2 Timoteo 2 - Apam FoforɔYesu Kristo sraani nɔkwafoɔ 1 Afei wo, me ba, ɔnam adom a bɛde adom wo Yesu Kristo mu nti, yɛ nam. 2 Na deɛ wote firii m’anum adansefoɔ bebree anim he, ɔnoaa ne fa hyɛ nnipa anokwafoɔ a bebetumi akyerɛkyerɛ binom nso nsa. 3 Wo nso mia w’ani hu amane sɛ Yesu Kristo sraani pa. 4 Sraani biaa nni hɔ a ɔkɔ sa de asetena mu nsɛm bebare ne ho, sraani he botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɔ ne panyini ani. 5 Na sɛ bi di akansie mu kane a, bɛmfa nkunim abotire mmɔ no gye sɛ osii akane he sɛnea ho mmara he teɛ. 6 Ɔsɛ sɛ kuani a wɔayɔ adwuma dene he ne di kane di nnɔbae he bi. 7 Dwene nea meka yi ho, na Awurade bɛma wo nnoɔma nyinaa ho nteaseɛ. 8 Kae Yesu Kristo a ɔsɔre firii awufoɔ mu a ɔyɛ Dawid aseni he, sɛdeɛ m’asɛmpa a meka he teɛ; 9 ɔno nti mu ne meehu amane, na meda mpokyerem sɛ debɔnyɛni. Nso Nyankopɔn asɛm deɛ bɛnkyekyeree no. 10 Yei nti meto me bo nnoɔma nyinaa mu, sɛnea ɔbɛyɔ a bɛ a bɛayi bɛ he nso bebenya Kristo Yesu mu nkwagyeɛ, daa animuonyam mu. Asɛnnua ne abotire 11 Nɔkwasɛm di: sɛ yɛne no awu a, yɛne no bɛsɔre nso; 12 sɛ yegyina pintinn a, yɛ ne no bedi hene nso; sɛ yɛpo no a ɔno nso bɛpo yɛ; 13 sɛ yɛnyɛ nɔkwafoɔ a, ɔno deɛ ɔyɛ nɔkwafoɔ efiri sɛ ontumi mpa ne ho akyi. Dwumayɔni a ɔsɔ Nyankopɔn ani 14 Kɔ so kae bɛ saa nsɛm yi, na di bɛ adanseɛ Nyankopɔn anim, na bɛannye nsɛm ho akyinnye hunu a mfasoɔ nni so a ɔsɛe atiefoɔ adwene. 15 Bɔ mmɔdene sɛ wobɛ sɔ Nyankopɔn ani na obehu wo sɛ dwumayɔni a n’ani nwu bibiaa ho, na ɔkyerɛ nɔkwasɛm mu pɛpɛɛpɛ. 16 Yi wo ho firi nsɛmhuhuo a ho nte ho, efiri sɛ, ɔbɛma nipa akɔ n’anim amumuyɔ mu, 17 na bɛ asɛm bɛterɛ sɛ yare bɔne. Bemu bi ne Himeneo ne Fileto, 18 a bɛamane afiri nɔkorɛ he ho ka sɛ wusɔreɛ he aba dada, na bɛnam so ɔɔdane binom gyidie abutu, 19 sɛ yei nyina mu he Nyankopɔn fapem da soaa gyina hɔ pintinn a ho ntwerɛeɛ ne sɛ: “Awurade nim ne deɛ,” ɔne, “ma nea ɔbɔ Awurade dini biaa ntwe ne ho mfiri amumuyɔ ho.” 20 Na fikɛseɛ biaa mu he ɔnyɛ sika ne dwetɛ nnoɔma nkoaa ne ya hɔ, na mmom nnua ne nnɛteɛ deɛ nso ya hɔ bi, na bebu bi, bi nso bemmu no. 21 Na sɛ bi te ne ho firi yeinom ho a, ɔbɛyɛ nea bebu, na bɛate ho a, owura he de yɛ bibi a, ɔbɛyɛ yie, na bɛasiesie de ayɔ adwuma pa biaa. 22 Nti dwane firi mmabunu berɛ mu akɔnnɔ ho na hwehwɛ tenenee, gyidie, dɔ ne asomdwie, wo ne bɛ a befiri akoma a mu te mu frɛ Awurade he. 23 Na nkwasea-akyinnye a bɛmfa nsua hwee deɛ, nkɔ ho koraa, efiri sɛ, sɛnea wonim he, ɔde ntɔkwa ba. 24 Na ɔnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔyɛ ntɔkwapɛfoɔ, na mmom, ɔsɛ sɛ ɔdwo ma nnipa nyinaa, ohu nkyerɛkyerɛ, ɔhyɛ ne ho so bɔne ho, 25 na ɔde dwoɔ tenetene bɛ a bɛ ne no nyɛ adwene asɛm mu, sɛ ebia Nyankopɔn bɛma bɛ adwensakra ahu nɔkorɛ he, 26 na ama bɛanni aba bɛ ho so ya bronsam fidie a ɔde akye bɛ sɛ bɛnyɛ n’apɛdeɛ he mu. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana