2 Korintofoɔ 7 - Apam Foforɔ1 Ɔnam sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfoɔ, homma yɛnhohoro yɛ ho mfiri honam ne honhom fi nyinaa ho, na yɛ kronkronyɛ awie mu die Nyankopɔn suro mu. Paulo ne agyidifoɔ ntam dɔ 2 Hommie ho akoma mu mma yɛ; yɛnyɔɔ biaa bɔne, yɛnsɛe biaa, yɛnsisii biaa. 3 Menka yei afobuo kwane so, efiri sɛ maaka dada sɛ, yɛ ne ho ntam ɔntete da, sɛ wuo mu oo, sɛ nkwa mu oo, hoya yɛ akoma mu. 4 Mede ho hoahoa me ho, mewɔ ahotɔsoɔ pii ya ho mu; awerɛkyekyerɛ ahyɛ me ma; na m’ani gye boro so yɛ ahohia nyinaa mu mpo. 5 Na yɛbaa Makedonia he, yɛannya homee biaa, nso yɛ ho hiahiaa yɛ kwane nyinaa mu—akasakasaa atwa yɛ ho ahyia na hu ahyɛ yɛ ma. 6 Nso Nyankopɔn nam ba a ɔma Tito baa yɛ nkyɛne he so maa yɛ awerɛkyekyerɛ, 7 na ɔnyɛ ne mmaeɛ he nko, na mmom awerɛkyekyerɛ nso a onyaa no ho ho na ɔsane ka kaa ho sɛ ho ani agyina yɛ, na ho werɛ aho, na hoku ho ho ma me; na ɔmaa m’ani gyee pii. 8 Na sɛ me krataa he maa ho werɛ hoeɛ mpo a, mennuu me ho (ɔyam sɛ ɔhaa me deɛ, efiri sɛ mehuu sɛ krataa he maa ho werɛ hoeɛ deɛ, nso na ɔyɛ bere tiaa bi mu) 9 Medi ahurusie seesei, na ɔnyɛ sɛ ho werɛ hoeɛ he ntia, na mmom sɛ ho awerɛhodie he de adwensakra baeɛ ntia; efiri sɛ ho werɛ hoo Nyankopɔn kwane so, na yɛ mu bi anha ho kwane biaa so. 10 Na Nyankopɔn mu awerɛhodie de adwensakra a ɔde nkwagyeɛ ba a nnuho biaa nni akyire ne ba, nso wiase awerɛhodie de wuo ne ba. 11 Na honhwɛ ahokeka a mmɔdene a hobɔ yi ho ho ano, ɔne ahi ne hu ne anigyina ne mmɔdenmmɔ ne asotwe a saa Nyankopɔn kwane so awerɛhodie yi de abra ho. Na bibiaa mu he hoyii ho ho kyerɛɛ sɛnea ho ho teɛ, asɛm he mu. 12 Nti sɛ metwerɛ ho a, na ɔnyɛ deɛ wafom he ntia, saa nso ne ɔnyɛ deɛ ɔyɛ bɔne he ntia, na mmom sɛ ɔbɛyɛ a nsiyɛ a howɔ no yɛ ho he bɛda adi ama ho Nyankopɔn anim. 13 Yei mu ne yenya awerɛkyekyerɛ. Na yɛ awerɛkyekyerɛ he maa yɛ ani gye boroo so, ɔnam Tito anigyeɛ he nti, efiri sɛ ho nyinaa homaa n’akoma tɔɔ ne yam. 14 Na sɛ mede ho hoahoa me ho kyerɛ no a, m’ani nwu, na mmom sɛnea yɛkaa ho nsɛm nyinaa nɔkorem he, saa ara nso ne yɛ ahohoa a yɛhoahoa yɛ ho Tito anim he nso ada adi sɛ ɔyɛ nɔkorɛ. 15 Na hoda n’akoma so paa, na ɔkae ho nyinaa setie ɔne sɛnea hode suro ne ahopopoɔ gyee no he. 16 M’ani agye sɛ bibiaa mu mewɔ ho mu awerɛhyɛmu. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana