Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafoɔ 26 - Apam Foforɔ


Paulo yii n’ano ya Agripa anim

1 Agrippa ka kyerɛɛ Paulo sɛ, “Wowɔ ho kwane sɛ woyi w’ano.” Na Paulo tenee ne nsa firi aseɛ yii ne ho ano sɛ,

2 “Ɔyɛ me dɛ sɛ sommoɔ a Yudafoɔ de abɔ me nyinaa he, wo Hene Agrippa w’anim ne meebeyi m’ano nnɛ da yi,

3 ne titire ne sɛ wonim amanneɛ nyinaa ne akyinnyegyeɛ a ɔya Yudafoɔ mu. Ne saa nti mesrɛ wo, to wo bo ase na tie me.

4 “Yudafoɔ nyinaa nim me firi me mmabunuberɛ mu, asetena a mehyɛɛ aseɛ meaa mekuro mu ne Yerusalem.

5 Benim me firi mmerɛtentene, na bɛpɛ a bebetumi adi ho adanseɛ sɛ, mebɔɔ mebra sɛnea yɛ som mu amanneɛ teɛ pɛpɛɛpɛ sɛ Farisini.

6 Na seesei bɔhyɛ a Nyankopɔn de maa yɛ agyanom ho adanseɛ nti ne megyina atemmuo adwa anim yi;

7 na yɛ mmusuakuo dummienu he som Nyankopɔn anibereɛ so, awia ne anadwo a bɛ ani da so sɛ bɛ nsa bɛka saa bɔhyɛ yi. Nimuonyamfoɔ, saa anidasoɔ yi ho na Yudafoɔ abɔ me soboɔ yi.

8 “Mmɛ nti ne honnye nni sɛ Nyankopɔn nyane awufoɔ?

9 “Me nso, na medwene me mu sɛ ɔsɛ sɛ meyɔ nnoɔma pii de ko tia Nasareni Yesu dini,

10 na saa pɛpɛɛpɛ ne meyɔeɛ Yerusalem, na menyaa tumi firii asɔfo mpanyimfoɔ he hɔ de ahoteefoɔ bebree guu afiase, na sɛ beeku bɛ a mefoa so.

11 Na metwee bɛ aso mprɛ pii hyia adane nyinaa mu sɛnea bɛbɛka bibi de apo bɛ gyidie. Na esiane m’ani a na abere bɛ so paa nti, mekɔɔ nkuro foforɔ so mpo kɔtaa bɛ hɔ.


Paulo adwensakra ho asɛm

12 “Berɛ a megu so ɔɔyɔ yie he mede tumi ne ahyɛdeɛ a menya firii asɔfoɔ mpanyimfoɔ hɔ he siim sɛ meekɔ Damasko.

13 Na oduruu awigyina he, me wura Nimuonyamfoɔ, mehuu hann bi a ano ɔdene sene awia sɛ ahyerɛn firi soro atwa me ne bɛ a bɛne me ɔɔkɔ he ho ahyia kwane he so.

14 Na berɛ a yɛ nyinaa hwehwee fam he, metee sɛ nne bi ka kyerɛɛ me Hebri kasa mu sɛ, ‘Saulo, Saulo, mmɛ nti ne wootaa me? Sɛ woto boɔ bɔ dane a ɔba woaa wo so.’

15 Na mebisaa sɛ, ‘Ɔyɛ wo hwane, owura?’ Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɔyɛ me Yesu a wotaa no he.

16 Afei, sɔre gyina. Na yei nti ne mama woahu me, sɛ meeyi wo sɛ somfoɔ ne adansefoɔ nea woahu ne nea mɛma woahu afa me ho nyinaa ho.

17 Na mɛgye wo nso afiri mmane yi ne Amanamane a meesoma wo akɔ bɛ nkyɛne he nsam,

18 na woabie bɛ ani, adane bɛ afiri sum mu aba hann mu, na bɛafiri Satan tumi mu aba Nyankopɔn nkyɛne, na bɛanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ bɛ a bɛnam me mu gyidie so ate bɛ ho mu.’

19 “Yei akyi he, Hene Agrippa, manyɔ anisoadeɛ a menya firii soro he ho asoɔdene,

20 na mmom, medii kane kasa kyerɛɛ Damaskofoɔ. Na afei mekɔɔ Yerusalem, ne Yudea mantam nyinaa mu, ne amanamane mufoɔ hɔ kɔkaa sɛ, sɛ bɛnsakra bɛ adwene na bɛmfa nnwuma a ɔkyerɛ adwensakra so nane mmra Nyankopɔn nkyɛne.

21 Yei nti ne Yudafoɔ kyee me asɔrefie hɔ pɛɛ sɛ beku me.

22 Nso mmoa a manya afiri Nyankopɔn nkyɛne nti ne makɔ so atena hɔ abesi nnɛ a megyina ha oodi adanseɛ akyerɛ nipasu ahodoɔ nyinaa yi, menkaa hwee, gye nsɛm a Adiyifoɔ he ne Mose kaeɛ sɛ ɔbɛba he,

23 sɛ Kristo he behu amane, na esiane sɛ bɛadi kane anyane no afiri awufoɔ mu nti, wabɔ hann ho dawuro akyerɛ, nkurofoɔ yi ne Amanamane he.”


Paulo tuu Agripa fo sɛ ɔnnye Kristo nni

24 Afei berɛ a ɔɔka nsɛm yi de ayi n’ano he, Festo de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Paulo, woobɔ dam! Adesua pii ɔɔyɛ ama woabɔ dam!”

25 Na Paulo kaa sɛ, “Ɔnyɛ dam ne meebɔ, Nimuonyamfoɔ Festo, na mmom meeka nsɛm a ɔyɛ nɔkorɛ na ɔtɔ asom.

26 Nɔkwasɛm di, hene a mede akokoɔduro ɔɔkasa akyerɛ no yi nim saa nsɛm yi mu yie, na menim sɛ nsɛm yi mu biaa nni hɔ a ahinta no, efiri sɛ ɔnyɛ adeɛ a bɛyɔɔ no kokoam.

27 Hene Agrippa, nti wogye Adiyifoɔ he di? Menim sɛ wogye bɛ di.”

28 Na Agrippa ka kyerɛɛ Paulo sɛ, “Nti wodwene sɛ wobetumi de berɛ tiaa yi ama me abɛyɛ Kristoni anaa?”

29 Na Paulo buaa sɛ, “Sɛ menya a, nka berɛ tiaa bi oo, bere tentene bi oo, ɔnyɛ wo nkoa, na mmom nka Nyankopɔn nyɔ bɛ a beetie me nnɛ yi nyinaa nso sɛnea meteɛ yi, na mmom bengu ho mpokyerɛ sɛ me.”

30 Na hene he ne amrado he ne Berenike ne mmeema a bɛne bɛ tete hɔ he sɔreeɛ.

31 Na berɛ a bɛɛkɔ he, asɛm a na bɛkaa ne sɛ, “Aa! Nipa yi nyɔɔ bibiaa a ɔsɛ sɛ owu anaa begu no mpokyerɛ.”

32 Afei nso Agrippa ka kyerɛɛ Festo sɛ, “Sɛ ɔnyɛ sɛ nipa yi de asɛm he akɔdane Kaesare a, nka bebetumi agyae.”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan