Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafoɔ 21 - Apam Foforɔ


Paulo kɔɔ Yerusalem

1 Afei, yɛne bɛ tetee mu he, yɛfaa nsuo so kɔɔ tẽẽ koduru Ko. Na adeɛ kyeeɛ he yɛkɔɔ Rode, na yefiri hɔ kɔɔ Patara.

2 Na berɛ a yehuu hyɛne bi a ɔɔkɔ Foinike he, yɛkɔforo kɔeɛ.

3 Afei yeduruu baabi a na yɛ ani tua Kipro he, yetwaam kɔɔ Siria berɛ a na yɛagya kuro he yɛ benkum so, na yekogyinaa Tiro, efiri sɛ hɔ ne na bebeyi kodoɔ he mu nnoɔma.

4 Yɛhwehwɛɛ asuafoɔ he, na yɛtenaa hɔ nnanson. Honhom he ma bɛka kyerɛɛ Paulo sɛ, mma ɔnnkɔ Yerusalem.

5 Yɛ nna he soeɛ he, yefirii hɔ toaa yɛ akwantuo he so. Na bɛ nyinaa bɛne bɛ ayerɛ ne bɛ mma kogyaa yɛ kwane kosii kurotia. Na yebuu nkotodwe mpoano hɔ bɔɔ mpaeɛ

6 na yɛ ne bɛ dii nkra. Afei yɛkɔforoo kodoɔ he, na bɛsane kɔɔ fie.

7 Afei kwane a yetu firii Tiro he de yɛ koduruu Ptolemai, na yɛkyeakyea agyidifoɔ he na yɛtenaa bɛ nkyɛne da koro.

8 Adeɛ kyeeɛ he, yefirii hɔ kɔɔ Kaesarea; na yɛkɔɔ asɛmpakani Filipo a na ɔyɛ nnipa nson a asomafoɔ he de akunafoɔ aduanema ho dwumadie hyɛɛ bɛ nsa he mu baako fie, na yɛtenaa ne nkyɛne.

9 Na ɔwɔ mma mmaa nnan bi a bɛnwareeɛ a na bɛyɛ nkɔmhyɛfoɔ.

10 Na yedii nna kakra hɔ he, diyifoɔ bi a bɛfrɛ no Agabu firi Yudea baa hɔ.

11 Ɔbaa yɛ nkyɛne; na ɔfaa Paulo aboomu de kyekyeree ne nane ne ne nsa. Na ɔkaa sɛ, “Nea Honhom Kronkron ɔɔka di, ‘Sei ne Yudafoɔ a bɛya Yerusalem bɛkyekyere aboomu yi wura, na bɛde no ama Amanamane mufoɔ.’ ”

12 Yɛtee yei he, yɛ ne nkurofoɔ a bɛya hɔ he tuu Paulo fo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem.

13 Nso obuaa sɛ, “Mmɛ ne hooyɔ yi, sɛ hode su ɔɔte me nsono mu yi? Masiesie me ho sɛ ɔnyɛ kyekyere a bɛbɛkyekyere me nkoaa, na mmom, sɛ otwa sɛ mewu mpo a mewu ama Awurade Yesu dini ya Yerusalem.”

14 Ɔnam sɛ na wawe ataaso sɛ ɔbɛkɔ nti, yɛka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade pɛ ne nyɔ hɔ.” Na yɛanka bibiaa bio.

15 Na nna yi akyi he, yɛyɔɔ ahoboa siim kɔɔ Yerusalem.

16 Asuafoɔ a bɛya Kaesarea nso ne yɛ kɔeɛ de yɛ koduruu Kiproni Minason a na ɔyɛ asuafoɔ adikanfoɔ he mu bi fie. Na yɛ ne no tenaeɛ.


Paulo kɔsraa Yakobo ya Yerusalem

17 Berɛ a yeduruu Yerusalem he, anuanom de anigyeɛ gyee yɛ.

18 Adeɛ kyeeɛ he, Paulo ne yɛ kɔsraa Yakobo, na yɛkɔtoo mpanyimfoɔ he nyinaa nso hɔ.

19 Na ɔkyea bɛ wieeɛ he, ofirii aseɛ kaa nea Nyankopɔn nam ne som adwuma he so ayɔ no Amanamane mufoɔ mu he nyinaa kyerɛɛ bɛ.

20 Na bɛtee yei he, bɛhyɛɛ Nyankopɔn animuonyam. Na afei bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Onua, woahu Yudafoɔ mpempem a bɛyɛ agyidifoɔ; na bɛ nyinaa bɛbɔ bɛ ho mmɔdene mmara he ho.

21 Nea bɛaka afa wo ho akyerɛ bɛ ne sɛ wokyerɛkyerɛ Yudafoɔ a bɛya Amanamane mu nyinaa sɛ bɛmmane mfiri Mose mmara he ho, na woka kyerɛ bɛ sɛ benntwa bɛ mma twetia na bennni amanneɛ he so.

22 Nti afei, ɛɛne ne yɛbɛyɔ afa saa asɛm yi ho? Nea ɔbɛyɛ biaa bɛbɛte sɛ woaba ha.

23 Nti yɔ nea yɛbɛka akyerɛ wo yi: Yɛwɔ mmeema nnan bi a bɛahyɛ bɔ soronko sɛ beetua bɛ ho nnoɔma bi berɛ yi mu.

24 Ka saa mmeema yi ho, na homfa nhyehyɛeɛ a ɔfa ahodwira ho he mu, na afei tua sika a ɔsɛ sɛ betua yi beti he kyɛ bɛ. Na yei bɛma biaa ahu sɛ wo ho asɛm a bɛteeɛ he nyɛ nɔkorɛ, na mmom wodi mmara he so na wo bɔ ho bane nso.

25 Na agyidifoɔ a befiri Amanamane mu he deɛ, yɛde gyinaeɛ a yɛasi he akɔ ma bɛ sɛ bɛntwe bɛ ho mfiri bibi a bɛde abɔ afɔdeɛ ama bosom ne mogyaa ne mmoa a bɛaku bɛ a bɛanhwie bɛ mogyaa angu, ne adwamammɔ ho.”

26 Nti Paulo faa mmeema he. Na adeɛ kyeeɛ a odwiraa ne ho he, ɔne bɛ kɔɔ asɔrefie hɔ kɔkyerɛɛ ahodwira nna he wie a bebewie he, na afei bɛbɔɔ biaa ti so afɔdeɛ.


Nnipakuo he kyee no

27 Afei berɛ a nnanson a bɛayi asi hɔ ama ahodwira he ɔɔba awieeɛ he, na Yudafoɔ a befiri Asia huu no asɔrefie hɔ he, befirii aseɛ maa nnipa he yɛɛ gyegyeegye na bɛsosɔɔ ne mu

28 teateaam sɛ, “Israel mmeema, hommɛboa yɛ! Yei ne kyerɛkyerɛ nnipa nyinaa ya baabiaa de sɔre tia mane he ne Mmara ne bea yi, na nea ɔkyɛne ne nyinaa ne sɛ, ɔde Helafoɔ baa asɔrefie ha de beguu kronkronbea yi ho fi.”

29 Na bɛadi kane ahu Efesoni Trofimo sɛ ɔka ne ho ya kuro he mu, na besusu sɛ Paulo de no baa asɔrefie hɔ.

30 Na kuro hɔ nyinaa yɛɛ gyegyeegye, na nnipa he nyinaa bɔɔ twi baeɛ. Na bɛsosɔɔ Paulo mu twee no firii asɔrefie hɔ. Na ntɛmaa bɛtotoo apono he mu.

31 Na berɛ a bɛɛhwehwɛ sɛ bebeku no he, asrafokuo so sahene he nyaa amanebɔ sɛ Yerusalem nyinaa ayɛ gyegyeegye;

32 na ntɛmaa ɔfaa asraafoɔ ne bɛ mpanyimfoɔ kɔɔ bɛ so. Berɛ a bɛ ani bɔɔ sahene he ne asraafoɔ he so he, begyae Paulo hweɛ.

33 Na sahene he bɛnee hɔ kɔsɔɔ ne mu hyɛɛ sɛ bɛmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu ngu no. Na ofirii aseɛ bisaa nipa ko a ɔyɛ ne nea wayɔ.

34 Nso nnipa he mu bi teaam kaa yei, na binom nso ateam aka asɛm foforɔ. Nti berɛ a bɛantumi anhu asɛm he mu yie ɔnam sakasakayɛ he nti, ɔhyɛɛ sɛ bɛmfa no mmra asraafoɔ asoeɛ hɔ.

35 Nso berɛ a oduruu dane-atwedeɛ he so he, osiane nnipakuo he basabasayɔ nti, asraafoɔ he maa no so.

36 Na nnipadɔm he kɔɔ so dii n’akyi teateaam sɛ, “Honyi no mfiri hɔ,”


Paulo yii ne ho ano

37 Na berɛ a bɛɛyɛ de no aduru asraafoɔ asoeɛ hɔ he, Paulo bisaa sahene he sɛ, “Mewɔ ho kwane sɛ meka asɛm bi kyerɛ ho anaa?” Obuaa sɛ, “Wobetumi aka Hela kasa?

38 Ɔnnyɛ wo ne Misraimni a nnansa yiaa wokɔfaa amammɔsɛm baeɛ a wode mmeema awudifoɔ mpemnan firii adi kɔɔ serɛ so he?”

39 Paulo buaa sɛ, “Meyɛ Yudani a mefri Tarso a ɔya Kilikia, kuro a odi mu he mu. Nti mesrɛ wo ma me kwane na me ne me manfoɔ he nkasa.”

40 Berɛ a ɔmaa no kwane he, Paulo a na ogyina dane-atwedeɛ so he nyamm ne nsa kyerɛɛ nnipa he. Afei berɛ a hɔ yɛɛ komm he, ɔde Hebri kasa ka kyerɛɛ bɛ sɛ:

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan