Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafoɔ 14 - Apam Foforɔ


Paulo ne Barnaba kɔɔ Likaonia

1 Saa asɛm korɔ heaa bi sii Ikonium. Berɛ a bɛkɔɔ Yudafoɔ hyiadane mu he bɛkasa maa nnipakuo kɛseɛ bi a befiri Yudafoɔ ne Helafoɔ mu bɛyɛɛ agyidifoɔ.

2 Na Yudafoɔ a bɛannye anni he tutu guu amanamane mufoɔ he asom ma benyaa anuanom ho adwemmɔne.

3 Na bɛtenaa hɔ berɛ pii de akokoɔduro kasa maa Awurade, na Awurade ankasa dii n’adom ho asɛm he ho adanseɛ denam nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ahodoɔ a ɔnam bɛ nsa so yɔeɛ he so.

4 Na kuro he mufoɔ he mu kyɛɛ mmienu, na binom kɔɔ Yudafoɔ he afa, na binom nso kɔɔ asomafoɔ he afa.

5 Na berɛ a Amanamane mufoɔ ne Yudafoɔ ne bɛ sodifoɔ he nyinaa yɛɛ sɛ bɛɛbɛhyɛ bɛ aniɔyea na bɛasi bɛ aboɔ he,

6 asomafoɔ he teeɛ, na bedwane kɔɔ Likonia nkuro Listra ne Derbe, ne asaase a atwa ho ahyia so,

7 na bɛkɔɔ so pae mu kaa asɛmpa he ya hɔ.

8 Na beema bi ya Listra a ɔte hɔ a ontumi nnyina ne nane so, efiri sɛ na ɔyɛ bubuani firi ne maame yam.

9 Otiee Paulo bere a na ɔɔkasa he. Na Paulo hwɛɛ no gyee na ohuu sɛ ne gyidie betumi ama ne ho ayɛ no dene,

10 ɔteaam kaa sɛ, “sɔre gyina hɔ kyirebenn.” Na beema he huri gyina firii aseɛ nanteɛ.

11 Na nnipakuo he huu nea Paulo ayɔ he, bɛteaam Likonia kasa mu sɛ, “abosom he ayɛ bɛ ho sɛ nnipa asane aba yɛ nkyɛne!”

12 Bɛfrɛɛ Barnaba Seus, na Paulo nso bɛfrɛɛ no Hemes, efiri sɛ ɔno ne na ɔyɛ kasamafoɔ.

13 Na Seus a n’asɔredane ya kuro he anim he sɔfoɔ de anantwinyini ne nhwiren a bɛakyekyere baa kuro he pono ano pɛɛ sɛ ɔne nnipakuo he de bɛbɔ afɔdeɛ.

14 Na asomafoɔ Barnaba ne Paulo teeɛ he, besunsuanee bɛ ntaadeɛ mu tutuu mmirika kɔɔ nkurofoɔ he mu teaam sɛ,

15 “Anuanom, ɛɛne nti ne ho ɔɔyɔ yei? Yɛ nso yɛyɛ nnipa sɛ hoaa, na yɛka asɛmpa kyerɛ ho sɛ honnane mfiri ahuhudeɛ yi ho nkɔ Nyankopɔn a ɔte ase he nkyɛne; ɔno ne bɔɔ soro ne asaase ne po ne deɛ ɔya mu nyinaa.

16 Ɔno ne tete berɛ a atwam he, ogyae amanamane nyinaa maa bɛfaa bɛaa bɛ akwane so,

17 nso ɔnam ne nnwuma pa so ma nsuo tɔ firi soro ma ho, ɔma nnɔbaeɛ ba ne berɛ mu, ɔma ho aduane ne anigyeɛ ma ho bo tɔ ho yam, na ɔnam so ada ne ho adi sɛ ɔyɛ Nyankopɔn.”

18 Na nea bɛkaeɛ nyinaa akyi he, bɛka berɛɛ paa ansa na nnipakuo he oogyae afɔdeɛ a bɛpɛɛ sɛ bɛbɔ ama bɛ he bɔ.

19 Na Yudafoɔ bi firi Antiokia ne Ikonium baeɛ; na nnipakuo he baa bɛ afa. Na besii Paulo aboɔ twee no firii kuro he mu susuu sɛ waawu.

20 Nso berɛ a asuafoɔ he twaa ne ho hyiaeɛ he, ɔsɔre kɔɔ kuro he mu. Adeɛkyeeɛ he ɔne Barnaba kɔɔ Derbe.

21 Na bɛpae mu kaa asɛmpa he saa kuro he so, na benyaa asuafoɔ bebree he, bɛsane baa Listra, na bɛkɔɔ Ikonium ne Antiokia.

22 Hɔ ne bɛhyɛɛ akra he dene na bɛhyɛɛ bɛ nkuranee sɛ bɛntoa gyidie he so. Na afei bɛkaa sɛ, “ɔsɛ sɛ yɛfa taa pii mu na yɛakɔ Nyankopɔn ahennie he mu.”

23 Na beyii mpanyimfoɔ maa asafo biaa, na bɛde akɔmkyene bɔɔ mpaeɛ de bɛ hyɛɛ Awurade a bɛabenya ne mu gyidie he nsa.

24 Na betwaa mu Pisidia he, bɛbaa Pamfilia.

25 Bɛkaa asɛm he ya Perge he, bebeduruu Atalia.

26 Na befiri hɔ faa nsuo so kɔɔ Antiokia, baabi a asuafoɔ he de bɛ hyɛɛ Nyankopɔn adom ase maa adwuma a bɛakowie he.

27 Na bɛbaeɛ he, bɛfrɛɛ asafo he boaa ano, na bɛkaa nea Nyankopɔn de bɛ akɔyɛ nyinaa ne sɛnea wabie gyidie pono ama amanamane mufoɔ he.

28 Na bɛne asuafoɔ he nyinaa tenaa hɔ mmerɛ kakra.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan