Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafoɔ 27 - Apam Foforɔ


Paulo sii mu kɔɔ Roma

1 Na afei besii gyinaeɛ wieeɛ sɛ yɛnkɔ Italia he, bɛde Paulo ne nneduafoɔ bi hyɛɛ panyini bi a ne dini de Yulio a ofiri Roma Tumfoɔ asraafoɔ kuo he mu nsa.

2 Yɛkɔtenaa Adramitio hyɛne bi a na ɔɔkɔ Asia fam he mu. Na Makedoniani Aristarko a ofiri Tesalonika he ka yɛ ho.

3 Adeɛ kyeeɛ he, yekoduruu Sidon. Yulio yii dɔ adi kyerɛɛ Paulo sɛ ɔmaa ne kwane maa no kɔsraa ne nnamfo sɛnea ɔbɛyɛ a bɛbɛma no nnoɔma a ho hia no he.

4 Esiane sɛ yetuu hɔ he, na mframa ɔɔbɔ hyia yɛ nti, yɛka kɔɔ Kipro nifa fam.

5 Yɛnam po so kɔfaa Kilikia ne Pamfilia koduruu Mira a ɔya Likia mantam mu he mu.

6 Hɔ ne asraafoɔ panyini he huu hyɛne bi a ofiri Aleksandria ɔɔkɔ Italia. Nti ɔde yɛ kɔtenaa mu.

7 Hyɛne he kɔɔ bɔkɔɔ ma yedii nna pii ya po he so. Yɛbrɛeɛ ansa na yeeduru Kinido. Esiane sɛ na mframa ɔɔbɔ hyia yɛ nti, yɛfaa Kreta anaafoɔ fam baabi a na hɔ dwo sanee Salmone ho.

8 Yɛka kɔɔ mpoano nkakrankakra kosii sɛ yebeduruu baabi a bɛfrɛ hɔ Hyɛne-Agyinaeɛ-Pa a ɔbɛne kuro Lasea.

9 Yedii nna pii po he so, na osiane sɛ na mmuadadie he mpo atwam, na saa berɛ he ɔɔkɔ afe he awieeɛ a po so fa ayɛ hu nti, yɛtenaa hɔ kyɛreeɛ. Paulo tuu bɛ fo sɛ,

10 “Anuanom, mehu sɛ, sɛ yɛtoa yɛ akwantuo yi so a, yebehu amane ama ebia hyɛne he mpo abɔ ama mu nnoɔma asɛe ama mu nnipa ahwere bɛ nkwa.”

11 Nso asraafoɔ panyini he antie Paulo afutuo he, na mmom otiee nsɛm a hyɛnkafoɔ he ne hyɛne he wura kaeɛ he.

12 Osiane sɛ na hyɛngyinabea hɔ nyɛ mma bɛ sɛ bɛbɛtena hɔ awɔ berɛ mu he nti, nnipa he pii pɛɛ sɛ, sɛ ɔbɛyɛ yie a, nka hyɛne he betu afiri hɔ akɔ Foinike, a ɔyɛ hyɛngyinabea a ɔya Kreta a ɔda atifi ne anafoɔ ntam ya atɔeɛ fam, ɔyɛ baabi a bebetumi atena hɔ awɔberɛ mu.


Ahum tuu po he so

13 Mframa a ano ɔdene bɔ firii anafoɔ fam. Yei maa nnipa he susuu sɛ bebetumi atoa bɛ akwantuo he so sɛnea bɛahyehyɛ he. Nti betuu sɛkyɛ he de hyɛne he faa Kreta mpoano.

14 Ankyɛre koraa ne mframa kɛseɛ bi a bɛfrɛ no “Atifi Apieɛ Mframa” bɔ firii supɔ he so.

15 Mframa he bɔ bunkam faa yɛ hyɛne he so twee no kɔɔ po he mu. Yɛbɔɔ mmɔdene sɛ yɛbɛdane hyɛne he ani na anyɛ yie he, yegyae maa mframa he twee no kɔeɛ.

16 Yeduruu supɔ ketewa bi a bɛfrɛ no Klauda ho a na hɔ mframa ano nyɛ dene mpo he, yɛbrɛeɛ ansa na yeetumi atwe kodoɔ a ɔsɛne hyɛne he akyi he aba mu.

17 Hyɛne he mu adwumayɔfoɔ maa so baa hyɛne he mu, kyekyeree no dendenndene. Osiane sɛ na besuro sɛ bɛbɛkɔ akotim anwea mu nti, beyiyii hyɛne dua he so ntoma maa mframa he bɔɔ hyɛne he kɔɔ faako a ɔpɛ.

18 Ahum he kɔɔ so tuu dendenndene kosii sɛ adeɛ kyeeɛ mpo, beyiyii hyɛne he mu nnoɔma he bi to guu po he mu.

19 Ne nnansa so he, bɛsesaa hyɛne he ho nnoɔma he bi to guiɛ.

20 Nna bebree twaa mu a na yenhu awia anaa nsoromma a na ahum he gu so ootu. Yei maa yɛ anidasoɔ nyinaa saeɛ.


Paulo kyekyeree bɛ werɛ

21 Nna bebree twaa mu a na biaa nnidiiɛ. Afei Paulo ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Anuanom, sɛ hotiee me na yɛantu amfiri Kreta a, nka ɔnyɛ ɔno ne sɛ yeehu amane yi.

22 Nso homma ho bo ntɔ ho yam, efiri sɛ, ho mu biaa oonwu na mmom hyɛne he ne bɛbɔ.

23 Nnora anadwo, Nyankopɔn a meyɛ ne deɛ a mesom no he bɔfoɔ baa me nkyɛne

24 bɛka kyerɛɛ me sɛ, ‘Paulo, nsuro! Nea obesi biaa wobeduru Kaesare anim ama wadi w’asɛm. Bɛ a bɛka wo ho yi nso, Nyankopɔn adom nti, bibiaa ɔnyɔ bɛ.’

25 Anuanom, homma ho bo ntɔ ho yam, efiri sɛ, megye Nyankopɔn di na asɛm a waka akyerɛ me he bɛba mu pɛpɛɛpɛ.

26 Nso nea ɔbɛyɛ biaa, mframa bɛbɔ hyɛne he de yɛ akogu supɔ bi mpoano.”

27 Ne nnawɔtwe mmienu anadwo he a na ahum he nti hyɛne he oodi akɔneaba ya Adria po so he, dasuom ne hyɛne he mu adwumayɔfoɔ huu sɛ yɛɛbɛne asaase.

28 Bɛtoo susuhoma huu sɛ nsuo he mu tentene yɛ anammɔno ha-aduonu; ɔyɛɛ kakra a besusu bio he, behuu sɛ ɔyɛ anammɔn aduɔkron.

29 Osiane sɛ na besuro sɛ anhwɛ a hyɛne he bɛpem abotane bi nti, bɛtoo asɛkyɛ nnan firii hyɛne he akyi, na bɛtwɛne sɛ adeɛ bɛkye.

30 Hyɛne he mu adwumayɔfoɔ pɛɛ sɛ bedwane firi hyɛne he mu. Nti begyaa kodoɔ a na ɔsene hyɛne akyi he sii po he ani boapa yɛɛ sɛnea bɛɛkɔto sɛkyɛ ya hyɛne he anim.

31 Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ panyini he ne asraafoɔ a bɛka ne ho he sɛ, “Sɛ hyɛne yi mu adwumayɔfoɔ he dwane a, hobewuwu.”

32 Yei nti, asraafoɔ he twaa homa a ɔkyekyere kodoɔ he mu he ma ɔkɔeɛ.

33 Adeɛ ɔɔyɛ akye he, Paulo srɛɛ bɛ nyinaa sɛ bennidi. Nea ɔkaeɛ ne sɛ, “Nnawɔtwe mmienu di, ho mu biaa nni hwee.

34 Mesrɛ ho, biaa mfa bibi nka n’ano sɛnea ɔbɛyɛ a hobenya ahoɔdene, na bibiaa ɔnyɔ ho mu biaa.”

35 Paulo kasa wieeɛ he, ɔfaa paanoo bɔɔ mpaeɛ, daa Nyankopɔn ase bɛ nyinaa bɛ anim, na obuu bi diiɛ.

36 Amonom hɔaa nnipa he nyinaa bo tɔɔ bɛ yam ma befirii aseɛ didiiɛ.

37 (Na yɛ a na yɛya hyɛne he mu he dodoɔ yɛ nnipa ahanu ne aduɔson nsia.)

38 Biaa didi meeɛ he, hyɛne he mu adwumayɔfoɔ he too aburo a ɔya hyɛne he mu he guu po he mu maa hyɛne he mu yɛɛ hare.


Suhyɛn he bɔeɛ

39 Adeɛ kyeeɛ he, hyɛne he mu adwumayɔfoɔ he anhu sɛ bɛaduru mpoano. Behuu baabi a po he adidi akɔ asaase he mu a nsuo taa hɔ. Nti bɛyɔɔ bɛ adwene sɛ bɛbɛka hyɛne he akogyina.

40 Yei nti betwitwaa hyɛne he asɛkyɛ ahoma mu maa asɛkyɛ he guu po mu. Afei bɛsansanee homa a okita akyerɛkyerɛkwane he mu na afei besii ntoma a ɔya hyɛne he anim he sɛnea ɔbɛyɛ a mframa betumi abɔ hyɛne he akɔ mpoano.

41 Nso hyɛne he kɔpemm anweatam bi ma otimiiɛ. Hyɛne he anim tim dendenndene na n’akyi he nso, asorɔkye a na ɔɔbɔ no he maa obubuiɛ.

42 Asraafoɔ he yɛɛ bɛ adwene sɛ bebekuku nneduafoɔ he nyinaa sɛnea ɔbɛyɛ a biaa oonnya kwane nnwane.

43 Nso osiane sɛ na asraafoɔ panyini he pɛ sɛ ɔgye Paulo nkwa he nti, wamma bɛ ho kwane. Mmom, ɔhyɛɛ sɛ bɛ a bebetumi adware he mfiti aseɛ nnware nkɔ mpoano.

44 Bɛ a bɛaka he nso mu binom tetaree ntaaboo ne nnua asisinasini a abubu firi hyɛne he mu he so kɔɔ mpoano. Saa kwane yi so ne yɛnam beduruu mpoano hɔ dwoodwoo.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan