Asomafoɔ 24 - Apam FoforɔTertulo bɔɔ somafoɔ he ho nkuro 1 Nnanum akyi he, sɔfo panyini Anania ne mpanyimfoɔ bi ne Tertulo a ogyina badwa anim kasa he baeɛ. Na bɛde Paulo ho nsɛm bɛtoo amrado he anim. 2 Berɛ a bɛfrɛɛ Paulo baeɛ he, Tertulo hyɛɛ aseɛ bɔɔ no kwaadu sɛ: Nimuonyamfoɔ Felike, esiane sɛ ɔnam wo so ne yenya asomdwie, na wo, ne wo nhunumu ama nsakraeɛ aba mane yi mu nti, 3 yɛde aseda a ɔkyɛne so gye yeinom berɛ nyinaa ya baabiaa. 4 Nso sɛ ɔbɛyɔ na mennsɛe wo brɛ pii bio nti, mesrɛ wo sɛ firi w’anyamyɛ mu tie yɛ kakra. 5 Yɛahu beema yi sɛ busuyefoɔ a otutu gu Yudafoɔ nyinaa asom ma bɛte atua asaase nyinaa so, na ɔyɛ Nasarefoɔ kuo he mu panyini. 6 Na ɔnoaa nso ne bɔɔ ne ho mmɔdene sɛ obegu asɔrefie he ho fi ma yɛkyee no. 7 Na nka yebetumi abu no atene sɛ nea Mmara he teɛ. 8 Wo ankasa wobetumi abisabisa no ahu nea yɛde ɔɔbɔ no soboɔ yi nyinaa mu. 9 Yudafoɔ he nso de bɛ ho gyee mu bi sɛ, nsɛm yi te saa. Paulo yii ne ho ano Felike anim 10 Berɛ a amrado he maa Paulo kwane sɛ ɔnkasa he, obuaa sɛ, “Esiane sɛ menim yie sɛ woayɔ mane yi temmufoɔ mfie pii nti, ɔyɛ me anigyeɛ sɛ meeyi m’ano m’asɛm yi ho. 11 Sɛnea wobetumi anyɔ nhwehwemu ahu he, mekɔɔ Yerusalem kɔsomeeɛ he, onni mmoroo nnafua dummienu. 12 Ɔnyɛ adeɛ a behuu me sɛ me ne bi agye akyinnye ya asɔrefie hɔ anaa meehyɛ nnipakuo bi kutupa de basabasayɔ aba hyia adane anaa kuro he mu. 13 Na bentumi nso nya soboɔ a bɛɛbɔ me seeseiaa yi ho adanseɛ mma wo. 14 Nso megye nɔkwasɛm yi tom ya w’anim sɛ nea bɛfrɛ no fekusɛm yiaa ne Kwane a menam so som me nananom Nyankopɔn, efiri sɛ megye nea Mmara he ka na bɛatwerɛ Adiyifoɔ nwoma he mu he di. 15 Na mewɔ anidasoɔ ya Nyankopɔn mu, a bɛ nso bɛwɔ saa anidasoɔ heaa bi, sɛ berɛ bi bɛba a bɛ a bɛtene ne bɛ a bɛntene nyinaa bɛsɔre afiri awufoɔ mu. 16 Nti berɛ nyinaa mehwɛ hu sɛ menyɔ bɔne biaa ntiaa Nyankopɔn ne nnipa. 17 Nti mekokyinkyinii Amaneamane mu mfie kakra he, mesane baa Yerusalem de adɔeyɛdeɛ ne ayɛyɛdeɛ braa me mane. 18 Berɛ a meeyɔ yei he behuu me asɔrefie hɔ sɛ meedwira me ho, nso na nnipakuo anaa hooyɔ biaa nni hɔ. 19 Mmom, na Yudafoɔ bi a befiri Asia mantam he mu ne bɛya hɔ, na nka ɔsɛ sɛ bɛba w’anim na sɛ bɛwɔ bibi tia me a, bɛde ato dwa. 20 Anaa, ma mmeema yi ankasa nka bɔne a behuu sɛ meyɔeɛ berɛ a na megyina Sanhedrin he anim he. 21 Menkaa hwee gye asɛm baako yi a meteaa mu kaa sɛ, ‘Awufoɔ sɔreeɛ nti ne beebu me atɛne ho anim nnɛ yi!’ ” 22 Nso esiane sɛ na Felike nim Kwane he ho asɛm yie nti, otuu nkurofoɔ he nsɛm he hyɛɛ da kaa sɛ, “Berɛ biaa sahene Lisia bɛba he, mebu nsɛm yi ho atɛne.” 23 Na ɔhyɛɛ asraafoɔ ha so panyini he sɛ ɔnhwɛ Paulo so na bɛannha no, na bɛmmara ne ho nipa biaa a ɔbɛba abɛsra no. Felike tuu asɛm he hyɛɛ mfie mmienu akyi 24 Nna bi akyi he, Felike ne ne yerɛ Drusila a ɔyɛ Yudani he baeɛ, na ɔsoma ma bɛkɔfrɛɛ Paulo baeɛ, na betiee nea ɔwɔ ka fa Kristo Yesu mu gyidie ho. 25 Afei berɛ a Paulo kaa tenenee, ahohyɛsoɔ ne atemmuo a ɔbɛba ho asɛm he, hu kaa Felike ma ɔkaa sɛ, “Firi m’anim ha kɔ, na sɛ menya berɛ a mɛsane asoma abɛfrɛ wo.” 26 Nso saa berɛ yi nyinaa na n’ani da so sɛ Paulo bɛma no sika. Nti na ɔtaa soma kɔfrɛ no ne no bɛbɔ nkɔmmɔ. 27 Mfie mmienu akyi he, Porkio Festo bedii Felike adeɛ, na esiane sɛ na Felike pɛ sɛ onya Yudafoɔ he anim adom nti, ɔmaa Paulo kɔɔ soaa daa afiase. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana