Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Yohane 1 - Apam Foforɔ


Nkyea

1 Me, Asafo Panyini, twerɛ krataa yi de kɔma Awuraa a bɛayi no ne ne mma a medɔ bɛ nɔkorɛ he mu. Ɔnyɛ me nkoaa, na mmom bɛ a benim nɔkorɛ he nyinaa nso dɔ ho,

2 ɔnam nɔkorɛ he a ɔte yɛ mu na ɔbɛtena yɛ mu akosi daa daa he nti:

3 Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwie mfiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo, Agya he Ba he, nkyɛne mmra yɛ so nɔkorɛ ne dɔ mu.


Nɔkorɛ ne dɔ

4 M’ani agye kɛse sɛ mahu sɛ wo mma he bi nam nɔkorɛ he mu sɛnea Agya he ahyɛ yɛ heaa.

5 Nti afei, Awuraa, meeka akyerɛ wo sɛ, yɛnnodɔ yɛ ho yɛ ho. Yei nyɛ mmara foforɔ a meehyɛ ama wo, na mmom ɔyɛ mmara a yenya firii mfitiaseɛ heaa.

6 Na dɔ a meeka ho asɛm yi di: Sɛ yɛbɛnante sɛdeɛ ahyɛdeɛ he teɛ. Yei ne ahyɛdeɛ a hote firii mfitiaseɛ he sɛ, honnante dɔ mu.

7 Na nnaadaafoɔ bebree aba wiase, nipa a bɛmpae mu nka sɛ Yesu Kristo baa honam mu. Nipa biaa a ɔte saa he yɛ daadaafoɔ he ne nea ɔko tia Kristo he.

8 Honhwɛ ho ho so yie na hoanhwere nea hoayɔ ho adwuma, sɛ ɔbɛyɛ a hobenya ho akatua nyinaa.

9 Nipa biaa a ɔfom na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ he mu he, onnim Nyankopɔn. Na nea ɔtena nkyerɛkyerɛ he mu he, ɔno mmom ne nea onim Agya he ne ne Ba he.

10 Sɛ bi ba ho nkyɛne na wamfa saa nkyerɛkyerɛ yi ammra ho a, honnnye no nkɔ ho fie, na honnkyea no nka sɛ, “Asomdwie nka wo,”

11 efiri sɛ, biaa a ɔde Nyankopɔn asomdwie bɛma no he nso de ne ho bata bɔne a saa nipa he yɔ he ho.


Awieeɛ

12 Ɔyɛ nɔkorɛ sɛ, mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ ho, nso memfa krataa ne twerɛdua so nka. Na mmom, mewɔ anidasoɔ sɛ mɛba ne ho atena ase akasa, na yɛ anigyeɛ awie pɛyɛ.

13 Wo nuabaa a bɛayi no he mma he kyea wo.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan