Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafoɔ 28 - Apam Foforɔ


Paulo ya Malta supɔ so

1 Berɛ a yekoduruu dwodwo he, yehuu sɛ bɛfrɛ supɔ he Malta.

2 Na nnipa a bɛya hɔ he yɛ pɔtɔfoɔ; na bɛdaa ayamyɛ sononko adi kyerɛɛ yɛ. Na nsuo a na ɔɔtɔ ne awɔ a na ɔyam nti, bɛsɔɔ gya maa yɛ de gyee yɛ nyinaa fɛ so.

3 Nso berɛ a Paulo boaboaa mmabaa bi ano a na ɔde oogu gya he mu he, ɔnam hyeɛ a na ofiri gya he mu ɔɔba nti, wɔ bi firii mmabaa he mu bɛto momanee ne nsa ho.

4 Berɛ a pɔtɔfoɔ he ani bɔɔ wɔ he so sɛ ɔsɛne ne nsa ho he, bɛka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Akyinnye biaa nni hɔ sɛ nipa yi yɛ wudifoɔ, na ɔyam sɛ waafiri po he mu afiri dwoodwoo deɛ, nso aweretɔ nti, ɔmma sɛ obenya ne ti adidi mu.”

5 Nso Paulo petee wɔ he too gya he mu a hwee anyɔ no.

6 Na bɛ deɛ, na bɛhwɛ kwane sɛ ɔɔbɛhonhono anaa oobetwa ahwe awu amonom hɔaa. Berɛ a bɛtwɛne berɛ tentene a bɛanhu sɛ bɔne bi ato no he, bɛsesaa bɛ adwene firii aseɛ kaa sɛ ɔyɛ nyame.

7 Afei na supɔ he so kunyini a bɛfrɛ no Publio he wɔ nsaase ya mpɔtamu hɔ. Na ɔgyee yɛ fɛ so de nnansa som yɛ hɔhoɔ fɛ so.

8 Nso ɔbaa sɛ na Publio papa da hɔ a abunu ne konkoriwa akye no, na Paulo kɔɔ ne nkyɛne kɔbɔɔ mpaeɛ de ne nsa guu ne so saa no yadeɛ.

9 Yei akyi he, supɔ he so nnipa a aka a bɛwɔ nyarewa nso firii aseɛ baa ne nkyɛne maa ɔsaa bɛ yadeɛ.

10 Na bɛ nso bɛde akyɛdeɛ pii dii yɛ ni, na berɛ a yeefiri hɔ akɔ he, bɛmaa yɛ nnoɔma pii a ho behia yɛ.


Paulo koduruu Roma

11 Abosome mmeɛnsa akyi he, yɛforoo hyɛne bi a ofiri Aleksandria a obedii awɔberɛ supɔ he so a n’agyinahyɛdeɛ ne “Po so Abosom Ntaafoɔ”.

12 Na yekogyinaa Sirakuse dii hɔ nnansa,

13 hɔ ne yefiri kontono koduruu Regio. Na da a odi hɔ he, anaafoɔ mframa bi bɔeɛ, na ne nnanu so he yekoduruu Puteoli.

14 Yehuu agyidifoɔ bi ya hɔ, na bɛsrɛɛ yɛ sɛ yɛntena bɛ nkyɛne nnanson. Na afei yɛkɔɔ Roma.

15 Na agyidifoɔ tee yɛ nka he, befirii hɔ behyiaa yɛ Apia Dwa so ne bea bi a bɛfrɛ hɔ Nsadane-Mmeɛnsa, na Paulo ani bɔɔ bɛ so pɛ na ɔdaa Nyankopɔn ase na otwaa n’akoma too ne yam.

16 Afei berɛ a yɛkɔɔ Roma he, bɛmaa Paulo kwane maa ɔno nkoaa kɔtenaeɛ, na na sraani a ɔwɛne no ka ne ho.


Paulo ne Yudafoɔ mpanimfoɔ nkɔmmɔbɔ

17 Nso, nnansa akyi he, ɔfrɛfrɛɛ Yudafoɔ he mu atitire he ma bebehyiaeɛ. Berɛ a behyiaeɛ he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Anuanom, ɔyam sɛ menyɔɔ bibiaa a otia manfoɔ anaa yɛ nananom amanneɛ deɛ, nso bɛde me hyɛɛ Romafoɔ nsa sɛ deduani ya Yerusalem.

18 Na berɛ a bɛhwehwɛɛ asɛm he mu wieeɛ he, na bɛpɛ sɛ begyaa me efiri sɛ na menyɛɛ hwee a ɔsɛ wuo.

19 Na pene a Yudafoɔ he ampene so he nti, mede asɛm he kɔdane Kaesare, na ɔnyɛ sɛ ebia mewɔ bibi a mede ɔɔbɔ me mane soboɔ.

20 Nɔkwasɛm ne sɛ, asɛm yi ho nti ne mesrɛɛ sɛ mepɛ sɛ mehu ho ne ho kasa, efiri sɛ Israel anidasoɔ nti ne bɛagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn yi.”

21 Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Yennyaa wo ho krataa biaa mfirii Yudea, na anuanom a bɛaba he mu biaa mmɛbɔɔ amanneɛ, na bɛmmɛkaa wo ho nsɛmmɔne biaa.

22 Nso yesusuu sɛ, ɔyɛ sɛ yebetie w’adwene, efiri sɛ, nɔkwasɛm di, yenim sɛ bɛkasa tia saa fekuo yi baabiaa.”


Paulo kaa asɛm ya Roma

23 Bɛhyɛɛ da a bebehyia he wieeɛ he, nnipa pii baa baabi a na ɔda he. Na ɔkɔkyerɛɛ asɛm he mu kyerɛɛ bɛ dii Nyankopɔn ahennie he ho adanseɛ, na ɔnam Mose mmara ne Adiyifoɔ he so kaa Yesu ho asɛm a ɔtɔ asom, firi anɔpa kosi anwummerɛ.

24 Na binom gyee nea ɔkaeɛ he diiɛ, binom nso annye anni.

25 Na osiane sɛ na bɛ adwene nhyia nti, befirii aseɛ sɛ bɛɛkɔ, na Paulo de asɛm yi kaa ho sɛ, “Honhom Kronkron faa diyifoɔ Yesaia so kaa no yei kyerɛɛ ho nananom sɛ:

26 ‘Kɔ na kɔka kyerɛ mane yi sɛ: Te deɛ, hobɛte nso honte aseɛ na hwɛ deɛ hobɛhwɛ nso honhu,

27 efiri sɛ mane yi akoma apirim, na bɛde bɛ aso tie kwa, na bɛakata bɛ ani, na bɛamfa bɛ ani anhu, amfa bɛ aso antie, na bɛamfa bɛ akoma ante aseɛ na bɛansakra amma mansa bɛ yadeɛ.’

28 Nti honhu sɛ bɛasoma nea Nyankopɔn nam so gye nkwa he kɔ Amanamane mu, na kwane biaa so, bebetie.”

29 [Na ɔkaa yei nyinaa wieeɛ he, Yudafoɔ he firii hɔ kɔeɛ na bɛgyegyee akyinnye bɛ mu.]

30 Ɔtenaa hɔ mfie mmienu a na ɔnoaa hwɛ ne ho. Na ɔgyee bɛ a bɛbaa ne nkyɛne nyinaa fɛ so,

31 na ɔkaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm de nnamyɛ kɛseɛ kyerɛkyerɛɛ bɛ Awurade Yesu Kristo ho nsɛm a bibiaa ansi ho kwane.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan