Asomafoɔ 16 - Apam FoforɔTimoteo ka bɛ ho ya Listra 1 Paulo kɔɔ Derbe ne Listra, baabi a na suani bi a bɛfrɛ no Timoteo a na ne maame yɛ Yudani na ne papa nso yɛ Helani ya. 2 Na agyidifoɔ a bɛya Listra ne Ikonium he kaa ne ho asɛm pa. 3 Na Paulo pɛɛ sɛ Timoteo di n’akyi. Na osiane Yudafoɔ a na bɛya hɔ he nti, ɔfaa no twaa no twetia, efiri sɛ na bɛ nyinaa nim sɛ ne papa yɛ Helani. 4 Afei berɛ a bɛnenam nkuro he so he bɛde mmara a asomafoɔ he ne mpanyimfoɔ a bɛya Yerusalem asi ho gyinaeɛ he maa bɛ sɛ benni so. 5 Nti asafo ahodoɔ he kɔɔ so yɛɛ dene gyidie mu na bɛkɔɔ so dɔree da biaa. Paulo anisoadehunu ya Troa 6 Afei bɛkɔfaa Frigia ne Galatia mpɔtamu efiri sɛ Honhom Kronkron he braa bɛ sɛ bɛnnka asɛm he Asia. 7 Na berɛ a beduruu Misia he, bɛyɛɛ bɛ adwene sɛ bɛbɛkɔ Bitinia, nso Honhom Kronkron ama bɛ kwane. 8 Nti betwaam Misia kɔɔ Troa. 9 Anadwo he Paulo nyaa anisoadehunu sɛ, Makedoniani bi gyina hɔ ɔɔserɛ no sɛ, “Bra Makedonia na bɛboa yɛ.” 10 Na onyaa anisoadehunu heaa pɛ ne yesiim sɛ yɛɛkɔ Makedonia efiri sɛ yehuu sɛ Nyankopɔn ne wafrɛ yɛ sɛ yɛnkɔka asɛmpa he nkyerɛ bɛ. 11 Nti yɛfaa nsuo so firi Troa baa Samotrake tee, na adeɛ kyeeɛ he, yɛkɔɔ Neapoli. 12 Na yefirii hɔ he, yɛkɔɔ Filipi a ɔyɛ Roma atubrafoɔ kuro titire ya Makedonia mantam mu. Yɛtenaa saa kuro he mu nna kakra. Lidia adwensakra 13 Homeda duruiɛ he, yepie faa kuro he pono ho kɔɔ asubɔntene bi ho, baabi a na yesusu sɛ yebenya baabi a bɛbɔ mpaeɛ. Na yɛtenaa ase kasa kyerɛɛ mmaa a na bɛahyiam hɔ he. 14 Na baa bi a bɛfrɛ no Lidia a ɔtɔno ntoma kɔkɔɔ a ofiri Tiatira na ɔsom Nyankopɔn he tiee yɛ asɛm he. Na Awurade biee n’akoma mu ma ɔyɛɛ aso maa nea Paulo kaeɛ he. 15 Afei berɛ a yɛbɔɔ ɔne ne fiefoɔ asu he, ɔde nkotosrɛ kaa sɛ, “Sɛ hoahu me sɛ nɔkwafoɔ ama Awurade a, hommɛtena me fie.” Na ɔkaeɛaa ma yɛkɔɔ ne fie. Afenaa bi ayaresa 16 Na dakoro bi, ɔbaa sɛ yɛɛkɔ baabi a bɛbɔ mpaeɛ he, yehyiaa afenaa bi a ɔwɔ akɔm honhom. Na ɔka daakye nsɛm ma ne wuranom nya ne so mfasoɔ pii. 17 Na odii yɛ ne Paulo akyi teateaam sɛ, “Nnipa yi yɛ Sorosoro Nyankopɔn nkoa a bɛɛpae mu aka nkwagyekwane ho asɛm akyerɛ ho.” 18 Ɔkɔɔ so yɔɔ saa nna pii. Na ɔyɛɛ Paulo ahomte ma ɔdanee n’ani ka kyerɛɛ honhom he sɛ, “Mehyɛ wo Yesu Kristo dini mu sɛ firi ne mu firi” Na ofirii ne mu saa dɔno heaa. 19 Na ne wuranom huu sɛ nea bɛ ani da so a ɔbɛma bɛ mfasoɔ he ahwere bɛ he, bɛsosɔɔ Paulo ne Silas mu twee bɛ kɔɔ dwa so kɔmaa atumfoɔ he. 20 Na bɛde bɛ baa mane mpanyimfoɔ he anim he, bɛkaa sɛ, “Saa mmeema yi yɛ Yudafoɔ a bɛɛha yɛ kuro yi, 21 na bɛɛkyerɛkyerɛ amanneɛ ahodoɔ bi a mmara mma yɛ a yɛyɛ Romafoɔ he kwane sɛ yedi so anaa yɛyɔ.” 22 Na nnipakuo he nyinaa sɔre kɔɔ bɛ so; na berɛ a mane he mu mpanyimfoɔ he sunsuanee bɛ ntaadeɛ ngugusoɔ mu he, bɛhyɛɛ sɛ bɛmmɔ bɛ mmaa. 23 Na bɛbɔɔ bɛ mmaa pii wieeɛ he, bɛtwee bɛ koguu afiase na bɛhyɛɛ afiasehwɛfoɔ he sɛ ɔnhwɛ bɛ so yie. 24 Osiane sɛ bɛhyɛɛ no saa nti, ɔde bɛ koguu afiase dane a ɔhyɛ mfimfini paa he mu kyekyeree bɛ nane bɔɔ dua mu. Afiasehwɛfoɔ he adwensakra 25 Na anadwo dasuom he, Paulo ne Silas bɔɔ mpaeɛ too nnwom yii Nyankopɔn ayɛ, na nneduafoɔ he tiee bɛ. 26 Mpofiremuaa asaase wosoɔ kɛseɛ bi si maa afiase he fapem wosowosoeɛ. Afei apono he nyinaa biebieɛ amonom hɔaa, na bɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn he nyinaa sanesaneeɛ. 27 Berɛ a afiasehwɛfoɔ he sɔre firii nna mu a ohuu sɛ afiase apono he abiebie he, ɔtwee ne sekane sɛ nka oobeku ne ho, efiri sɛ na osusu sɛ nneduafoɔ he adwane. 28 Na Paulo de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Nyɔ wo ho bɔne biaa, na yɛ nyinaa yɛya ha!” 29 Na ɔkɔgyee kanea di mmirika bɔ wuraa hɔ, na ɔde ahopopoɔ hwee Paulo ne Silas anim. 30 Na ɔde bɛ baa abɔntene bisaa sɛ, “me wuranom, mennyɛ dɛ na manya daa nkwa?” 31 Bebuaa sɛ, “Gye Awurade Yesu di, na ɔbɛgye wo ne wo fie nkwa.” 32 Bɛkaa Awurade asɛm kyerɛɛ ɔne ne fiefoɔ nyinaa. 33 Na ɔde bɛ kɔɔ bea foforɔ bi saa anadwo heaa komiaa bɛ akuro he; na ntɛmaa bɛbɔɔ ɔne ne fiefoɔ nyinaa asu. 34 Ɔde bɛ baa fie hɔ, na ɔde aduane besisii bɛ anim, na ɔne ne fiefoɔ nyinaa dii ahurusie sɛ wabɛyɛ Nyankopɔn gyidini. 35 Adeɛ kyeeɛ he, mane he mu mpanyimfoɔ somaa awɛmfoɔ sɛ bɛnkɔka nkyerɛ afiasehwɛfoɔ he sɛ, “Gyae saa mmeema yi ma bɛnkɔ.” 36 Na afiasehwɛfoɔ he kaa asɛm he kyerɛɛ Paulo, kaa sɛ, “Mane mpanyimfoɔ he asoma nnipa aba sɛ mennyae ho. Nti afei hommɛsene nkɔ asomdwie mu.” 37 Na Paulo buaa sɛ, “Bɛhwee yɛ badwam berɛ a yenni fɔ, nnipa a yɛyɛ Romafoɔ, na bɛde yɛ guu afiase, na afei deɛ beeyi yɛ kodɛɛ? Daabi da, na mmom ma bɛ ankasa mmra mmeyi yɛ.” 38 Awɛmfoɔ he kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ mpanyimfoɔ he. Berɛ a bɛtee sɛ bɛyɛ Romafoɔ he, bɛbɔɔ hu. 39 Nti bɛba bɛpaa bɛ kyɛw. Na beyii bɛ pieeɛ na bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ bemfiri kuro he mu nkɔ. 40 Befirii afiase he bɛkɔɔ Lidia fie. Na berɛ a bɛhyɛɛ anuanom nkurane wieeɛ he, bɛkɔeɛ. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana