2 Tesalonikafoɔ 1 - Apam Foforɔ1 Paulo, Silwano ne Timoteo, twerɛ krataa yi de kɔma Tesalonikafoɔ asafo a ɔya yɛ Agya Nyankopɔn ɔne Awurade Yesu Kristo mu. 2 Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka ho. Afotuo ahodoɔ 3 Anuanom, ɔsɛ sɛ yɛda Nyankopɔn ase ma ho da biaa, sɛnea ɔfata, efiri sɛ ho gyidie oonyini mmorosoɔ, na dɔ a hode dɔ ho ho ho ho he nso oonyini. 4 Esiane boasetɔ ne gyidie a hoda no adi taa ne ahohia a hohyia nyinaa mu nti, ɔma yɛ ankasa yɛhoahoa yɛ ho ma ho Nyankopɔn asafo mu. 5 Yei ne di Nyankopɔn atemmuo a ɔtene ho adanseɛ sɛ, bebebu ho sɛ Nyankopɔn ahennie a hohu ho amaneɛ he fata ho; 6 efiri sɛ, ɔtene Nyankopɔn anim sɛ ɔde ahohia tua bɛ a bɛde ahohiahia ba ho so he ka, 7 na wama ho a ahohiahia ba ho so he ahome, da a bebeyi Awurade Yesu ne n’abɔfoɔ a bɛwɔ tumi adi afiri soro ya gyaframa mu, 8 na bɛatɔ bɛ a bennim Nyankopɔn na bɛantie yɛ Awurade Yesu ho asɛmpa he so werɛ. 9 Yeinom benya daa sɛeɛ ho asotwe, na bɛayi bɛ afiri Awurade anim ne ne tumi animuonyam ho, 10 berɛ a ɔbɛba ama bɛahyɛ no animuonyam n’ahoteefoɔ mu, na bɛahwɛ n’anwanwadeɛ a ada adi bɛ a bɛagye adi nyinaa mu, efiri sɛ bɛagye yɛ adanseɛ a yedii no ho ho he adi, da heaa mu. 11 Yei nti yɛbɔ mpaeɛ ma ho daa, sɛ yɛ Nyankopɔn bɛma hoafata ne frɛ he, na wafa tumi so ama n’ayamyɛ anidasoɔ ne gyidie adwuma aba mu, 12 na bɛahyɛ yɛ Awurade Yesu dini animuonyam ho mu, na bɛahyɛ ho nso animuonyam ne mu, sɛnea yɛ Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom he teɛ. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana