Asomafoɔ 20 - Apam FoforɔPaulo kɔɔ Makedonia ne Hela 1 Na afei basabasa he ano berɛ ase he, Paulo soma ma bɛkɔfrɛɛ asuafoɔ he, na ɔhyɛɛ bɛ nkurane gyaa bɛ kwane he, ogyaa bɛ hɔ kɔɔ Makedonia. 2 Berɛ a ɔkɔfaa mpɔtamu hɔ na ɔhyɛɛ bɛ nkurane pii he, ɔbaa Hela, 3 bedii bosome mmeɛnsa. Na berɛ a ɔɔbɛkɔ Siria he Yudafoɔ he bɔɔ ne ho pɔ. Ne saa nti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akɔfa Makedonia mmom ne akɔ. 4 Na bɛ a bɛka ne ho ne Beroiani Piro ba Sopater, Aristako ne Sekundo a bɛyɛ Tesalonikafoɔ, Derbeni Gaio, Timoteo, Asiafoɔ Tihiko ne Trofimo. 5 Yeinom dii yɛ anim kane kɔtwɛnee yɛ Troa. 6 Na Paanoo a Mmɔreka nnim Afahyɛ he akyi he, yɛtenaa hyɛne mu firii Filipi, na nnanum ntam he, yɛkɔtoo bɛ Troa. Na yedii nnanson hɔ. Paulo ne Troas asɔremma dii nkra 7 Da a odi nnanwɔtwe kane he, berɛ a na yɛahyiam oobubu paanoo he, Paulo firi aseɛ sɛ ɔne bɛ ɔɔkasa, efiri sɛ na waayɛ n’adwene sɛ adeɛ kye a obefiri hɔ. Nti ɔtoaa so kasaeɛ a kosii anadwo dasuom. 8 Nti na nkanea pii ya abrosane so dane a na yɛahyia mu he mu. 9 Paulo gu so ɔɔkasa he, abranteɛ bi a bɛfrɛ no Eutiko a na ɔte mpomaa mu faa mu daa hatee, na berɛ he mu he ofirii abrosane a ɔtɔ so mmeɛnsa he so bɛhwee fam, na bɛmaa no so he, na waawu. 10 Nso Paulo siane kɔɔ fam kobutuu ne so, na ɔbamm no kaa sɛ, “Honhaehae, ne kra da so ya ne mu.” 11 Afei Paulo foroo abrosane he, na ɔfaa paanoo diiɛ he, ɔtoa so ne bɛ dii nkɔmmɔ kɔpem ahemakye ansa na ɔɔkɔ. 12 Na bɛde abeemaa he baeɛ a na wasane anya nkwa. Na bɛ werɛ kyekyere paa. Paulo firii Troas kɔɔ Mileto 13 Afei yedii kane kɔtenaa hyɛne mu kɔɔ Aso, baabi a na yɛayɔ adwene sɛ yɛbɛfa Paulo he, efiri sɛ berɛ a ɔka kyerɛɛ yɛ sɛ yɛnyɔ saa he, ɔno ankasa yɔɔ adwene sɛ ɔbɛnante akɔ. 14 Na ohyiaa yɛ Aso he, yɛfaa no tenaa yɛ kodoɔ he mu de no kɔɔ Mitelene. 15 Na yɛkaa kodoɔ he firii hɔ, na adeɛ kyeeɛ he yeduruu bea bi a na ɔne Kio di animhwɛ, na da a odi hɔ he yeduruu Samo, na adeɛ kyee bio he yɛbaa Mileto, 16 efiri sɛ na Paulo asi gyinaeɛ sɛ onnyina Efeso, sɛnea ɔbɛyɛ a ɔnseɛ berɛ Asia mpɔtamu, efiri sɛ na ne ho pere no sɛ, nka obetumi, akoduru Yerusalem da a bedi Pentekoste afahyɛ he. Paulo ne Efeso mpanyimfoɔ dii nkra 17 Na ɔya Mileto he ɔsoma nnipa kɔɔ Efeso kɔfrɛɛ asafo mu mpanyimfoɔ he. 18 Bɛbaeɛ he ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ: “Ho ankasa honim sɛnea me ne ho tenaa berɛ nyinaa ofiri daa odi kane a mebaa Asia, 19 na mede ahobrɛaseɛ kɛseɛ ne nisuo pii, ne nsɔhwɛ a ɔtoo me ɔnam Yudafoɔ pɔ a bɛbɔeɛ so som Awurade. 20 Na mamfa nea mfasoɔ ya so a ɔsɛ sɛ meka kyerɛ ho biaa, ne Nyankopɔn asɛm a ɔsɛ sɛ mekyerɛkyerɛ ho badwam ne afie afie he ankame ho. 21 Na mmom medii Nyankopɔn fam adwensakra ne yɛ Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa. 22 Afei, hwɛ, ɔnam sɛ Honhom he hyɛ me nti meekɔ Yerusalem a mennim adeɛ a ɔbɛto me hɔ, 23 ɔnoaa ne sɛ kuro biaa mu he Honhom Kronkron he di adanseɛ sɛ afiase da ne taa ɔɔtwɛne me. 24 Nso memmu me kra sɛ adehia sɛ wie a mewie me som ne adwuma a Awurade Yesu de ahyɛ me nsa sɛ menka asɛmpa a ɔfa Nyankopɔn adom he ho he. 25 “Na afei menim sɛ ho a me ne ho tenaeɛ na mebɔɔ ahennie he ho dawuro he mu biaa onhu me bio. 26 Nti meeka akyerɛ ho nnɛ da yi sɛ, menni ho mu biaa mogyaa ho fɔ, 27 efiri sɛ mamfa Nyankopɔn nhyehyɛeɛ biaa ansie ho. 28 Honhwɛ ho ho so yie, na honhwɛ nnipa a Honhom Kronkron he de ho ayɛ bɛ so nhwɛsofoɔ he, na honhwɛ Nyankopɔn asafo a ɔde ɔnoaa ne Ba mogyaa atɔ he so. 29 Menim sɛ mekɔ akyi he, mpataku bɔne bɛhyɛne ho mu a bɛɛnyɛ nwankuo he brɛbrɛ. 30 Hoaa ho mu mmeema bɛsɔre akasa adane nɔkorɛ he de atwe asafo he adi bɛ akyi. 31 Nti honwɛne na honkae sɛ mfie mmeɛnsa di, awia ne anadwo, mannyae sɛ mede nisuo betu ho mu biaa fo. 32 Na afei mede ho hyɛ Nyankopɔn ne asɛm a ɔfa n’adom he ho, asɛm a obetumi ahyɛ ho dene na ama hoanya agyapadeɛ bɛ a bɛate bɛ ho nyinaa mu. 33 M’ani mmere biaa dwetɛ, sikakɔkɔɔ anaa bi ntoma. 34 Ho ankasa honim sɛ mede me nsa ayɔ adwuma ahwɛ me ho ne bɛ a bɛka me ho he. 35 Yei nyinaa mu he mede ayɔ nhwɛsoɔ ama ho sɛ ɔsɛ sɛ yɛyɔ adwuma de boa bɛ a bɛayɛ mmerɛ, na yɛkae Awurade Yesu nsɛm a ɔkaa sɛ, ‘Nhyira ya ma mu sene gyeɛ.’ ” 36 Paulo kasa wieeɛ he, ɔne bɛ nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ. 37 Na bɛ nyinaa suu pii. Bɛyɔɔ Paulo atuu de bɛ nsa to ne nsa yam kyeakyea no, 38 dii awerɛhoɔ ne titire ka a ɔkaa sɛ benhu no bio he ho. Na afei bɛde no kɔɔ kodoɔ he ho. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana