Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Tesalonikafoɔ 2 - Apam Foforɔ


Nnoɔma a odi Kristo mmaeɛ he anim

1 Afei anuanom ɔfa yɛ Awurade Yesu Kristo mmaeɛ ɔne yɛ ano a bɛbɛboa akɔ ne nkyɛne he ho he, yɛsrɛ ho sɛ,

2 hommma bɛmfa honhom anaa asɛm anaa nwoma a bɛka sɛ ofiri yɛ nkyɛne, sɛ ebia Awurade da he anya aduru, nnaadaa ho anaa mmɔ ho hu, berɛ a honyɔɔ nhwehwɛmu.

3 Hommma biaa nnaadaa ho bibiaa fam, efiri sɛ, da he ɔmma gye sɛ deɛ ɔte atua he aba ansa na bɛada nea onni mmara so he adi, nea ɔyɛ sɛeɛ ba he.

4 Ɔno ne ma ne ho so tia nea besusu sɛ ɔyɛ nyame anaa bosom a bɛsom biaa, na ama no akɔtena Nyankopɔn asɔredane mu de ne ho akyerɛ sɛ ɔno ne Nyankopɔn.


Sɛeɛ a bɛbɛsɛe mmaratofoɔ

5 Honkae sɛ mekaa nsɛm yeinom kyerɛɛ ho berɛ a na meya honkyɛne he?

6 Na afei, deɛ osi kwane he, honim sɛ bebeyi no adi ne berɛ mu.

7 Nea onni mmara so he ahintasɛm bɛkɔ so akosi sɛ nea seesei osi kwane he befiri kwane mu

8 ansa na bɛayi nea onni mmara so he adi, nea Awurade Yesu de ne honhom beku no na ɔde n’ahoyie ne ne mmaeɛ he beyi no hɔ koraa.

9 Nso kwane a nea onni mmara so he nam so ba ne Satan nnwuma a ahoɔdenneɛ ne atorɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ nyinaa ka ho,

10 ɔne nnaadaa nsɛm ahodoɔ bebree a ɔya hɔ ma bɛ a bɛayera, efiri sɛ bɛammu nɔkorɛ dɔ he sɛ adeɛ a ɔsom bo na bɛanya nkwa.

11 Yei nti Nyankopɔn ɔɔsoma nnaadaa a mu ɔɔdene aba bemu na ama bɛagye torɔ adi,

12 na bɛabu bɛ a bɛannye nɔkorɛ dɔ he anni na mmom bɛanni gyee nea ɔntene ho he atɛne.


Aseda

13 Na yɛ deɛ, ho nti ɔsɛ sɛ yɛda Nyankopɔn ase daa, anuanom a Nyankopɔn dɔ ho, efiri sɛ Nyankopɔn firi mfitiaseɛ ayi ho kɔ nkwagyeɛ mu, efiri sɛ Nyankopɔn firi mfitiaseɛ yii ho kɔɔ nkwagyeɛ mu; ɔnam te a ɔde honhom he tee ho ho ne nɔkorɛ he mu gyidie ne gyee ho nkwa.

14 Yei nti ne ɔnam yɛ asɛmpa he so afrɛ ho aba, na hoanya yɛ Awurade Yesu Kristo animuonyam.

15 Nti afei anuanom, honnyina pintinn, na honkura nkyerɛkyerɛ a yɛde gyaa o he mu, sɛ ɔnam yɛ anom asɛm anaa yɛ krataa bi so he.

16 Nti afei yɛ Awurade Yesu Kristo he ankasa ne yɛ Agya Nyankopɔn a ɔdɔ yɛ na wama yɛ daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ pa adom mu he,

17 ɔnkyekyere ho werɛ, na ɔnhyɛ ho dene asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan