Asomafoɔ 3 - Apam Foforɔ1 Da koro bi, ɔɔkɔ bɔ awia nnɔn mmeɛnsa, mpaebɔ berɛ he, Petro ne Yohane siim sɛ bɛɛkɔ asɔrefie. 2 Na nkurofoɔ so beema bi a bɛwoo no he na ɔyɛ bubuani; na daa bɛde no ba asɔrefie pono a bɛfrɛ no Pono Fɛɛfɛ he ano ma no bɛsrɛ bɛ a bɛɛkɔ asɔrefie hɔ he hɔ sika. 3 Berɛ a ohuu Petro ne Yohane sɛ bɛɛkɔ asɔrefie hɔ he, ɔsrɛɛ sɛ bɛnkyɛ no sika. 4 Nso Petro ne Yohane hwɛɛ no gyee; na Petro kaa sɛ “Hwɛ yɛ.” 5 Nti ɔhwɛɛ bɛ susuu sɛ obenya bibi afiri bɛnkyɛne. 6 Nso Petro kaa sɛ, “Sika anaa dwetɛ deɛ menni bi, na mmom nea mewɔ ne mede ma wo yi; sɔre nante Yesu Kristo, Nasareni he, dini mu.” 7 Nti ɔsɔɔ ne nsa nifa maa no so. Na amonom hɔaa ne nane ne ne nanpɔ so yɛɛ dene. 8 Ohuri gyinaeɛ, na ofirii aseɛ nanteeɛ, na ɔne bɛ kɔɔ asɔrefie hɔ a na oohurihuri na ooyi Nyankopɔn ayɛ. 9 Nnipa he nyinaa huu no sɛ ɔɔnante na ooyi Nyankopɔn ayɛ, 10 na behuu sɛ ɔyɛ ɔno ne na ɔtena Pono Fɛɛfɛ he ano srɛsrɛ sika he, na nea asi he yɛɛ bɛ nwanwa ne ahodwiri. 11 Berɛ a beema he kita Petro ne Yohane mu he, nnipa a bɛya hɔ he nyinaa de ahodwiri tuu mmirika kɔɔ bɛ nkyɛne bea bi a bɛfrɛ hɔ Salomo abranaa so. 12 Na Petro huu yei he, ɔka kyerɛɛ nkurofokuo he sɛ, “Israel mmeema, ɛɛne nti ne yei yɛ ho nwanwa, mmɛ nti ne hoohwɛ yɛ haa te sɛ nea yɛnam yɛ ankasa yɛ tumi anaa yɛ tenenee so ne ama beema yi anante yi? 13 Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakobo Nyankopɔn, yɛ nananom Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Yesu animuonyam, nea ho deɛ, hoyii no maeɛ, na hopaa no Pilato anim, berɛ a Pilato sii gyinaeɛ sɛ obegyaa no he. 14 Na hopoo Kronkronni ne Hoteeni he, na hosrɛɛ sɛ bennyae wudini he ma ɔnkɔ. 15 Na hokuu nkwa Farebae he, nea Nyankopɔn nyanee no firii awufuom he. Yɛyɛ yei ho adansefoɔ. 16 Nti gyidie a yɛwɔ ya ne dini mu ne ama beema a hohu no na honim no yi anya ahoɔdene, na Yesu mu gyidie ne ama beema yi ho atɔ no korakora ya ho nyinaa ho anim yi. 17 “Afei anuanom, menim sɛ nim a honnim nti ne hoyɔɔ sɛnea ho atumfoɔ yɔɔeɛ he. 18 Nso Nyankopɔn nam saa kwane yi so ama nnoɔma a ɔnam adiyifoɔ he so kaeɛ he aba mu sɛ, ne Kristo he behu amane. 19 Nti ho nsakra ho adwene, na hommra Nyankopɔn nkyɛne na wapopa ho bɔne, 20 na ayɛ ahotɔ nna afiri Awurade nkyɛne aba, na wasoma nea bɛayi no asi hɔ ama ho dada he, Yesu, Kristo he 21 a ɔsɛ sɛ ɔtena soro kosi berɛ a bebesiesie nnoɔma nyinaa sɛnea Nyankopɔn nam n’adiyifoɔ kronkron he so firi teteete aka he. 22 Mose kaa sɛ, ‘Awurade ho Nyankopɔn beyi diyifoɔ a ɔte sɛ me afiri ho nuanom mu ama ho. Ɔsɛ sɛ hotie nea ɔbɛka akyerɛ ho nyinaa. 23 Na ɔbɛba sɛ, biaa a ontie saa diyifoɔ he, bɛbɛsɛe no koraa afiri mane he mu.’ 24 Na adiyifoɔ a bɛakasa he, ofiri Samuel ne bɛ a bɛbaa n’akyi, nso hyɛɛ saa nna yi ho nkɔm. 25 Hoyɛ adiyifoɔ he ne apam a Nyankopɔn ne ho agyanom pameeɛ he mma, sɛnea ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘W’aseni so ne bɛbɛfa ahyira asaase so mmusua nyinaa he.’ 26 Berɛ a Nyankopɔn somaa n’Akoa he, ho nkyɛne ne ɔmaa no baa kane sɛ ɔmmɛdane ho nyinaa mfiri ho nneyɔeɛ bɔne ho na onhyira ho.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana