Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Asomafoɔ 10 - Apam Foforɔ


Petro ne Kornelio

1 Na beema bi ya Kaesarea a bɛfrɛ no Konelio, a ɔyɛ Italia asrafodɔm ha so panyini.

2 Na ɔyɛ nipa a ɔwɔ ahofama na ɔne ne fiefoɔ nyinaa suro Nyankopɔn, na ɔyɛ nkurofoɔ adɔeɛ pii na ɔde adesrɛ to Nyankopɔn anim daa.

3 Bɛyɛ awia nnɔn mmeɛnsa berɛ mu he, ohuu Nyankopɔn bɔfoɔ pefee anisoadehunu mu sɛ waba ne nkyɛne na ɔɔfrɛɛ no sɛ, “Konelio.”

4 Beema he hwɛɛ no dinn, na hu kaa no ma obisaa sɛ, “Awurade, ɛɛne a?” Obuaa sɛ, “Wo mpaebɔ ne w’adɔeɛ aforo soro ayɛ nkaeɛ Nyankopɔn anim.

5 Nti afei soma mmeema ma bɛnkɔ Yopa nkɔfrɛ Simon a bɛfrɛ no Petro he mmra.

6 Saa beema yi akɔsoeɛ nwomahyɛni bi a ɔde Simon a ne fie ya po he ano.”

7 Berɛ a bɔfoɔ a ɔne no kasaeɛ he kɔeɛaa pɛ, ɔfrɛɛ ne fie nkoa mmienu ne sraani bi a ɔwɔ ahofama firii bɛ a bɛsom no daa he mu,

8 na ɔkaa bibiaa kyerɛɛ bɛ somaa bɛ kɔɔ Yopa.

9 Adeɛ kyeeɛ a bɛnam kwane so ɔɔkɔ na bɛɛyɛ aduru kuro he mu he, Petro kɔɔ dane he atifi bɛyɛ awia dummienu berɛ mu kɔbɔɔ mpaeɛ.

10 Afei kɔm dee no paa ma ɔpɛɛ sɛ odidi. Berɛ a begu so ɔɔyɛ aduane he, onyaa anisoadehunu

11 na ohuu sɛ soro abie na adeɛ bi a ɔte sɛ nwera ntoma kɛseɛ bi oosiane firi soro ɔɔba asaase so te sɛ nea nnipa binom kitakita anoano nnan he na beegyaagyaa mu.

12 Na ntɔteboa ne mmoa a bɛwea asaase so ne wiem nnomaa nyinaa bi yam.

13 Na ɔtee nne bi sɛ, “Petro, sɔre ku bi na di!”

14 Nso Petro kaa sɛ, “Daabi da, Awurade, efiri sɛ mennii bibi a ho agu fi anaa ho nte biaa da.”

15 Na nne he ka kyerɛɛ no ne mprenu so sɛ, “Mfrɛ nnoɔma a Nyankopɔn ate ho sɛ ho agu fi.”

16 Yei baa ne mprɛnsa so, na hɔaa bɛfaa adeɛ a ɔte sɛ nwera he kɔɔ soro.

17 Afei berɛ a anisoadehunu he nti na Petro tim ayɛ no kesenenee he, hwɛ, na mmeema a Konelio somaa bɛ he abisabisa Simon fie kwane ma bɛabegyina pono he ano.

18 Na bɛfrɛ bisaa sɛ ebia Simon a bɛfrɛ no Petro he abɛsoeɛ hɔ.

19 Berɛ a Petro gu so ɔɔdwennwene anisoadehunu he ho he, Honhom he kaa sɛ, “Hwɛ, nnipa mmeɛnsa bi ɔɔhwehwɛ wo.

20 Wo deɛ, sɔre, si fam na wo ne bɛ nkɔ berɛ a wontwentwɛne wo nane ase, efiri sɛ me ne m’asoma bɛ.”

21 Nti Petro sii fam kɔɔ mmeema he nkyɛne kɔkaa sɛ, “Hwɛ, mene nea hoohwehwɛ no he. Ɛɛne nti ne ho baa ha?”

22 Bɛkaa sɛ, “Bɔfoɔ kronkron bi de Nyankopɔn akwankyerɛ maa Konelio, asraafoɔ ha so hwɛfoɔ, teneneeni a osuro Nyankopɔn, a Yudafoɔ nyinaa bɔ no dini pa he sɛ ɔnsoma ma bɛmmɛfa wo mmra ne fie na ontie nea wowɔ ka.”

23 Nti ɔde bɛ baa fie na ɔsom bɛ sɛ ahohoɔ. Adeɛ kyeeɛ he ɔsɔre ne bɛ kɔeɛ, na agyidifoɔ binom a befiri Yopa ka bɛ ho.

24 Da a odi hɔ he, oduruu Kaesarea. Na Konelio nso afrɛfrɛ n’abusuafoɔ ne ne nnamfonom nyinaa ɔɔtwɛne bɛ.

25 Berɛ a Petro piee hɔ he, Konelio kohyiaa no hwee ne nane ase sɔree no.

26 Nso Petro maa no so kaa sɛ, “Sɔre; me nso meyɛ nipa te sɛ woaa.”

27 Na berɛ a ɔne no gu so ɔɔbɔ nkɔmmɔ he, ɔkɔɔ fie he mu kohuu sɛ nnipa bebree ahyiam,

28 na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho ankasa honim pefee sɛ mmara mma kwane sɛ Yudani ne abusua foforɔ munii bɛbɔ anaa ɔbɛbɛne no, nso Nyankopɔn akyerɛ me sɛ ɔnsɛ sɛ mefrɛ nipa biaa sɛ ne ho agu fi anaa ne ho nte.

29 Ne saa nti bere a bɛsoma bɛfrɛɛ me he, manyi ano koraa ne mebaeɛ. Afei, mmɛ nti ne hosoma ma bɛfrɛɛ me.”

30 Na Konelio kaa sɛ, “Nnannan di, saa berɛ yi muaa, na meya me fie awia nnɔn mmeɛnsa berɛ mu ɔɔbɔ mpaeɛ, na hwɛ, beema bi a ɔhyɛ ataadeɛ hyerɛnhyerɛn begyinaa m’anim.

31 Na ɔkaa sɛ, ‘Konelio Nyankopɔn atie wo mpaebɔ na w’adɔeɛ aduru n’anim.

32 Nti soma kɔ Yopa kɔfrɛ Simon a bɛfrɛ no Petro he. Saa beema yi abɛsoeɛ Simon a ɔyɛ nwomahyɛni he fie po he ano.’

33 Nti ntɛmaa na mesoma ma bɛbaa wo nkyɛne, na woabɔ mmɔdene sɛ woaba. Yei nti yɛ nyinaa ahyiam Nyankopɔn anim saa bere yi sɛ yeebetie nea Awurade ahyɛ wo sɛ ka nyinaa.”

34 Na Petro biee n’ano kaa sɛ, “Nɔkwasɛm di, maahu sɛ Nyankopɔn nyɛ nyiyimu,

35 na mmom mane biaa mu he, nipa a osuro no na ɔyɔ adetenenee he, ɔgye no tom.

36 Ɔde asɛm he kɔmaa Israel mma, na ɔkaa asomdwie a ɔnam Yesu Kristo so ba he ho asɛm pa kyerɛɛ bɛ, yei ne nnipa nyinaa wura.

37 Saa asɛm yi trɛɛ Yudea nyinaa, ofiri aseɛ Galilea berɛ a Yohane kaa asubɔ ho asɛm he akyi.

38 Yesu Nasareni he, Nyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi hyɛɛ no ma, na okyinikyinii asaase he so yɔɔ papa, na ɔsaa bɛ a Bronsam hyɛ bɛ so nyinaa yadeɛ, efiri sɛ na Nyankopɔn ka ne ho.

39 Yɛyɛ nnwuma a ɔyɔeɛ ya Yudea ne Yerusalem nyinaa ho adansefoɔ. Bɛde no sɛnee asennua so kuu no.

40 Nso Nyankopɔn nyanee no da a ɔtɔ so mmeɛnsa na ɔmaa no kwane sɛ onyi ne ho adi nkyerɛ,

41 ɔnyɛ nnipa nyinaa, na mmom bɛ a Nyankopɔn ayi bɛ sɛ adansefoɔ he, na ne wusɔreɛ akyi he bɛ ne no didiiɛ, na bɛnomeeɛ.

42 Ɔhyɛɛ yɛ sɛ yɛnka nkyerɛ mane he na yenni adanseɛ sɛ ɔno ne Nyankopɔn ayi no sɛ ateasefoɔ ne awufoɔ nyinaa temmufoɔ.

43 Adiyifoɔ he nyinaa dii ne ho adanseɛ sɛ biaa a ɔgye no di he benya bɔne fakyɛ ne dini mu.”

44 Petro gu so ɔɔkasa he, Honhom Kronkron siane baa bɛ a bɛtee asɛm he nyinaa so.

45 Agyidifoɔ a bɛatwa bɛ twetia a na bɛ ne Petro nam he ho dwirii bɛ sɛ akyɛdeɛ a ɔyɛ Honhom Kronkron he asiane agu amanamane mufoɔ mpo so,

46 efiri sɛ, bɛtee sɛ bɛɛka kasa foforɔ na beeyi Nyankopɔn ayɛ. Na Petro bisaa sɛ,

47 “Hwane ne betumi asi yeinom a bɛanya Honhom Kronkron sɛ yɛaa yi ho kwane sɛ yɛmfa nsuo mmɔ bɛ asu?”

48 Nti ɔhyɛɛ ma bɛbɔɔ bɛ asu Yesu Kristo dini mu. Afei bɛsrɛɛ no sɛ onni nna kakra bɛ nkyɛne.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan