Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Korintofoɔ 5 - Apam Foforɔ


Honhom fam nipadua

1 Na yenim sɛ, sɛ bɛsɛe yɛ asaase yi so ntomadane a yɛte mu yi a, yɛwɔ ntomadane a ofiri Nyankopɔn hɔ, ntomadane a bɛamfa nsa ne siiɛ, a ɔya soro hɔ daa,

2 efiri sɛ ntomadane yei mu deɛ yesi apinie, na yɛɛhwɛ kwane sɛ yɛbɛhyɛ yɛ soro ntomadane

3 ɔno ne sɛ yɛhyɛ a, benhu yɛ sɛ yɛdeda adagya.

4 Na mmerɛ a yɛda so ya saa ntomadane yi mu yi, yɛ ahokyerɛ mu ne yesi apinie, efiri sɛ yɛmpɛ sɛ yeyi gu hɔ, na mmom yɛpɛ sɛ yɛhyɛ baako he ka ho sɛ ɔbɛyɛ a nkwa bɛmene wuo he.

5 Deɛ wasiesiee saa nnoɔma yi ama yɛ ne Nyankopɔn, ɔno ne de Honhom he ama yɛ sɛ nea ɔbɛba he ho nsɛnkyerɛnne.

6 Ne saa nti, yɛwɔ awerɛhyɛmu daa; mpo yenim sɛ mmerɛ a yɛda so te saa nnipadua yi mu yi, yenni Awurade nkyɛne—

7 efiri sɛ yɛnam gyidie so ne nante, na ɔnyɛ nea yehu so.

8 Ampa, yɛwɔ akokoɔduro, na yɛ ani gye ho mmom sɛ yebefiri nnipadua mu na yɛ ne Awurade akɔtena.

9 Ne saa nti sɛ yɛya ne nkyɛne oo, sɛ yenni ne nkyɛne oo, yɛ botae ne sɛ yɛbɛsɔ n’ani.

10 Na ɔsɛ sɛ yɛ nyinaa yɛkogyina Kristo atemmuo adwa he anim, na biaa anya n’akatua nea ɔde ne nnipadua yɔɔeɛ ho, sɛ ɔyɛ papa anaa bɔne.


Nkabom adwuma

11 Saa nti, yɛbɔ mmɔdene sɛ yebetu afoforɔ fo osiane sɛ yenim Awurade suro nti; na yɛ deɛ Nyankopɔn nim yɛ, na mewɔ anidasoɔ sɛ honim yɛ yie ho ahonim mu.

12 Yenni yɛ ho adanseɛ nkyerɛ ho bio, nso yɛama ho akwannya a hode yɛ bɛhoahoa ho ho, sɛnea ɔbɛyɛ a hobenya mmuaeɛ ama bɛ a bɛhoahoa bɛ ho honam fam nso ɔnnyɛ akoma mu he;

13 efiri sɛ, sɛ yɛbɔ dam a, yɛbɔ ma Nyankopɔn; na sɛ yɛ adwene mu da hɔ a, ɔda hɔ ma ho.

14 Na yeinom nyinaa mu he, Kristo dɔ he ne hyɛ yɛ, efiri sɛ, yenim pefee sɛ baako wu maa yɛ nyinaa; saa deɛ a ɔte sɛ yɛ nyinaa yɛawu.

15 Na owu maa yɛ nyinaa, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛ a bɛte ase he ntena ase mma bɛ ho bio, na mmom bɛbɛtena ase ama deɛ owuiɛ na ɔsɔre maa bɛ he.

16 Nti, ofiri nnɛ ɔɔkɔ yi, yennim biaa honam fam; ɔyɛ nɔkorɛ sɛ na yenim Kristo honam fam deɛ, nso yenhu no saa bio.

17 Nti sɛ bi ya Kristo mu a, ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ: nnoɔma dadaa he nyinaa atwam; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ!

18 Yei nyinaa firi Nyankopɔn, ɔno ne nam Kristo so atwe yɛ abata ne ho, na ɔde mpata adwuma he ahyɛ yɛ nsa;

19 ɔne sɛ, na Nyankopɔn nam Kristo so ɔɔpata atwe wiase aba ne nkyɛne a, ommu bɛ bɔne ntia bɛ, na ɔde mpata asɛm ama yɛ.

20 Nti yɛyɛ Kristo anamusifoɔ, ɔne sɛ Nyankopɔn nam yɛ so ootu fo; nti yegyina Kristo anamu tu ho fo sɛ, homma bɛmpata ntwe ho mfam Nyankopɔn ho.

21 Na yɛ nti nea onnim bɔne he, Nyankopɔn de yɛ bɔne ho afobuo to ne so, sɛnea ɔbɛyɛ a yɛnam ne so bɛyɛ tenenee ama Nyankopɔn.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan