Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Timoteo 1 - Apam Foforɔ


Nkyea

1 Me, Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ, sɛdeɛ nkwa a ɔya Kristo Yesu mu bɔhyɛ he teɛ he,

2 twerɛ krataa yi de kɔma Timoteo, me dɔba: Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwie a ofiri Agya Nyankopɔn ne yɛ Awurade Kristo Yesu nkyɛne nka wo.

3 Meda Nyankopɔn a mede ahonim pa som no sɛdeɛ me nananom someeɛ he ase, berɛ a mekae wo me mpaebɔ mu, anadwo ne awia.

4 Mekae nisuo a woteeɛ berɛ a na yeedi mpaepaemu he a, m’ani gyina awia ne anadwo sɛ mehu wo, sɛ ɔbɛyɛ a anigyeɛ bɛhyɛ me ma.

5 Mekae wo nɔkorɛ gyidie he, gyidie a wo nana Lois nyaeɛ, na wo maame Eunike nso nyaa bi a megye di sɛ agye nhini ya wo nso wo mu he.


Afotuo ahodoɔ

6 Yei nti, meekae wo sɛ kanyane Nyankopɔn akyɛdeɛ a ɔnam me nsa a mede guu wo so ba wo mu he;

7 efiri sɛ Nyankopɔn amma yɛ hu honhom, na mmom ahoɔdene ne dɔ ne adwenemteɛ honhom ne ɔde mmaa yɛ.

8 Nti mma w’ani nwu yɛ Awurade ho adansedie ne me, a meyɛ deduani he ho, na mmom hu asɛmpa he ho amaneɛ bi sɛdeɛ Nyankopɔn tumi teɛ he,

9 nea ɔgyee yɛ na ɔde frɛ kronkron frɛɛ yɛ, ɔnyɛ yɛ nnwuma nti, na mmom ɔnam ɔnoaa ne tirimpɔ ne n’adom a ɔde mmaeɛ Kristo Yesu mu firi mmeresantene.

10 Na afei ɔnam yɛ Agyenkwa Yesu Kristo ahoyie he so ada no adi. Ɔno ne wasɛe wuo tumi, na ɔnam asɛmpa he so ayi nkwa ne adeɛ a ɔmporɔ adi pefee.

11 Saa asɛmpa yi nti ne bɛayi me sɛ sɛnkafoɔ ne somafoɔ ne kyerɛkyerɛfoɔ,

12 ɔno nti ne mehu saa amaneɛ yi nso. Nso m’ani nwu ho, efiri sɛ menim nea maagye no adi, na menim sɛ obetumi akora nea mede ahyɛ ne nsa akosi Da he.

13 Sɔ asɛmpa a wotee no me nkyɛne, gyidie ne dɔ a ɔya Yesu Kristo mu, he mu yie.

14 Adepa a ɔde ahyɛ wo nsa he, fa Honhom Kronkron a ɔte yɛ mu he sɔ mu yie.


Figelo, Hermogene, Onesiforo

15 Wonim sɛ bɛ a bɛya Asia nyinaa adane afiri me nkyɛne, bɛ mu bi ne Figelo ne Hermogene.

16 Awurade nhu Onesiforo fie mmɔbɔ, efiri sɛ na ɔtaa ma me ho tɔ me, na n’ani nwu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ho;

17 ɔbaa Roma he, ɔbɔɔ mmɔdene hwehwɛɛ me, na ohuu me.

18 Awurade Yesu Kristo mma honya Nyankopɔn hɔ mmɔborɔhunu Da he! Na som a ɔsom Efeso he woaa wonim.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan