2 Timoteo 4 - Apam FoforɔAdesrɛ bi 1 Afei mehyɛ wo Nyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛne n’ahoyie ne n’ahennie mu he anim sɛ: 2 pae mu ka asɛmpa he, gyina mu berɛ pa ne berɛ bɔne mu; yi atene, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu. 3 Na berɛ bi bɛba a nnipa ontie nkyerɛkyerɛ pa a ɔyɛ he, nso esiane sɛ bɛasom yɛ bɛ hene nti, bɛbɛboaboa akyerɛkyerɛfoɔ ano sɛnea bɛ a bɛ akɔnnɔ teɛ, 4 na bebeyi bɛ aso afiri nɔkorɛ ho, na bɛatie anansesɛm. 5 Na wo deɛ ma w’ani nna hɔ berɛ biaa, mia w’ani hu amane, yɔ sɛmpakafoɔ adwuma, yɛ wo som adwuma nyinaa. 6 Na me deɛ, berɛ he anya aduru sɛ behwie me agu sɛ hwiesa, na me ntetemudie berɛ aso. 7 Maakõ kõ pa he, maawie mmirika he tu, maakura gyidie he mu. 8 Afei nea aka a ɔsɛ sɛ me nsa ka ne tenenee abotire a Awurade, temufoɔ a ɔtene he de bɛma me Da he, ɔnyɛ me nko na mmom bɛ a bɛdɔ n’ahoyie nyinaa nso. Paulo ani gyina Timoteo 9 Bɔ mmɔdene bra me nkyɛne ntɛm. 10 Na Dema deɛ, ɔdɔ nnɛ wiase nti, waagya me hɔ kɔ Tesalonika; Kreske kɔ Galatia, Tito nso kɔ Dalmatia. 11 Luka nkoaa ne ya me nkyɛne. Fa Marko ka wo ho bra, efiri sɛ ne ho hia me som adwuma mu paa. 12 Tihiko deɛ, masoma no Efeso. 13 Sɛ wooba a, fa m’ataadeɛ duruduru a megyaa no Karpo nkyɛne ya Troa ne me nwoma he bra me, ne titire he kokwanwoma he. Tomfoɔ Aleksandro 14 Aleksandro, kɔɔbere dwumfoɔ he, yɛɛ me bɔne bebree. Awurade betua no ka sɛnea ne nwuma teɛ. 15 Wo nso, hwɛ yie ne ho, efiri sɛ osii yɛ asɛm he ho kwane bebree. Gyeɛ a bɛgye Paulo 16 Me nyiano nea odi kane he mu he, biaa annyina m’akyi, biaa põõ me. Mempɛ sɛ bɛde ho asodie bɛto bɛ so. 17 Nso Awurade gyinaa m’akyi na ɔmaa me ahoɔdene, de kaa asɛmpa he nyinaa sɛ ɔbɛyɛ a amanamane mufoɔ nyinaa bɛte. Nti oyii me firii gyata anum. 18 Ampa, Awurade beyi me afiri bɔne nyinaa mu, na wagye me akɔ ne soro ahennie mu. Ɔno ne animuonyam nka no daadaa. Amen. Gye a bɛgyee Paulo 19 Mekyea Priska ne Akwila ne Onesiforo fiefoɔ. 20 Erasto deɛ, ɔkaa Korinto, ne megyaa Trofimo ya Mileto a na ɔyare. 21 Bɔ mmɔdene bra ansa na awɔ berɛ aba. Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom nyinaa kyeakyea wo. 22 Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka wo! |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana