Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafoɔ 13 - Apam Foforɔ


Bɛsomaa Barnaba ne Saulo

1 Antiokia asafo he mu he, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ ya mu, Barnaba ne Simeon a bɛfrɛ no Niger he, ne Lukio a ofiri Kirene, ne Manaen a bɛtetee ɔne Herode a ɔyɛ mantam sodifoɔ he, ne Saulo.

2 Berɛ a bɛɛsom Awurade na bɛɛyɔ akɔmkyene he, Honhom Kronkron he kaa sɛ, “Honyi Barnaba ne Saulo mma me, na bɛnkɔ yɔ adwuma a mafrɛ bɛ sɛ bɛmmɛyɔ he.”

3 Na bɛyɔɔ akɔmkyene wieeɛ a bɛbɔɔ mpaeɛ he, bɛde bɛ nsa guu bɛ so gyaa bɛ kwane.

4 Nti, saa mmeema yi a Honhom Kronkron asoma bɛ he kɔɔ Seleukia, na befirii hɔ de po so hyɛne kɔɔ Kipro.

5 Berɛ a beduru Salami he, befirii aseɛ bɔɔ Nyankopɔn asɛm he dawuro Yudafoɔ hyia adane mu. Na Yohane boaa bɛ bɛ dwumadie mu.


Sergio Paulo ne Elima

6 Berɛ a bɛfaa supɔ he so koduruu Pafo he, behyiaa Yudani beema bi a ɔyɛ nkonyaayifoɔ, diyifoɔ torɔfoɔ bi a bɛfrɛ no Bar-Yesu,

7 na ɔya Amrado Sergio Paulo a ɔyɛ nyansani he nkyɛne. Berɛ a bɛfrɛɛ Barnaba ne Saulo maa no he, amrado he hwehwɛɛ sɛ ɔbɛte Nyankopɔn asɛm.

8 Nso na nkonyaayifoɔ Elima (a Hela kasaa mu bɛfrɛ no Bar-Yesu) ya hɔ; ofirii aseɛ ne bɛ dii asie, pɛɛ sɛ ɔdane amrado he firi gyidie he ho.

9 Afei Saulo a na bɛsane frɛ no Paulo a na Honhom Kronkron ahyɛ no ma he hwɛɛ no gyee

10 kaa sɛ, “Wo, beema a asisie ahyɛ wo ma, Bronsam ba, a wotane tenenee nyinaa, wonnyae sɛ wokyea Awurade kwane a ɔtene he?

11 Afei tie! Awurade nsa ya me so, na w’ani befira, a wonhu awia hann kosi berɛ bi.” Amonom hɔaa Bar-Yesu ani so yɛɛ no kusuu na sum duruu no, na okyini hwehwɛɛ nnipa a bɛbɛsɔ ne nsa akyerɛ no kwane.

12 Afei berɛ a amrado he huu nea asi he, ɔgye diiɛ, efiri sɛ Awurade ho nkyerɛkyerɛ he yɛɛ no ahodwiri.

13 Afei mmeema he ne Paulo faa po so firii Pafo kɔɔ Perge a ɔya Pamfilia. Na Yohane deɛ, ɔne bɛ dii ntete mu sane kɔɔ Yerusalem.

14 Nso bɛde bɛ firii Perge baa Antiokia a ɔya Pisidia, na bɛkɔɔ hyiadane mu homeda kɔtenaa ase.

15 Bɛkenkanee mmara ne adiyifoɔ he badwam wieeɛ he, hyiadane mu mpanyimfoɔ he somaa nnipa kɔɔ bɛ nkyɛne sɛ, “Anuanom, sɛ howɔ nkuranhyɛsɛm bi ma nnipa yi a, honka.”

16 Nti Paulo sɔre nyam ne nsa kaa sɛ: “Ho Israelfoɔ ne ho a hosuro Nyankopɔn, hontie!

17 Israel mane yi, Nyankopɔn yii yɛ agyanom, na ɔmaa bɛ so berɛ a na bɛyɛ ahɔhoɔ Misraim asaase so he nam ne tumi so yii bɛ firii hɔ.

18 Na bɛyɛ mfie aduannan mu he, onyaa bɛ nneyɔeɛ ho aboterɛ serɛ he so.

19 Na ɔsɛee amane nson Kanaan asaase so akyi he, ɔkyekyɛɛ asaase he de maa bɛ sɛ bɛ agyapadeɛ;

20 ne nyinaa sii bɛyɛ mfie ahanan aduonum mu. Na yeinom akyi he, ɔmaa bɛ atemmufoɔ de besii diyifoɔ Samuel so.

21 Na ofiri ɔno so he, bebisaa hene, na Nyankopɔn de Kis ba Saulo, beema a ofiri Benyamin abusua mu, maa bɛ mfie aduannan.

22 Na oyii no firi hɔ, na ɔde Dawid bɛyɛɛ bɛ hene, na odii ne ho adanseɛ kaa sɛ, ‘Maahu Yisai ba Dawid, beema a ɔda m’akoma so, ɔno ne bɛyɔ nea mepɛ nyinaa.’

23 Saa beema yi aseni ne Yesu a Nyankopɔn yii no maa Israel sɛ Agyenkwa, sɛnea ne bɔhyɛ teɛ he.

24 Yohane a odii Yesu anim baeɛ he kaa asubɔ a ɔyɛ adwensakra ho nsɛnkyerɛnne ho asɛm badwam kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa.

25 Na berɛ a Yohane dwumadie ɔɔba awieeɛ he, ɔkaa sɛ, ‘Hosusu sɛ me ne Agyenkwa he anaa? Ɔnnyɛ me ne no. Nso, hwɛ, bi di m’akyi ɔɔba a memfata sɛ mesane ne nane ase mpaboa mpo.’

26 “Me nuanom, Abraham asefoɔ ne bɛ a besuro Nyankopɔn, yɛ ne bɛde nkwagyeɛ yi ho asɛm abra yɛ.

27 Na osiane sɛ bɛ a bɛtete Yerusalem ne bɛ sodifoɔ he anhu no na bɛante adiyifoɔ he nsɛm a bɛkenkanee no Homeda biaa he ase nti, bebuu no fɔ maa adiyifoɔ he nsɛm he baa mu.

28 Na bɛanhu hwee a ɔkyerɛ sɛ ɔsɛ wuo deɛ, nso bɛkaa sɛ Pilato mma benku no.

29 Afei, berɛ a bɛyɔɔ nea bɛatwerɛ afa ne ho nyinaa wieeɛ he, beyii no firii asennua he so de no too adamena mu.

30 Nso Nyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu;

31 na bɛ a bɛne no firi Galilea kɔɔ Yerusalem he huu no nna pii, na seesei bedi ne ho adanseɛ kyerɛ nkurofoɔ.

32 Ɔno nti, yɛɛka bɔhyɛ a bɛde maa nananom he ho asɛm akyerɛ ho,

33 sɛ Nyankopɔn ama aba mu koraa ama yɛ a yɛyɛ bɛ mma he, efiri sɛ wanyane Yesu, sɛnea bɛatwerɛ ya Dwom a ɔtɔ so mmienu he mu sɛ, ‘Woyɛ me ba, nnɛ maayɛ w’Agya.’

34 Nea waka afa nyane a onyanee no firii awufoɔ mu a, ɔnsane nkɔ porɔeɛ mu he ne sɛ, ‘Mede bɔhyɛ kronkron a Dawid nyaeɛ he bɛ ma wo.’

35 Nti ɔno nso kaa no nnwom foforɔ mu sɛ, ‘Womma wo Kronkronni he honam mporɔ.’

36 Na Dawid deɛ, ɔyɔɔ Nyankopɔn pɛ a bɛada no adi he ya ɔno ankasa n’awoɔ ntoatoasoɔ mu, na owuiɛ, na besiee no ɔnoaa ne nananom nkyɛne, na ɔporɔeɛ;

37 na nea Nyankopɔn ama no so he anhu porɔeɛ.

38 Nti me nuanom, honhu sɛ yɛnam nipa yi so ɔɔpae mu aka bɔne fakyɛ ho asɛm akyerɛ ho.

39 Na saa Yesu yi ne ɔnam ne so a nnipa a bɛgye no di nyinaa nya bɔne fakyɛ bɔne a bɛantumi amfa Mose mmara so ammu ho bem ho.

40 Nti honhwɛ na nea Adiyifoɔ he aka he amma ho so:

41 ‘Ho a hobu Nyankopɔn asɛm animtia, honhwɛ ma ɔnyɛ ho nwanwa na honyera mfiri m’anim, efiri sɛ meeyɔ adwuma bi ho berɛ so, adwuma a sɛ bi ka ho asɛm nyinaa kyerɛ ho mpo a, honnye nni.’ ”

42 Paulo ne Barnaba ɔɔkɔ he, nnipa hyɛɛ bɛ nkurane sɛ bɛnka saa nsɛm yiaa homeda a odi hɔ he.

43 Nti hyiadane he mu nhyiamu he baa awieeɛ he, Yudafoɔ he mu pii ne bɛ a bɛabɛdɔm Yudafoɔ som he na besuro Nyankopɔn he dii Paulo ne Barnaba akyi, na bɛkasa kyerɛɛ bɛ hyɛɛ bɛ nkurane sɛ bɛnkɔ so ntena Nyankopɔn adom mu.

44 Na homeda a odi hɔ he duruiɛ he, kuro mu he nyinaa hyiaa sɛ beebetie Awurade asɛm.

45 Na Yudafoɔ he huu nnipakuo he, ahoɔyea hyɛɛ bɛ ma. Na bɛkaa abususɛm de bɔɔ nea Paulo kaeɛ he abira.

46 Na afei Paulo ne Barnaba kasaa akokoɔduro so sɛ, “Na ohia sɛ yɛka Nyankopɔn asɛm kyerɛ ho kane. Na ɔnam sɛ hoapo asɛm he na hobu ho ho sɛ homfata daa nkwa he nti, yɛde asɛm he ɔɔkɔ Amanamane mufoɔ hɔ.

47 Na saa ne Awurade ahyɛ yɛ sɛ, ‘Mede wo asi hɔ sɛ Amanamane mufoɔ kanea, na ama wode nkwagyeɛ akoduru asaase ano nohoa.’ ”

48 Berɛ a Amanamane mufoɔ tee yei he, bɛ ani gyeeɛ, na bɛhyɛɛ Awurade asɛm animuonyam, na dodoɔ a na Nyankopɔn ayi bɛ ama daa nkwa he bɛyɛɛ agyidifoɔ.


Taa de bɛ kɔɔ Ikonium

49 Nti Nyankopɔn asɛm he trɛɛ pom hɔ nyinaa.

50 Na Yudafoɔ he hyɛɛ mmaa a bedi mu, ne mmeema atitire he kutupa ma bɛtaa Paulo ne Barnaba pamoo bɛ firi mpɔtamu hɔ.

51 Nti Paulo ne Barnaba proproo bɛ nane ase mfuturo sɛ ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne ntia kuro mu hɔfoɔ, na bɛkɔɔ Ikonium.

52 Na anigyeɛ ne Honhom Kronkron hyɛɛ asuafoɔ he ma.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan