2 Korintofoɔ 9 - Apam FoforɔPaulo nhyehyɛeɛ a ɔfa toɔ a beyi kɔ Yerusalem ho 1 Na afei, ɔfa som a hode som ahoteefoɔ he ho deɛ, onhia sɛ mɛtwerɛ ho asɛm abra ho, 2 efiri sɛ menim ho mmɔdene a hobɔ a mede hoahoa me ho kyerɛ Makedoniafoɔ, sɛ Akaiafoɔ asiesie bɛ ho afe di; na ho ahokeka he akanyane bɛ mu bebree. 3 Na meesoma anuanom yi sɛnea ɔbɛyɛ a ahoahoa a yɛde ho hoahoa yɛ ho saa kwane yi so he nyɛ kwa, na hoayɛ ahoboa, sɛdeɛ mekaa sɛ hobɛyɔ he; 4 anyɛ saa na Makedoniafoɔ he bi ne me ba behu sɛ honsiesie ho ho a, yɛ anim begu ase (ɔnyɛ ho mmom) sɛ yɛde yɛ ho too ho so nti. 5 Nti medwene sɛ obehia sɛ metu anuanom he fo sɛ benni yɛ anim kane, mmɛgye akyɛdeɛ a hoayi ho yam de ama, na anyɛ bibi a hoagye no hyɛ so. 6 Nea ɔteɛ ne sɛ: nea ɔdua kakraa bi he, betwa kakraa bi, na nea odua bebree he betwa bebree, na deɛ odua no bafuu he nso betwa no bafuu. 7 Biaa mma sɛnea osusu no n’akomam, ɔnyɛ amemenemfe anaa hyɛ so, efiri sɛ Nyankopɔn dɔ nea ɔte n’anim ma. 8 Na Nyankopɔn betumi ama adom nyinaa aboro so ama ho, na nnoɔma nyinaa mu ne daa nyinaa hoanya deɛ ɔdɔɔso ma ho nyinaa, na ho aboro so adwuma-pa nyinaa mu. 9 Sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Ɔto pete, ɔde ma ahiafoɔ; ne tenenee ya hɔ daa.” 10 Nea ɔde aba ma gufoɔ na ɔma nipa aduane di he bɛma ho aba a hobegu he adɔɔso na wama ho tenenee aba ayɛ bebree. 11 Na hobenya ho ho nnoɔma nyinaa mu ɔnam ho ayamyɛ kɛseɛ nti, na ɔnam yɛ so ama Nyankopɔn anya aseda; 12 efiri sɛ, som yi ho adwuma ma ahoteefoɔ nya nea ohia bɛ, na ɔsane nso de aseda mmorosoɔ bra Nyankopɔn. 13 Esiane som yi ho adanseɛ nti, bɛhyɛ Nyankopɔn animuonyam ho setie a hode ka Kristo asɛmpa he nti, na afei ho yi ho yam yi ntoboa de kɔma bɛ ne nnipa nyinaa, 14 na bɛ ani begyina ho na bɛabɔ mpaeɛ ama ho, ɔnam Nyankopɔn adom mmorosoɔ a ɔde ama ho nti. 15 Aseda nka Nyankopɔn a ɔnam n’akyɛdeɛ a onni kabea he nti. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana