a bɛgye diiɛ he mu bebree akoma ne bɛ kra yɛɛ baako, na bɛ mu biaa nka sɛ ne nnoɔma a ɔwɔ yɛ ɔno nkoaa ne dea, na mmom bɛ nnoɔma nyinaa yɛ kwasafodeɛ.

33 Asomafoɔ he de tumi kɛseɛ dii adanseɛ faa Awurade Yesu wusɔreɛ he ho, na adom kɛseɛ baa bɛ nyinaa bɛ so.

34 Bɛ mu biaa nni hɔ a na bibi hia no, efiri sɛ na bɛ a bɛwɔ nsaase anaa afie he nyinaa tɔno de nea benya he ba

35 bɛhyɛ asomafoɔ he nsa ma bɛkyekyɛ ma biaa sɛnea n’ahiadeɛ teɛ.

36 Nti Yosef a asomafoɔ he too ne dini Barnaba, a asekyerɛ ne Futufoɔ, Lewini a ofiri Kipro,

37 a ɔwɔ asaase bi he, tɔno de sika he bɛhyɛɛ asomafoɔ he nsa.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan