Asomafoɔ 23 - Apam Foforɔ1 Paulo hwɛɛ Sanhedrin badwa he gyee kaa sɛ, “Anuanom, mede ahonim pa abɔ me bra Nyankopɔn anim abesi nnɛ da yi.” 2 Na sɔfo panyini Anania hyɛɛ bɛ a begyinagyina ne nkyɛne he sɛ bɛmmɔ no sotorɔ. 3 Na Paulo ka kyerɛɛ no sɛ, “Nyankopɔn bɛbɔ wo, wo a wote sɛ fasuo a bɛaka ho fitaa. Wotena ase bu me atɛne sɛnea Mmara he teɛ, na berɛ koro heaa nso woabu Mmara he so hyɛ sɛ bɛmmɔ me?” 4 Bɛ a begyinagyina hɔ he kaa sɛ, “Nyankopɔn sɔfo panyini ne wo di no atɛm he?” 5 Na Paulo kaa sɛ, “Anuanom, na mennim sɛ ɔyɛ sɔfo panyini. Na bɛatwerɛ sɛ, ‘Nka wo mane sodifoɔ ho asɛmmɔne.’ ” 6 Paulo huu sɛ nnipa he bi yɛ Sadukifoɔ na binom nso yɛ Farisifoɔ he, ɔteaa mu Sanhedrin badwa he mu sɛ, “Anuanom, meyɛ Farisini, Farisifoɔ ba. Wusɔreɛ ho anidasoɔ ho nti ne beebu me atɛne yi.” 7 Ɔkaa yei he, akasakasaa baa Farisifoɔ ne Sadukifoɔ he mu, na nnipa he mu kyɛeɛ. 8 (Sadukifoɔ he ka sɛ wusɔreɛ anaa abɔfoɔ anaa honhom nni hɔ, na Farisifoɔ he deɛ, bɛgye yeinom nyinaa di sɛ bɛya hɔ.) 9 Nti hɔ yɛɛ gyegyeegye, na atwerɛfoɔ a befiri Farisifoɔ kuo mu binom sɔre kasakasa dendenndene sɛ, “Yenhu mfomsoɔ biaa nipa yi ho, efiri sɛ ebia na honhom anaa bɔfoɔ bi ne akasa kyerɛ no.” 10 Afei berɛ a akasakasaa he mu yɛɛ dene he, na sahene he suro sɛ bɛbɛtete Paulo mu asisinasini, nti ɔhyɛɛ asraafoɔ he sɛ bɛnkɔgye no mfiri bɛ nsa mu mfa no mmra asraafoɔ asoeɛ hɔ. 11 Saa anadwo he Awurade begyinaa ne nkyɛne kaa sɛ, “Nya akokoɔduro! Sɛnea wo adi me ho adanseɛ Yerusalem he, saa ara nso ne otwa sɛ wodi me ho adanseɛ Roma nso.” Bɛbɔɔ Paulo ti so pɔ 12 Adeɛ kyeeɛ he, Yudafoɔ he bɔɔ Paulo ti so pɔ kekaa bɛ ho ntam sɛ, bennidi na bɛnnom kosi sɛ bebeku no. 13 Nnipa bɛboro aduannan ne kɔɔ saa apam yi. 14 Bɛkɔɔ sɔfo panyini ne mpanyimfoɔ he hɔ kɔkaa sɛ, “Yɛaka ntam dendenndene sɛ, sɛ yenkuu Paulo a, yɛmfa aduane nka yɛ ano. 15 Nti afei, ho ne badwa he mma sahene nte sɛ ho pɛ sɛ ɔde no bra ho na hohwehwɛ n’asɛm he mu fann. Na yɛ deɛ, yɛmma no nnuru ha mpo na yɛaku no.” 16 Na Paulo wɔfaseɛ tee sɛ nkurofoɔ he akɔtɛ no; nti ɔkɔ kɔhyɛnee abane he mu koyii Paulo asotire. 17 Na Paulo frɛɛ asraafoɔ ha so mpanyimfoɔ he mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa abranteɛ yi kɔ safohene nkyɛne, na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.” 18 Na ɔfaa no de no kɔɔ safohene he nkyɛne kaa sɛ, “Deduani Paulo frɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ memfa abranteɛ yi mmra wo, na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.” 19 Na safohene he sɔɔ ne nsa na ɔne no no kɔɔ kokoam baabi. Na obisaa no sɛ, “Ɛɛne ne wowɔ ka kyerɛ me?” 20 Obuaa sɛ, “Yudafoɔ he ayɔ adwene sɛ bɛbɛsrɛ wo na wode Paulo aba dwam kyena sɛnea bebebisa ne ho asɛm mu yie. 21 Nso ntie bɛ! Na bɛ mu mmeema bɛboro aduannan ɔɔtɛ no, na bakeka bɛ ho ntam sɛ bennidi na bɛnnom gye sɛ bɛaku no ansa. Seesei bɛayɛ krado, na bɛɛtwɛne sɛ wobɛma bɛ hõ kwane.” 22 Na safohene he gyaa abranteɛ he kwane na ɔhyɛɛ no sɛ, “Nka nkyerɛ biaa sɛ woayi me asɛm yi ho asotire.” Bɛde Paulo kɔmaa Felike ya Kaesarea 23 Afei ɔfrɛɛ asraafoɔ ha so mpanyimfoɔ he mu mmienu bi kaa sɛ, “Honsiesie asraafoɔ ahaanu, apɔnkɔsotefoɔ aduɔson, ne peakurafoɔ ahanu, anadwo nnɔnkron berɛ mu nkɔ Kaesarea. 24 Afei nso bensiesie mmoa na bɛmfa Paulo ntena so mfa no dwoodwoo nkɔma Amrado Felike.” 25 Na ɔtwerɛɛ nwoma a mu asɛm ne sɛ: 26 “Klaudio Lisia de krataa yi kyea Amrado pa Felike. 27 Beema yi a Yudafoɔ kɔfaa no sɛ nka bebeku no na me ne m’asraafoɔ kɔgyee no he, maate sɛ ɔyɛ Romani. 28 Na mepɛɛ sɛ nka mehu adekodeɛ a bɛde ɔɔbɔ no kwaadu he, na mede no kɔɔ bɛ badwam. 29 Na mehuu sɛ bɛ mmara ho nsemmisa nti ne bɛne no wɔ nkurobɔ, na bɛamfa bibi a ɔsɛ wuo anaa kyeɛ anto no so. 30 Nso bɛayi me asotire sɛ nnipa bi ɔɔtɛ beema he. Nti meema bɛde no abra wo, na maahyɛ ne nkurobɔfoɔ he sɛ bɛmmɛka nea bɛwɔ fa ne ho w’anim.” 31 Nti asraafoɔ he faa Paulo, sɛnea bɛhyɛɛ bɛ he, na bɛde no kɔɔ Antipatri anadwo he. 32 Na adeɛ kyeeɛ he, bɛmaa apɔnkɔsotefoɔ he ne no toaa so kɔeɛ, na asraafoɔ he sane baa abane he mu bio. 33 Na beduruu Kaesarea he, beyii nwoma he maa amrado he, na bɛde Paulo nso kogyinaa n’anim. 34 Na amrado he kenkane nwoma he wieeɛ he, obisaa mane korɔ a ofiri mu; na ɔtee sɛ ofiri Kilikia he, 35 ɔkaa sɛ, “Wo nkurobɔfoɔ he ba a, na metie wo.” Na ɔhyɛɛ sɛ bɛmfa no nsie Herode abane mu. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana