2 Korintofoɔ 6 - Apam Foforɔ1 Na yɛ a yɛne no bom yɔ adwuma he tu ho nso fo sɛ hommma Nyankopɔn adom a hoanya he nyɛ kwa; 2 efiri sɛ, ɔka sɛ, “Berɛ a ɔsɛ mu ne matie wo, na nkwagyeɛ da he mu ne maboa wo.” Hwɛ nnɛ ne adom berɛ; hwɛ, nnɛ ne nkwagyeɛ da! Asomafoɔ he adansedie 3 Na yɛnto biaa sintidua na bɛannya asɛmmɔne biaa anka amfa yɛ som adwuma ho, 4 na adeɛ nyinaa mu yɛda yɛ ho adi sɛ Nyankopɔn asomfoɔ. Yɛafa Boasetɔ pii mu, ahohia mu, ahokyerɛ mu, atowerɛnkyɛm mu, 5 hweɛ mu, afiase nna mu, sakasaka mu, adwumadene mu, kɔdaanna mu, kɔm mu. 6 Nea ɔboaa yɛ maa yɛyɔɔ ne nyinaa ne ahoteɛ, Nyankopɔn nimdeɛ, abotrɛ, ayamyɛ, honhom mu kronkronyɛ, dɔ mapa, 7 nɔkorɛ asɛnka ne Nyankopɔn tumi a tenenee akodeɛ a ɔya yɛ nsa nifa ne benkum ka ho; 8 yɛ sane animuonyam ne animguaseɛ mu, atenka bɔne ne atenka pa mu. Bebuu yɛ sɛ asisifoɔ nso yɛyɛ nɔkwafoɔ; 9 sɛ nnipa a bennim bɛ, nso benim yɛ paa; sɛ nnipa a beewu, nso hwɛ—yɛte ase; sɛ nnipa a bɛtwe bɛ aso, nso benku yɛ; 10 sɛ nnipa a beedi awerɛhoɔ, nso yɛ ani gye daa; sɛ ahiafoɔ, nso yɛma nnipa bebree nya bɛ ho; sɛ nnipa a benni hwee nso yɛwɔ nnoɔma nyinaa. 11 O! Korintofoɔ; yɛakasa akyerɛ ho nɔkorɛ kwane so, yɛabie yɛ akoma mu ama ho. 12 Yɛmfaa yɛ dɔ nkamee ho, na mmom ho ne hotwetwe ho nane ase yɛ ho. 13 Na meeka yei akyerɛ ho sɛ mma—nea hobɛyɔ ahyɛ yɛ anamu ne sɛ ho nso hobebie ho akoma mu ama yɛ. Bɛbraa bɛ ne abosonsomfoɔ ntam ayɔnkofa 14 Ho ne bɛ a bɛnnye nni nnya twaka biaa. Na mmɛ ayɔnkofa ne da tenenee ne amumuyɔ ntam? Anaa ayɔnkofa bɛneɛ ne da hann ne sum ntam? 15 Na abɛ koroyɛ ne da Kristo ne Bilia (kyerɛ sɛ ne amumuyɔ anaa ahuhudeɛ) ntam? Anaa abɛ twaka ne da gyidini ne deɛ ɔnnye nni ntam? 16 Mmɛ ne abosom wɔ yɔ ne Nyankopɔn asɔrefie? Na yɛyɛ Nyankopɔn Teasefoɔ he asɔredane; sɛnea Nyankopɔn kaeɛ he, Mɛtena bɛ mu na mɛnante bɛ mu, na mɛyɛ bɛ Nyankopɔn, na bɛbɛyɛ me nkurofoɔ. 17 Nti homfiri bɛ mu, na honte ho ho mfiri bɛ ho, Awurade ne aka na hommfa ho nsa nka adeɛ a ho nte biaa; na mɛgye ho, 18 na mɛyɛ ho agya, na hobɛyɛ me mma, Awurade Tumfoɔ ne aka. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana