Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafoɔ 17 - Apam Foforɔ


Sakasakayɛ baa Tesalonika

1 Afei Paulo ne Silas kɔfaa Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika, baabi a na Yudafoɔ hyiadane bi ya he.

2 Na sɛnea Paulo taa yɛ he, ɔkɔɔ bɛ nkyɛne, na ɔde homeda mmeɛnsa ne bɛ susuu twerɛsɛm he ho,

3 na ɔkyerɛkyerɛɛ mu de adanseɛ ahodoɔ kyerɛɛ sɛ na ohia sɛ Kristo he hu amane na ɔsɔre fi awufoɔ mu, na ɔkaa sɛ, “Yei ne Kristo he, Yesu a meeka ne ho asɛm kyerɛ ho he.”

4 Yei maa bɛ mu binom bɛyɛɛ agyidifoɔ, na bɛde bɛ ho bataa Paulo ne Silas ho, na Helafoɔ dɔm kɛseɛ bi a bɛsom Nyankopɔn ne mmaa atitire a bɛdɔɔso pii nso yɔɔ saa.

5 Na Yudafoɔ he ani bereeɛ, na bɛboaboa nsɛmmɔnefoɔ bi ano dwa so maa kuro he mu yɛɛ bagyabagya. Na bɛto hyɛɛ Yason fie so hwehwɛɛ sɛ bɛde bɛ bɛbra bɛ a bɛɛyɔ basabasa he.

6 Berɛ a bɛanhu bɛ he, bɛtwee Yason ne agyidifoɔ binom kɔmaa kuro he mu atumfoɔ, na bɛteateaam sɛ, “Mmeema a bɛadane wiase ani he aba ha nso,

7 na Yason agye bɛ aba ne fie. Saa nnipa yi nyinaa sɔre tia Kaesare ahyɛdeɛ ka sɛ hene foforɔ bi ya hɔ a ɔde Yesu.”

8 Berɛ a nnipa he ne kuro he mpanyimfoɔ tee yei he, bɛ ani bereeɛ,

9 afei berɛ a bɛmaa Yason ne bɛ a bɛaka he dii agyinamu maa bɛ he, begyaa bɛ.


Paulo ne Silas kɔɔ Beroia

10 Na ntɛmaa agyidifoɔ he maa Paulo ne Silas kɔɔ Beroia, na bekoduruiɛ he, bɛkɔɔ Yudafoɔ hyiadane mu.

11 Na yeinom gyee asɛm he sene bɛ a bɛya Tesalonika he, efiri sɛ bɛde bɛ adwene nyinaa gyee asɛm he, na da biaa na bɛhwehwɛ twerɛsɛm he mu yie hwɛ sɛ nsɛm he te saa anaa.

12 Na bɛ mu pii bɛgye diiɛ, ne Helafoɔ mmaa ne mmeema atitire a bɛdɔɔso pii nso yɔɔ saa.

13 Na Yudafoɔ a bɛya Tesalonika tee sɛ Paulo aka Nyankopɔn asɛm Beroia nso he, bɛbaa hɔ nso betu guu manfoɔ he asom, na bɛhwanyanee bɛ mu.

14 Na ntɛmaa agyidifoɔ he gyaa Paulo kwane koduruu po he ano nohoa, na Silas ne Timoteo deɛ bɛtenaa hɔ.

15 Bɛ a bekogyaa Paulo kwane he de no koduruu Atene. Na ɔmaa bɛ nkra sɛ bɛnka nkyerɛ Silas ne Timoteo sɛ bɛmmra ne nkyɛne ntɛm so he, befirii hɔ kɔeɛ.


Paulo ne Yudafoɔ ne Helafoɔ nkɔmmɔbɔ

16 Na Paulo gu so ɔɔtwɛne bɛ Atene na ohuu sɛ ahonyini ahyɛ kuro he so ma he, ɔyɛɛ no ahomte.

17 Nti ɔne Yudafoɔ ne nnipa a aka a bɛsom Nyankopɔn he susuu nsɛm ho hyiadane he mu, na da biaa na ɔkɔ bɛ a obenya bɛ he nso nkyɛne dwa so.

18 Nso Epikurofoɔ ne Stoafoɔ nyansapɛfoɔ bi ne no dii anobaabaeɛ, na binom kaa sɛ, “Mmɛ ne kasatentene wura yi pɛ sɛ ɔkyerɛ koraa yi?” Na binom nso kaa sɛ, “Gyama ɔka ananafoɔ abosom ho asɛm.” (Efiri sɛ, na ɔɔka Yesu ne wusɔreɛ he ho asɛmpa.)

19 Nti bɛkyee no de no kɔɔ Areopago asennibea bisaa no sɛ, “Wobetumi ama yɛahu nkyerɛkyerɛ foforɔ a wookyerɛkyerɛ yi mu?

20 Nea wooka he yɛ foforɔ yɛ asom. Nti yɛpɛ sɛ yehu nea nsɛm yi kyerɛ.”

21 Nɔkwasɛm ne sɛ, sɛ Atenefoɔ ne ahɔhoɔ a bɛabɛsoɛ hɔ he nya berɛ a, nea bɛde yɛaa ne sɛ bɛbɛka anaa bebetie asɛm foforɔ.

22 Afei Paulo sɔre gyinaa Areopago mfimfini, kaa sɛ, “Atene mmeema, maahu sɛ adeɛ nyinaa mu hopɛ nyamesom paa,

23 efiri sɛ menenam kuro he mu na mehwɛɛ nnoɔma a hosom he, mehuu afɔrebokyia bi a bɛatwerɛ ho, ‘Yei yɛ Nyame Bi a Yennim No Dea.’ Nti nea hosom a honnim no he, ɔnoaa ne meeka ne ho asɛm akyerɛ ho yi.

24 Nyankopɔn a ɔyɔɔ wiase ne nea ɔya mu nyinaa, ɔno a ɔyɛ soro ne asaase Wura he ntena dane a bɛde nipa nsa asi mu,

25 na bɛmfa nipa nsa nsom no, te sɛ nea ohia bibi, efiri sɛ ɔno mmom ne ma nnipa nyinaa nkwa, ahomee ne adeɛ nyinaa.

26 Na nipa baako mu ne oyii amane nyinaa firiiɛ sɛ bɛntena asaase nyinaa so, na waahyɛ mmerɛ ato hɔ, na ɔde hyeɛ atoto nnipa tenabea nso,

27 na ama bɛapɛ Nyankopɔn akyi kwane, ahwehwɛ no anibereɛ so kosi sɛ bebehu no, nso nɔkwasɛm ne sɛ ɔne yɛ mu biaa ntam nware.

28 Na ɔnam ne so ne yɛwɔ nkwa, na yɛkeka yɛ ho na yɛte ase’; na ho mu anwensɛm atwerɛfoɔ bi mpo aka sɛ, ‘Yɛ nso yɛyɛ ne mma.’

29 Nti berɛ a yɛahu sɛ yɛyɛ Nyankopɔn asefoɔ yi, ɔnsɛ sɛ yesusu sɛ Nyankopɔn tebea te sɛ sikakɔkɔɔ anaa dwetɛ anaa boɔ, anaa adwenie bi a nipa de n’adwene adi anaa wabɔ ne tirim ayɔ.

30 Nyankopɔn buu n’ani guu mmerɛ a na bennim hwee he so, nso afei ɔɔka akyerɛ adasamma a bɛya mmaa nyinaa sɛ biaa nsakra n’adwene,

31 efiri sɛ waayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tim pɔ sɛ ɔnam beema bi a wayi no so bebu wiase atentenee mu, na wanyane no afiri awufoɔ mu de ayɔ nnyinasodeɛ ama nnipa nyinaa.”

32 Na bɛtee awufoɔ sɔreɛ he ho asɛm he, binom dii fɛw, na binom nso kaa sɛ, “Yebetie yei ho asɛm afiri wo nkyɛne bio berɛ foforɔ nso.”

33 Saa berɛ he Paulo gyaa bɛ hɔ kɔeɛ.

34 Nso mmeema bi de bɛ ho bɔɔ no bɛyɛɛ agyidifoɔ, bɛ mu binom ne Dionisio a ɔyɛ Areopago badwa he temmuafoɔ, ne baa bi a bɛfrɛ no Damari, ne afoforɔ a bɛka bɛ ho.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan