Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafoɔ 22 - Apam Foforɔ

1 “Anuanom ne agyanom, hontie me na menyi nsɛm yi ano nkyerɛ ho.”

2 Bɛtee sɛ ɔde Hebri kasa ne ɔɔkasa bɛ ho he, bɛyɛɛ dinn paa. Na ɔkaa sɛ,

3 “Meyɛ Yudani a bɛwoo me Tarso a ɔya Kilikia, nso bɛtetee me kuro yi mu, na metenaa Gamaliel nane ase suaa adeɛ. Na ɔkyerɛkyerɛɛ me nananom Mmara he pɛpɛɛpɛ, na mebɔɔ Nyamesom ho mmɔdene sɛnea ho nyinaa yɔ nnɛ yi.

4 Na metaa bɛ a bɛfa Yesu nkyerɛkyerɛɛ kwane so kosii sɛ mede binom mpo kɔɔ wuom. Me kyekyee mmeema ne mmaa nyinaa ma bɛde bɛ guu afiase,

5 sɔfopanyini ne mpanyimfoɔ badwa he nyinaa di me adanseɛ. Megyegyee tumi-krataa firii bɛ hɔ de kɔmaa anuanom a bɛya Damasko. Na mesiim sɛ meekɔ Damasko akɔkyekye nnipa a bɛya hɔ a bɛnam Yesu nkyerɛkyerɛɛ kwane so de bɛ aba Yerusalem ama bɛatwe bɛ aso.

6 “Na meekɔ a meeyɛ aduru Damasko, berɛ a na abɔ bɛyɛ awia dummienu he, mpofiremuaa, hann kɛseɛ bi hyerɛn firii soro twaa me ho hyiaeɛ,

7 na metwa hwee fam, metee nne bi sɛ, ‘Saulo, Saulo, mmɛ nti na wotaa me?’

8 Mebuaa sɛ, ‘Wo ne hwane, owura?’ Na ɔka kyereɛ; me sɛ, ‘Ɔyɛ me Nasareni Yesu, a wotaa no he.’

9 Afei mmeema a bɛka me ho he huu hann he nso bɛante nne a na ɔne me ɔɔkasa he.

10 Na mekaa sɛ, “Owura, ɛɛne ne menyɔ?” Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre, kɔ Damasko na hɔ ne wobɛte bibiaa ɔsɛ sɛ woyɔ.”

11 Na esiane sɛ na hann he hyerɛn kɛse paa nti, manhu hwee, na bɛ a me ne bɛ nam he sosɔɔ me nsa de me kɔɔ Damasko.

12 “Afei beema bi a bɛfrɛ no Anania a ɔyɛ nyamesuroni sɛnea Mmara he ɔɔhwehwɛ a Yudafoɔ a bɛtete hɔ nyinaa bɔ no dini pa he

13 baa me nkyɛne, na obegyinaa me nkyɛne ka kyerɛɛ me sɛ “Onua Saulo, sane hu adeɛ!” Saa dɔno heaa mu, me sane huu adeɛ, na mehuu no.

14 Na afei ɔkaa sɛ, ‘Yɛ nananom Nyankopɔn ayi wo sɛ hu n’apɛdeɛ, na hu Teneneeni he na tie ɔno ankasa nne,

15 efiri sɛ wobedi nea woahu na woate he ho adanseɛ akyerɛ nnipa nyinaa ama no.

16 Na afei mmɛ nti ne wootwentwɛne wo nane ase? Sɔre, ma bɛmmɔ wo asu, nhohoro wo bɔne berɛ a wabɔ Awurade dini yi.’

17 “Nso berɛ a mesane baa Yerusalem a meebɔ mpaeɛ asɔrefie hɔ he, menyaa anisoadehunu.

18 Na mehuu Yesu sɛ ɔɔka akyerɛ me sɛ, ‘Ma wo ho nyɛ hare na firi Yerusalem ntɛm, efiri sɛ bɛmpene me ho adanseɛ a wodi he so.’

19 Na mekaa sɛ, ‘Awurade, bɛ ankasa benim pefee sɛ na mekye bɛ a bɛgye wo di he gu afiase hwe bɛ hyiadane ahodoɔ mu.

20 Na berɛ a beehwie wo danseni Stefano mogyaa agu he, na m’ankasa nso megyina hɔ bi a mepenee so, na mehwɛɛ bɛ a beeku no he ntaadeɛ ngugusoɔ so.’

21 Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre kɔ, efiri sɛ, mɛsoma wo akɔ Amanamane a ɔya akyirikyiri mu.’ ”


Bɛkyee Paulo

22 Na betiee no besii saa asɛm yi so, na bɛmaa bɛ nne so kaa sɛ, “Yi nipa yi firi asaase so, efiri sɛ ɔmfata sɛ ɔtena ase!”

23 Na esiane sɛ na bɛɛteateam toto bɛ ntaadeɛ gu na beetu mfuturo gu mframa mu nti,

24 sahene he hyɛɛ sɛ bɛmfa no mmra asraafoɔ asoeɛ hɔ, na bentwa no mmaa mfa nhwehwɛ ne nsɛm mu, na ama wahu adeɛ pɔtee a nti bɛɛteateam gu no so saa he.

25 Na berɛ a bɛtwee Paulo mu a beebetwa no mmaa he, obisaa sraani panyini a ogyina hɔ he sɛ, “Nti mmara ma kwane sɛ hotwa Romani mmaa berɛ a hommuu no fɔ?”

26 Sraani panyini he tee yei he, ɔkɔɔ sahene he nkyɛne kɔbɔɔ no amanneɛ sɛ, “Mmɛ ne wopɛ sɛ woyɔ yi? Saa beema yi yɛ Romani”

27 Nti sahene he baeɛ; bebisaa no sɛ, “Ka kyerɛ me, woyɛ Romani, anaa?” Na ɔkaa sɛ, “Ɛɛ!”

28 Sahene he buaa sɛ, “Mede sika kɛseɛ paa ne tɔɔ Roma manbayɛ yi.” Na Paulo kaa sɛ, “Me mmom deɛ bɛwoo me toom.”

29 Amonom hoaa bɛ a bɛɛbɛhwehwɛ ne nsɛm mu he firii ne nkyɛne kɔeɛ. Na berɛ a sahene he huu sɛ ɔyɛ Romani na bɛakyekyere no he, osuroeɛ.


Bɛde Paulo kogyinaa asennibea

30 Nti adeɛ kyeeɛ he, pɛɛ sɛ ohu adekorɔ pɔtee a nti Yudafoɔ he abɔ no so soboɔ he, ɔsanee no na ɔhyɛɛ asɔfo mpanyimfoɔ he ne Sanhedrin he nyinaa ma behyiaam. Na ɔde Paulo begyinaa bɛ mfimfini.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan