Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Korintofoɔ 8 - Apam Foforɔ


Makedoniafoɔ Ntoboa

1 Nti anuanom yɛpɛ sɛ hohu Nyankopɔn adom a ɔde adom Makedonia asafo ahodoɔ he;

2 ɔne sɛ bɛ ahohia sɔhwɛ kɛseɛ mu he, berɛ a na bɛya hia bebree mu mpo he, bɛ anigyeɛ buu so maa beyii ayamyɛ kɛseɛ kyerɛeɛ.

3 Na metumi adi adanseɛ sɛ, befiri bɛ ankasa bɛ pɛ mu maa sɛdeɛ bebetumi, na bɛma maa no boroo bɛ ahoɔdene so mpo.

4 Na bɛkoto srɛɛ yɛ anibereɛ so sɛ yɛmma bɛ ho kwane na bɛ nso bɛmfa nea bɛwɔ nsom ahoteefoɔ he bi—

5 nea bɛyɔeɛ he boroo sɛnea yɛsusuiɛ he, na bedii kane de bɛ ho maa Awurade, ɔne yɛ nso, sɛnea Nyankopɔn pɛ, ansa na bɛɛyɔ saa ayamyɛ yi,

6 na ama yɛasrɛ Tito sɛ, sɛnea na wahyɛ aseɛ sɛ ɔyɔɔ he, onwie saa adom adwuma he ho mu.

7 Afei sɛnea hoda nsõ adeɛ nyinaa mu he—gyidie mu, kasa mu, nimdeɛ mu, ahokeka mu, ɔne ho dɔ a hode dɔ yɛ he mu— saa ne yɛ pɛ sɛ hoda nsõ saa adom adwuma yi nso mu.

8 Menka yei nhyɛsoɔ so, na mmom menam binom mmɔdenmmɔ so ɔɔsɔ ho dɔ ahwɛ.

9 Na honim yɛ Awurade Yesu Kristo adom he, sɛ na ɔde ne ho adeɛ nyinaa mu deɛ, nso ho nti ɔgyaee ne nyinaa too hɔ, na ama ho abɛyɛ adefoɔ nnoɔma nyinaa mu.

10 Na m’adwenekyerɛ fa ho ne sɛ, ɔfata sɛ afei howie deɛ afe di hohyɛɛ aseɛ na honyaa pɛ sɛ hobɛyɔ he—

11 nti afei honnwie ne yɔ, na ama sɛnea honyaa pɛ sɛ hobɛyɔ he, hoafiri nea howɔ he mu awie no saa.

12 Sɛ bi wɔ pɛ sɛ ɔde bibi kyɛ nkoaa deɛ a, hedeɛ Awurade hwehwɛ sɛ ɔde nea ɔwɔ ne bɛkyɛ na mmom, ɔnyɛ nea onni.

13 Na ɔnyɛ sɛ mepɛ sɛ binom ho dwo bɛ na ho deɛ ho ho hiahia ho, na mmom sɛ ɔbɛyɛ a biaa benya ne so ne ne deɛ.

14 Na nea hoanya ama no aboro so seesei he, homfa mma bɛ a bɛya ahohiahia mu, na sɛ bɛ nso benya bi ma no boro so a bɛde ama ho, ho ahohiahiaberɛ mu, na ama biaa anya n’ahiadeɛ,

15 sɛnea bɛatwerɛ sɛ: “Deɛ ɔboaboaa bebree ano he annya ammoro so, na deɛ ɔwɔ ketewa bi he anhia no ammoro so.”


Tito ne ne nnamfonom

16 Na aseda nka Nyankopɔn a ɔde ho ho mmɔdene a mebɔ heaa bi ahyɛ Tito akoma mu.

17 Na ɔnyɛ yɛ afutuo nkoaa ne otieeɛ na mmom ɔnam ɔnoaa ne mmɔdemmɔ ne ne pɛ so ne ɔɔba ho nkyɛne.

18 Na yɛasoma ɔne ne onua bi a asafo he nyinaa agye no atom ɔnam asɛmpa a ɔka he nti,

19 na ɔnyɛ yei nko, na ɔno ne asafo he ayi no sɛ ɔne yɛ nnante nkura adom adwuma he mu mma Awurade ankasa animuonyam na ɔnna yɛ pɛ pa he adi.

20 Yɛbɔ mmɔdene sɛ yɛmma biaa nnya ntoboa a yɛde yɔ ayɛ he ho asɛm biaa nka;

21 na yɛ botaeɛ ne sɛ yɛbɛyɔ deɛ ɔtene, ɔnyɛ Awurade anim nkoaa, na mmom nnipa anim nso.

22 Na yɛasoma yɛ nua a yɛasɔ no ahwɛ sɛ ɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ nnoɔma bebree mu he aka bɛ ho, na afei awerɛhyɛmu a ɔwɔ no ho mu nti, ɔma ne mmɔdemmɔ a ɔbɔ seesei he boro so.

23 Na Tito deɛ, ɔyɛ me yɔnko ne me yɔnko dwumayɔni ma ho; yɛ nuanom deɛ, bɛyɛ asafo hodoɔ, Kristo animuonyam he asomafoɔ.

24 Nti honna ho dɔ a yɛde hoahoa yɛ ho he nkyerɛ bɛ a bɛya asafo ahodoɔ he anim.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan