Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafoɔ 11 - Apam Foforɔ


Petro bɔɔ amanneɛ kyerɛɛ Yerusalem asɔre he

1 Afei asomafoɔ he ne agyidifoɔ a bɛya Yudea he tee sɛ amanamane mufoɔ he nso agye Nyankopɔn asɛm.

2 Nti berɛ a Petro baa Yerusalem he, bɛ a bekura twetiatwa nhyehyɛeɛ mu he kasakasaeɛ

3 sɛ, “Ɛɛne nti ne wokɔɔ bɛ a bentwaa bɛ twetia fie ne bɛ kodidiiɛ yi?”

4 Na Petro hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ nsɛm he mu mmaako mmaako kyerɛɛ bɛ sɛ,

5 “Na meya Yopa kuro mu ɔɔbɔ mpaeɛ, na afei bibi tɔɔ me so ma menyaa anisoadehunu bi, adeɛ bi a ɔte sɛ nwera ntoma kɛseɛ bi siane firii soro baa asaase so te sɛ nea nnipa binom kita anoano nnan he na beegyaagyaa mu, na ɔbɛnee me.

6 Mehwɛɛ mu he, mehuu asaase so ntɔteboa ne nkekaboa ne mmoa a bɛwea ne wiem nnomaa.

7 Afei metee sɛ nne bi dɛ, ‘Petro, sɔre ku bi na di.’

8 Na mekaa sɛ, ‘Daabi da, Awurade, efiri sɛ mennii bibiaa ho agu fi anaa ho nte da.’

9 Nso ne mprenu so he, nne he kasa firii soro sɛ, ‘Nea Nyankopɔn ate ho he, ɔnsɛ sɛ wofrɛ no sɛ ho agu fi.’

10 Yei sii mprɛnsa, na afei bɛtwee bibiaa sane kɔɔ soro.

11 Saa berɛ heaa, mmeema mmeɛnsa a bɛasoma bɛ firi Kaesarea sɛ bɛmmra me nkyɛne begyinaa fie a yɛte mu he aboboɔ ano.

12 Nti Honhom he ka kyerɛɛ me sɛ me ne bɛ nkɔ, menntwentwɛne me nane ase koraa. Na anuanom nsia yi nso ne me kɔeɛ, na yɛhyɛne beema he fie.

13 Ɔka kyerɛɛ yɛ sɛ, ohuu bɔfoɔ sɛ ogyina ne fie a ɔɔka sɛ, ‘Soma nnipa kɔ Yopa ma bɛnkɔfrɛ Simon a bɛfrɛ no Petro he mmra,

14 na ɔbɛka nea ɔbɛma bɛagye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa akyerɛ wo.’

15 Na bere a mefirii aseɛ sɛ meekasa he, Honhom Kronkron baa bɛ so sɛnea yɛ nso ɔbaa yɛ so mfitiaseɛ he.

16 Na mekae Awurade asɛm he, sɛnea na ɔtaa ka sɛ, ‘Yohane deɛ, ɔde nsuo ne bɔɔ asu, nso ho deɛ bɛde Honhom kronkron ne bɛbɔ ho asu.’

17 Nti sɛ Nyankopɔn maa bɛ akyɛdeɛ korɔ heaa sɛnea ɔmaa yɛ a yɛagye Awurade Yesu Kristo adi he a, mene hwane a metumi asi Nyankopɔn kwane?”

18 Bɛtee yei he, bɛgye toom. Na beyii Nyankopɔn ayɛ sɛ, “Hedeɛ Nyankopɔn ama amanamane mufoɔ nso anya adwensakra a ɔkɔ nkwa mu.”


Amanamane mu asafo a odi kane

19 Afei bɛ a ahohiahia a ɔnam Stefano so baeɛ he maa bɛbɔ hweteeɛ he kɔeɛaa kɔfaa Foinike ne Kipro ne Antiokia, nso bɛanka asɛm he ankyerɛ biaa sɛ Yudafoɔ nkoaa.

20 Na binom ya bɛ mu a bɛyɛ Kiprofoɔ ne Kirenefoɔ a bɛaba Antiokia. Saa nnipa yi pae mu kaa Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ nnipa a bɛka Hela kasa he.

21 Na Awurade nsa ya bɛ so, na nnipa pii bɛyɛɛ agyidifoɔ dane baa Awurade nkyɛne.

22 Bɛ ho asɛm duruu asafo a ɔya Yerusalem he nkyɛne, na bɛsomaa Barnaba kɔɔ Antiokia.

23 Berɛ a oduruu hɔ na ohuu Nyankopɔn adom he, odii ahurusie na ofiri aseɛ hyɛɛ bɛ nyinaa nkurane sɛ bɛnkɔ so mfa akoma a onhinhim ntena Awurade mu daa.

24 Na ɔyɛ nipa pa na Honhom Kronkron ne gyidie ayɛ no ma. Na nnipadɔm gyee Awurade diiɛ.

25 Na afei Barnaba kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo,

26 na ohuu no he, ɔde no baa Antiokia. Nti ɔbaa sɛ afe mũ he nyinaa he, bɛne asafo he hyia, na bɛkyerɛkyerɛɛ nnipadɔm pii, na Antiokia ne bedii kane frɛɛ asuafoɔ he Akristofoɔ.

27 Saa nna he mu he, adiyifoɔ firi Yerusalem baa Antiokia.

28 Bɛ mu baako a bɛfrɛ no Agabo sɔreeɛ, na ɔnam Honhom so hyɛɛ nkɔm sɛ kɔm kɛseɛ bi ɔɔba asaase nyinaa so, na nkɔmhyɛ yi baa mu Klaudio berɛ so.

29 Nti asuafoɔ he nyinaa bɔɔ bɛ adwene pɔ sɛ bɛde nnoɔma biaa bebetumi ayi bɛkɔ akɔsom agyidifoɔ a bɛya Yudea he,

30 na bɛyɔɔ saa, somaa Barnaba ne Saulo ma bɛde kɔmaa mpanyimfoɔ he.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan