Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

3 Yohane 1 - Apam Foforɔ


Nkyea ne ayeyie

1 Me, Asafo Panyini, metwerɛ krataa yi de kɔma dɔfo Gaio a medɔ no nɔkorɛ mu.

2 Me dɔfo pa, mebɔ mpaeɛ sɛ adeɛ nyinaa mu, onsi wo yie, na nya ahoɔdene sɛnea asi wo kra yie he.

3 Berɛ a anuanom bi baeɛ na bebedii wo nɔkorɛdie ho adanseɛ sɛnea wonam nɔkorɛ he mu he, m’ani gyee paa.

4 Bibiaa nyɛ me anigye nkyɛne sɛ mɛte sɛ me mma he nam nɔkorem.

5 Me dɔfo pa, wodi nɔkorɛ yie adwuma a woyɔ ma anuanom, ahɔhoɔ mpo.

6 Bɛadi wo dɔ he ho adanseɛ asafo he anim. Mesrɛ wo, ma nea wode begya bɛ kwane he nyɛ adeɛ a ɔbɛsɔ Nyankopɔn ani,

7 efiri sɛ, Kristo dini mu ne bɛnam, na bɛnhwehwɛ mmoa biaa mfiri bɛ a bɛnyɛ agyidifoɔ he nkyɛne.

8 Ɔsɛ sɛ yɛ Akristofoɔ mmom ne yɛboa saa nnipa he sɛnea yɛ ne bɛ bɛyɛ nɔkorɛ he ho adwuma ayɔnkofoɔ.


Diotrefe ne Demetrio

9 Metwerɛɛ krataa bi kɔmaa asafo he, nso Diotrefe a ɔpɛ sɛ odi kane bɛ mu he antie nea mekaeɛ he, efiri sɛ, ɔnnye me mpanyinnie ntom.

10 Yei nti sɛ meba a, mede bibiaa a wayɔ he ho asɛm bɛto ho anim pefee, nsɛmmɔne a ɔka fa me ho nyinaa. Ɔmma no nso hɔaa, na mmom sɛ anuanom he ba a, ɔnnye bɛ, na bɛ a bɛpɛ sɛ bɛgye bɛ he nso, ɔbɔ mmɔdene sɛ obesi bɛ kwane na watu bɛ afiri asafo he mu.

11 Me dɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Biaa a ɔyɛ papa he yɛ Nyankopɔn deɛ. Na biaa a ɔyɛ bɔne he nso nhuu Nyankopɔn.

12 Demetrio deɛ, nnipa nyinaa ne nɔkorɛ he ankasa di ne ho adanse-pa. Na yɛ nso yedi ne ho adanse-pa na honim sɛ nea yɛka he yɛ nɔkorɛ.


Awieeɛ

13 Nka mewɔ nsɛm bebree ka kyerɛ ho nso memfa krataa ne twerɛdua so nka.

14 Na mewɔ anidasoɔ sɛ ɔnkyɛre biaa mehu ho ne ho atena ase akasa.

15 Asomdwie nka ho. Ho nnamfonom nyinaa kyeakyea ho. Bobɔ nnamfonom nyinaa dini mmaako mmaako kyeakyea bɛ.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan