Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Timoteo 3 - Apam Foforɔ


Amanehunu berɛ

1 Nso hu yei sɛ, nna a odi akyire he, mmerɛ a mu ɔdene bɛba;

2 efiri sɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfoɔ, sikapɛfoɔ, ahohoahoafoɔ, ahantanfoɔ, abususɛnkafoɔ, awofoɔ ho asoɔdenfoɔ, boniayɛfoɔ, bɛ a benni nyamesuro,

3 nnipa a benni tema, apamsɛefoɔ, nsekubɔfoɔ, nnipa a bɛnhyɛ bɛ akɔnnɔ so, nnipa a bɛyɛ werɛmfoɔ, nnipa a bɛmpɛ papa,

4 afatwafoɔ, akakabenfoɔ, nnipa a bɛyɛ ahomasoɔ kɛseɛ, nnipa a bɛdɔ anigyedeɛ sene Nyankopɔn;

5 bɛde nyamesompa adura bɛ anim nso bɛamfa tumi a ɔyam he nni dwuma. Twe wo ho mfiri saa nnipa yi ho.

6 Na yeinom mu bi ne bɛ a bɛkɔ afie mu na bɛfa mmaa adwenemharefoɔ na bɔne ahyɛ bɛ ma, na akɔnnɔ ahodoɔ afa bɛ nommum,

7 bɛ a betie nkyerɛkyerɛ daa nso benhu nɔkorɛ he da.

8 Sɛnea Yane ne Yambrɛ ko tiaa Mose he, saa ara ne yeinom nso ne nɔkorɛ he di asie. Bɛyɛ nnipa a bɛ adwene aporɔ na bɛ gyidie nyɛ papa.

9 Nso bennya nkɔsoɔ, efiri sɛ sɛnea bɛyɔeɛ he, bɛ gyimii bɛda adi nnipa nyinaa anim, sɛnea nnipa mmienu he deɛ daa adi he.


Paulo amanehunu

10 Afei wo ankasa woahu me nkyerɛkyerɛ, me bra, me botaeɛ, me gyidie, me boasetɔ, me dɔ, m’abodwokyɛre,

11 taa a bɛtaa me, ne amanehunu a mefaa mu Antiokia, Ikonium ne Listra. Saa taa yi ne megyinaa mu! Nso Awurade gyee me firi ne nyinaa mu.

12 Ampa, bɛ a bɛpɛ sɛ bɛde nyamesom pa tena Kristo Yesu mu nyinaa, bɛbɛtaa bɛ.

13 Na nnipa bɔne sisifoɔ deɛ bɛkɔ bɛ anim bɔne mu, bɛbɛdaadaa binom na binom adaadaa bɛ nso.

14 Na wo deɛ kɔ so tena nea woasua na woagye adi he mu, na hu sɛ wosua firii yɛ nkyɛne

15 ne sɛnea wofiri wo mmɔfrase nim atwerɛ kronkron he a, obetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu akɔ nkwagyeɛ mu.

16 Atwerɛ nyinaa firi Nyankopɔn homee mu na ɔyɛ ma nkyerɛkyerɛ, atenyie, atenetene ne tenenee mu nteteɛ,

17 na Nyankopɔn nipa nam so ayɛ pɛ a bɛasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan