Asomafoɔ 15 - Apam FoforɔAsomafoɔ ne mpanyimfoɔ nhyiamu ya Yerusalem 1 Afei nnipa binom baa Yudea a na bɛɛkyerɛkyerɛ sɛ, “Sɛ bɛantwa wo twetia sɛnea Mose mmara he ka he a, wontumi nya nkwa.” 2 Na Paulo ne Barnaba ne bɛ dii anobaabaeɛ asɛm he ho wieeɛ he, beyii Paulo ne Barnaba ne nnipa binom kaa ho sɛ bɛnkɔ Yerusalem na bɛ ne asomafoɔ he ne mpanyimfoɔ he nkɔ booboo asɛm he ho. 3 Nti asafo he gyaa bɛ kwane he, bɛkɔfaa Foinike ne Samaria kaa adwensakra a amanamane mufoɔ he anya he ho asɛm, na bɛmaa anuanom he nyinaa ani gyee kɛse. 4 Na beduruu Yerusalem he, asafo he ne asomafoɔ ne mpanyimfoɔ he gyee bɛ, na bɛkaa nea Nyankopɔn de bɛ ayɔ nyinaa kyerɛɛ bɛ. 5 Na Farisifoɔ he mu binom a bɛagye Nyankopɔn asɛm adi he sɔre kaa sɛ, “Ɔsɛ sɛ betwa bɛ twetia na bɛhyɛ bɛ sɛ benni Mose mmara so.” 6 Na asomafoɔ ne mpanyimfoɔ he behyiaa sɛ bɛɛbɛdwendwene asɛm yi ho. 7 Na bɛgyee ho akyinnye pii he, Petro sɔre ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Anuanom, ho ankasa honim sɛ mfitiaseɛ heaa ne Nyankopɔn yii me yɛ mu sɛ mene amanamane mufoɔ mfa m’anum asɛm so nte asɛmpa he na bɛnnye nni. 8 Na Nyankopɔn a onim akoma mu he maa bɛ Honhom Kronkron sɛnea ɔde maa yɛ heaa sɛ ɔnyɛ adansedie sɛ waagye bɛ atom. 9 Wamma nsonsonoeɛ amma yɛ ne bɛ ntam, na mmom ɔnam bɛ gyidie so tee bɛ akoma ho. 10 Afei mmɛ nti ne hosɔ Nyankopɔn hwɛ, sɛ hode konnua a yɛ nananom antumi ansoa to asuafoɔ he kɔno so? 11 Yɛgye di sɛ Awurade Yesu adom so mmom ne yɛnam nya nkwa, sɛ bɛ nso benya heaa.” 12 Na nnipadɔm he nyinaa yɛɛ komm, na betiee Barnaba ne Paulo berɛ a bɛkaa nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a Nyankopɔn nam bɛ so ayɔ ama amanamane mufoɔ ho asɛm. 13 Na bɛkasa wieeɛ he, Yakobo buaa sɛ, “Anuanom, hontie me.” 14 Simon aka sɛnea kane Nyankopɔn kɔhwɛɛ amanamane he, sɛ ooyi mane bi afiri bɛ mu ama ne dini. 15 Adiyifoɔ he asɛm he si yei so, sɛnea bɛatwerɛ sɛ, 16 ‘Yei akyi he mɛsane abesi Dawid ntomadane a ahwe ase he bio, na masi nea bɛadwiri agu he bio, 17 Na nnipa a aka he ne amanamane a bɛbɛbɔ me dini mu he nyinaa ahwehwɛ Awurade akyi kwane. 18 Awurade a ɔma behuu yeinom nyinaa firi wiase ahyɛaseɛ he ne ɔɔka.’ 19 Nti m’asɛm a mewɔ ka ne sɛ mma yɛnha amanamane mufoɔ a bɛadane aba Nyankopɔn nkyɛne he; 20 na yɛntwerɛ nkɔma bɛ sɛ, bɛntwe bɛ ho mfiri abosom afideɛ ne adwamammɔ ne mmoa a bɛanhwie bɛ mogyaa angu na bewuiɛ, ɔne mogyaa ho. 21 Na ofiri tete na Mose nyaa bɛ a bɛka ne ho asɛm nkuro nyinaa mu, na bɛkenkane no hyia adane mu homeda biaa nso. Bɛde mane nwoma kɔma amanamane asafo he 22 Afei asomafoɔ he ne mpanyimfoɔ he ne asafo mu he nyinaa hu sɛ ɔyɛ sɛ beyi bɛ mu binom ka Paulo ne Barnaba ho ma bɛkɔ Antiokia. Bɛ a beyii bɛ he ne Yuda a bɛfrɛ no Barsaba ne Silas, mmeema a na bɛyɛ akannifoɔ anuanom he mu. 23 Na bɛde krataa maa bɛ a na mu nsɛm ne sɛ, “Anuanom, asomafoɔ ne mpanyimfoɔ he twerɛ krataa yi de kɔma agyidifoɔ a befiri amanamane a ɔya Antiokia ne Siria ne Kilikia. Yɛkyea ho. 24 Esiane sɛ yɛate sɛ yɛ mu bi de nsɛm ɔɔteetee ho pɛ sɛ bɛsɛeɛ ho adwene berɛ a yɛmmaa bɛ akwankyerɛ biaa nti, 25 yɛayɛ adwenkorɔ na ɔyɛ yɛ anigye sɛ yebeyi mmeema aka yɛ adɔfoɔ Barnaba ne Paulo ho aba ho nkyɛne, 26 mmeema a bɛde bɛ kra ato hɔ, wuo mu oo nkwa mu oo, ama yɛ Awurade Yesu Kristo. 27 Nti ne yɛasoma Yuda ne Silas, sɛ bɛmfa bɛ anum asɛm so nka asɛm korɔ heaa nkyerɛ ho. 28 Na ɔsɔ Honhom Kronkron he ne yɛ ankasa yɛ ani sɛ yɛmmfa adesoa foforɔ biaa nto ho so, gye sɛ yeinom a ohia yi, 29 sɛ hontwe ho ho mfiri nnoɔma a bɛde abɔ afɔdeɛ ama abosom ne mogyaa ne mmoa a bɛanhwie bɛ mogyaa angu ne adwamammɔ ho. Sɛ hotwe ho ho firi yeinom ho a, obesi ho yie. Asomdwie nka ho.” 30 Nti bɛsomaa bɛ kɔɔ Antiokia. Bɛfrɛɛ asafo mma he boa ano, de krataa he maa bɛ. 31 Na bɛkenkane wieeɛ he, bedii ahurusie nkuranhyɛsɛm he ho. 32 Na Yuda ne Silas a na bɛ nso bɛyɛ adiyifoɔ he, kaa nsɛm pii de hyɛɛ bɛ nkurane na bɛhyɛɛ bɛ dene. 33 Na bɛtenaa hɔ kakra he, agyidifoɔ he gyaa bɛ kwane asomdwie mu ma bɛkɔɔ bɛ a bɛsomaa bɛ he hɔ. 34 (Nso Silas dwenee sɛ ɔyɛ sɛ ɔkɔ so tena hɔ.) 35 Na Paulo ne Barnaba kɔɔ so tenaa Antiokia, na bɛ ne nnipa foforɔ binom kyerɛkyerɛeɛ na bɛkaa Awurade asɛm. Silas sii Barnaba ananmu 36 Nna bi akyi he Paulo ka kyerɛɛ Barnaba sɛ, “Bra, na yɛnsane nkɔ na yɛnkɔsra agyidifoɔ a bɛya nkuro he mu a yɛkaa Awurade asɛm kyerɛɛ bɛ he na yɛnhwɛ sɛnea bɛ ho teɛ.” 37 Barnaba pɛɛ sɛ bɛde Yohane a ɔsane de Marko he ka bɛ ho. 38 Nso Paulo yɔɔ n’adwene sɛ esiane sɛ ogyaa bɛ hɔ berɛ a beduruu Pamfilia na ɔne bɛ ankɔyɔ adwuma he nti, ɔnsɛ sɛ bɛde no ka bɛ ho kɔ. 39 Yei de akasakasaa a mu ɔdene baeɛ, na bedii mpaepaemu; Barnaba faa Marko kaa ne ho ma bɛfaa po so hyɛne de kɔɔ Kipro. 40 Paulo nso faa Silas, na berɛ a agyidifoɔ de Paulo hyɛɛ Awurade adom ase he, befirii hɔ kɔeɛ. 41 Na ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyehyɛɛ asafo ahodoɔ he dene. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana