2 Tesalonikafoɔ 3 - Apam FoforɔNkotosrɛ mpaebɔ 1 Anuanom, deɛ otwa toɔ ne sɛ, hommɔ mpaeɛ mma yɛ, na Awurade asɛm nya kwane nkɔ so, na bɛnhyɛ no animuonyam sɛnea ɔteɛ ho fam he nso, 2 na benyi yɛ mfiri nnipa amumuyɔfoɔ ne abɔnefoɔ nsa mu, efiri sɛ, ɔnyɛ nnipa nyinaa ne wɔ gyidie. 3 Nso nɔkwafoɔ ne Awurade; ɔbɛhyɛ ho dene na wabɔ ho ho bane afiri sɛefoɔ he ho. 4 Na yɛwɔ Awurade mu ahotɔsoɔ ho ho sɛ hoyɔ nea yɛhyɛ ho he, na hobɛkɔ so ayɔ saa. 5 Awurade ntwe ho akoma nkɔ Nyankopɔn dɔ ne Kristo boasetɔ he mu. 6 Afei anuanom, yɛhyɛ ho Awurade Yesu Kristo dini mu sɛ, hontwe ho ho mfiri nipa biaa a ɔnam basabasa, na onni nkyerɛkyerɛ a honyaa no yɛ nkyɛne he so. 7 Na hoaa honim sɛ, ɔsɛ sɛ hosua yɛ, berɛ a na yɛya ho nkyɛne he, yɛannante basabasa, 8 na yɛanni biaa aduane berɛ a yɛantua ka; na mmom yɛyɔɔ adwuma, mmɔdemmɔ ne brɛ mu awia ne anadwo, na yɛanyɛ adesoa amma ho mu biaa. 9 Ɔnyɛ sɛ yenni ho kwane, na mmom sɛnea yɛbɛyɔ nhwɛsoɔ ama ho asua nti ne yɛyɔɔ saa. 10 Na yɛya ho nkyɛne he nso, yɛhyɛɛ ho sɛ: sɛ bi mpɛ sɛ ɔyɔ adwuma a, mma no nnidi. 11 Na yɛate sɛ binom ya hɔ a bɛnenam basabasa ho mu, bɛnam frɛdɛfrɛdɛ a bɛnyɔ adwuma biaa. 12 Afei bɛ a bɛte saa he ne yɛhyɛ bɛ na yetu bɛ fo yɛ Awurade Yesu Kristo mu, sɛ bɛmfa bɛ nsa nyɔ komm mfa mpɛ bɛ ano aduane. 13 Anuanom, hommerɛ papayɔ ho. 14 Na sɛ bi antie yɛ asɛm a ɔya krataa yi mu a, honhyɛ no nso, ho ne no mmɔ fekuo, na ama n’ani awu. 15 Nso hommmu saa nipa he sɛ ho tamfoɔ, na mmom honkasa nkyerɛ no sɛ nua. 16 Na ɔno asomdwie Awurade he mma ho asomdwie adeɛ nyinaa mu daa. Awurade nka ho nyinaa ho. Nkradie ne nhyira 17 Me Paulo, meaa me nsa ne mede twerɛ nkyea yi. Yei yɛ adanseɛ me krataa nyinaa mu sɛ kwane a mefa so twerɛ di. 18 Yɛ Awurade Yesu Kristo adom nka ho nyinaa. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana