Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafoɔ 2 - Apam Foforɔ

1 Na Pentekoste da he duruiɛ he, na bɛ nyinaa ahyia faako.

2 Na mpofiremuaa, dede bi a ɔte sɛ mframa a ɔɔbɔ dendenndene firi soro baeɛ, na ɔbɛhyɛɛ fie a na bɛte mu he ma.

3 Na behuu bibi te sɛ gya a ɔɔdɛre a atwetwe sɛ kɛtrɛma, na obesisii bɛ atifi mmaako mmaako.

4 Na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa ma ma, na befiri aseɛ sɛ kaa kasa foforɔ, sɛnea Honhom he de maa bɛ sɛ bɛnka.

5 Afei na Yudafoɔ bi a bɛyɛ nyamesurofoɔ a befiri wiase amane nyinaa mu te Yerusalem.

6 Na dede he baeɛ he, nnipa pii behyiaeɛ, na bɛ adwene mu yɛɛ bɛ naa sɛ biaa tee nea bɛɛka he ne kurom kasa mu.

7 Na ɔyɛɛ bɛ nyinaa ahodwiri ne nwanwa, na bebisaa sɛ, “Aa! Bɛ a bɛɛkasa yi nyinaa nyɛ Galileafoɔ?

8 Na afei ɔyɛɛ dɛ ne yɛ nyinaa yɛte nea bɛɛka yi yɛ ankasa yɛ kurom kasa mu yi?

9 Ye mu binom firi Partia, Media, Elam, Mesopotamia, Yudea, Kapadokia, Ponto, Asia,

10 Frigia Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɔfa Kirene; afei binom nso yɛ ahɔhoɔ a befiri Roma, binom nso yɛ Yudafoɔ ne amanamane mufoɔ a bɛabɛdɔm Yudafoɔ som he,

11 Kretefoɔ ne Arabiafoɔ; na yɛte no yɛ kasa mu sɛ bɛɛka Nyankopɔn tumi ne ne nnwuma akɛseɛ ho asɛm.”

12 Na ɔyɛɛ bɛ nyinaa ahodwiri ne nwanwa, na bebisabisaa bɛ ho bɛ ho sɛ, “Yei kyerɛ sɛ?”

13 Na binom nso dii bɛ ho fɛw sɛ “Nsa dɔkɔdɔkɔ aboro bɛ.”

14 Na Petro ne dubaako he sɔre gyinaeɛ; afei Petro teaam ka kyerɛɛ nnipa a bɛya hɔ he sɛ, “Yudafoɔ ne ho a hote Yerusalem nyinaa, honyɛ aso ntie nea meebɛka yi!

15 Nɔkwasɛm ne sɛ, yeinom mmoro nsa, sɛnea hosusu he, na afei mpo ne abɔ anɔpa nnɔn nkron.

16 Na deɛ asi yi yɛ nea diyifoɔ Yoel kaa ho asɛm sɛ,

17 Nyankopɔn dɛ: ‘Nna a odi akyire he mu he, mehwie me Honhom agu honam nyinaa so, na ho mma mmeema ne ho mma mmaa ahyɛ nkɔm, na mmabunu anya anisoadehunu, na ho mpanyini asõsõ adaeɛ.

18 Na me nkoa ne me mfena so ne, nna he mu, mehwie me Honhom agu, na bɛahyɛ nkɔm.

19 Na mɛma anwanwadeɛ aba soro na nsɛnkyerɛnne aba asaase so, fam, mogyaa ne gya ne wisie kumoo.

20 Awia beduru sum, na bosome nso adane sɛ mogyaa, ansa na Awurade da kɛseɛ a ɔhyerɛn he aba.

21 Na biaa ɔbɛbɔ Awurade dini he bɛbɛgye no nkwa.’

22 “Israelfoɔ, hontie nea meeka yi: Yesu, Nasareni he, beema a Nyankopɔn de anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn he ankasa nam ne so yɔɔ no ho mu yii no adi kyerɛ ho pefee, sɛnea hoaa honim he;

23 ɔnoaa ne ɔnam Nyankopɔn nhyehyɛeɛ ne ne nim a onim dada so yii no maeɛ he, na hofaa no, nam bɛ a benni mmara nsa so bɔɔ no asennua mu kuu no.

24 Nyankopɔn anyane no afiri wuom, na waayi wuo-yeyaa afiri ne so, efiri sɛ ontumi mma sɛ ɔbɛkɔ so ahu wuo amaneɛ.

25 Na Dawid kaa ne ho asɛm sɛ, ‘Mehu Awurade m’anim da biaa, ɔya me nifa nti menhinhim da;

26 Yei nti m’akoma tɔɔ me yam, na me kɛtrɛma ho sanee no; afei nso me nipadua mpo bɛtena anidasoɔ mu,

27 efiri sɛ wonnya me kra Asamando, na womma wo Kronkronni he nipadua mporɔ.

28 Woama mahu nkwa kwane; esiane sɛ wo ne me ya hɔ nti, m’anigyeɛ awie pɛyɛ.’

29 “Anuanom, homma me kwane na menka nana Dawid ho asɛm pefee menkyerɛ ho, sɛ owuiɛ, na besiee no, na n’adamena ya yɛ nkyɛne ha de besi nnɛ.

30 Ɔnam sɛ ɔyɛ diyifoɔ, na onim sɛ Nyankopɔn de ntam aka akyerɛ no sɛ n’asenemfoɔ he mu baako bɛtena n’ahennwa so nti,

31 ohuu yei sieeɛ na ɔkaa Kristo ho asɛm sɛ bɛannya no Asamando, saa ara nso ne ne honam amporɔ.

32 Yesu yiaa ne Nyankopɔn anyane no; yɛ nyinaa yɛyɛ ho adansefoɔ.

33 Afei bɛmaa no so kɔɔ Nyankopɔn nifa, na onyaa Agya he nkyɛne Honhom bɔhyɛ he nti ne wahwie nea hohu na hote yi agu.

34 Na Dawid amforo ankɔ soro, nso ɔno ankasa kaa sɛ, ‘Awurade ka kyerɛɛ m’Awurade sɛ, Tena me nsa nifa,

35 kosi sɛ mede w’atamfoɔ bɛhyɛ wo nane ase.’

36 Nti ma Israel fie nyinaa nhu ampa sɛ Nyankopɔn ayɔ Yesu yi a hobɔɔ no asennua mu he Awurade ne Kristo.”

37 Na bɛteeɛ he, asɛm he wowɔɔ bɛ akoma mu, na bebisaa Petro ne Asomafoɔ a bɛaka he sɛ, “Anuanom, ɛɛne ne yɛnyɔ?”

38 Afei Petro ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honsakra ho adwene, na ho nyinaa homma bɛmmɔ ho asu Yesu Kristo dini mu, na hoanya bɔne fakyɛ, na hobenya akyɛdeɛ a ɔyɛ Honhom Kronkron he.

39 Na bɔhyɛ yi ya hɔ ma ho ne ho mma ne bɛ a bɛya akyirikyiri, a Awurade yɛ Nyankopɔn bɛfrɛ bɛ aba ne nkyɛne nyinaa.”

40 Na ɔde nsɛm foforɔ pii dii adanseɛ, na otuu bɛ fo sɛ, “Homma bɛnnye ho mfiri awoɔ ntoatoasoɔ porɔeɛ yi mu.”

41 Na bɛ a bɛde anigyeɛ gyee n’asɛm he maa bɛbɔɔ bɛ asu, na saa da he akra bɛyɛ mpem mmeɛnsa nso bɛyɛɛ asuafoɔ.

42 Na betuu bɛ ho sii hɔ maa asomafoɔ he nkyerɛkyerɛ ne ayɔnkofa, paanoo bubuo ne mpaebɔ.

43 Na hu tɔɔ akra nyinaa so, efiri sɛ Asomafoɔ he yɔɔ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne pii.

44 Na bɛ a bɛgye diiɛ nyinaa hyiaa faako, na bɛ nnoɔma nyinaa yɛɛ kwasafodeɛ.

45 Na bɛtɔno nea bɛwɔ ne bɛ agyapadeɛ kyekyɛɛ nea benyaeɛ maa bɛ ho bɛ ho, sɛnea biaa ahiadeɛ teɛ.

46 Da biaa na behyiam asɔrefie hɔ, na bebubu paanoo afie mu, de anigyeɛ ne akoma a mu te didi bom

47 yi Nyankopɔn ayɛ. Na benyaa nnipa he nyinaa anim adom. Na Awurade de bɛ a ɔgyee bɛ he kaa asafo he ho da biaa.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan