Asomafoɔ 1 - Apam Foforɔ1 Teofilo, nwoma a odi kane a metwerɛeɛ he fa nnoɔma a Yesu firii aseɛ yɔeɛ na ɔkyerɛkyerɛeɛ nyinaa 2 de besi da a ɔnam Honhom Kronkron so maa asomafoɔ a oyii bɛ he ahyɛdeɛ, na ɔno akyi he bɛfaa no kɔɔ soro. 3 N’amanehunu akyi he, ɔnam adanseɛ pii so yii ne ho adi kyerɛɛ bɛ sɛ ɔte ase maa behuu no adaduannan ntam. Na ɔkaa Nyankopɔn ahennie he ho asɛm. 4 Na ɔne bɛ hyiaeɛ he, ɔhyɛɛ bɛ sɛ: “Hommfiri Yerusalem nkɔ, na mmom hontwɛne nea Agya he ahyɛ ho bɔ a, hotee sɛ mekaa ho asɛm 5 sɛ, Yohane deɛ, ɔde nsuo ne bɔɔ asu, na ho deɛ, nna yi mu, ɔnkyɛre bɛbɛbɔ ho asu Honhom Kronkron mu.” 6 Berɛ a behyiaeɛ he, bebisaa no sɛ, “Awurade, berɛ yi mu ne bɛbɛsane de ahennie he ama Israel anaa?” 7 Afei obuaa bɛ sɛ, “Ɔnyɛ ho asɛm sɛ hobehu berɛ anaa nna a Agya he ankansa de ne tumi ahyɛ ato hɔ, 8 na mmom sɛ Honhom Kronkron he nya ba ho so a, hobenya ahoɔdene, na hoayɛ m’adansefoɔ ya Yerusalem, Yudea ne Samaria de akɔpem asaase ano nohoa.” 9 Na ɔkaa yeinom wieeɛ a na bɛɛhwɛ no he, bɛmaa no so, na mununkum bɛkataa no so a afei na benhu no bio. 10 Na ɔɔkɔ na asuafoɔ he ɔɔhwɛ soro haa he, mpofiremuaa nnipa mmienu bi a bɛhyɛ ntaadeɛ fitaa begyinaa ne nkyɛne. 11 Na bɛkaa sɛ, “Galilea mmeema, ɛɛne nti na hogyina ha ɔɔhwɛ soro haa yi? Yesu yi a bɛafa no ho nkyɛne kɔ soro yi, ɔbɛba saa, sɛnea hohu no sɛ ɔɔkɔ soro yi.” 12 Na yei akyi he, asuafoɔ he firii Ngo Bepɔ a ɔbɛne Yerusalem bɛyɛ borɔfo kwansini fa he so sane kɔɔ Yerusalem. 13 Na beduruu hɔ he, bɛforo kɔɔ abrosane so kowuraa dane bi a na Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda te mu he mu. 14 Na bɛ nyinaa bɛde akoma korɔ tuu bɛ ho sii hɔ maa mpaebɔ, a na mmaa a bɛne Yesu nanteeɛ he ne Yesu maame Maria ne Yesu nuanom nso ka ho. 15 Na nna he mu he Petro sɔre gyinaa agyidifoɔ he mfinimfini. Na nnipakuo a bɛahyia faako he bɛyɛ nnipa ha aduonu. Na ɔkaa sɛ, 16 “Anuanom, otwa sɛ twerɛsɛm a Honhom Kronkron nam Dawid so ka faa Yuda a ɔkyerɛɛ bɛ a bɛkyee Yesu he kwane maa bɛkyee no he ba mu. 17 Na ɔka yɛ ho, na onyaa som yi kyɛfa bi someeɛ. 18 (Saa beema yi de amumuyɔ ho akatua tɔɔ asaase, na ne wuo mu he, ɔte hweeɛ ma ne ti besii hɔ, na ne mu paeɛ ma ne yamuadeɛ nyinaa tu guiɛ. 19 Na bɛ a bɛte Yerusalem nyinaa teeɛ, na bɛfrɛɛ asaase he bɛaa bɛ kasa mu sɛ Hakeldama, asekyerɛ ne Mogyaa Asaase.) 20 “Na bɛatwerɛ no Nnwom nwoma he mu sɛ, ‘Ma ne tenabea nnane amanfõõ, na mma biaa ntena hɔ’; na ‘Ne hwɛfoɔ adwuma he, ma bi foforɔ nyɔ.’ 21 Nti otwa sɛ mmeema a bɛ ne yɛ nateeɛ berɛ a Awurade Yesu ne yɛ dii akɔneaba he nyinaa 22 ofiri Yohane asubɔ so de besi da a bɛfaa no firii yɛ nkyɛne kɔɔ soro he mu baako ne yɛ yɛ ne sɔreɛ ho adansefoɔ.” 23 Nti besusuu nnipa mmienu, Yosef a bɛfrɛ no Barsaba a bɛtoo ne dini Yusto, ɔne Matia. 24 Na bɛbɔɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade, wonim nnipa nyinaa akomam, kyerɛ mmienu yi baako a woayi no 25 sɛ ɔmfa som yi, ne asomfodwuma a Yuda firii mu gya too hɔ, faa ɔno ankasa kwane so he!” 26 Na bɛtwee bɛ so ntonto; na ntonto he bɔɔ Matia, na bɛde no kaa asomafoɔ dubaako he ho. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana