Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Korintofoɔ 4 - Apam Foforɔ


Agyapadeɛ a ogu nɛteɛ anwenneɛ mu

1 Saa nti yɛmpa aba, osiane sɛ Nyankopɔn nam ne mmɔborɔhunu so ne de saa som adwuma yi ama yɛ.

2 Yɛatwe yɛ ho afiri sum ase nnoɔma a ɔyɛ aniwuo he ho; yɛmma nnaadaa mma yɛ akwane mu; saa ara nso ne yɛmfra Nyankopɔn asɛm mu; na mmom yɛda nɔkorɛ he adi de di yɛ ho adanseɛ kyerɛ nnipa nyinaa ahonim ya Nyankopɔn anim.

3 Na sɛ yɛ asɛmpa he so akata ampa a, so akata ama bɛ a bɛɛyera.

4 Bɛ mu ne wiase nyame afira bɛ a bɛnnye nni he adwene ani, sɛ benhu asɛmpa he ho hann a ɔyɛ Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn subane he animuonyam.

5 Na ɔnyɛ yɛ ho asɛm ne yɛka na mmom yɛpae mu ka sɛ Yesu Kristo yɛ Awurade na yɛ deɛ yɛyɛ ho nkoa Yesu nti;

6 efiri sɛ Nyankopɔn kaa sɛ, “Hann mfiri sum mu nhyerɛn,” ɔnoaa ne ahyerɛn yɛ akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɔya Yesu Kristo anim he nimdeɛ nhyerɛn.

7 Nso yɛwɔ saa agyapadeɛ yi ya nɛteɛ anwenneɛ mu, na aada adi pefee sɛ, saa tumi a ɔboro so he yɛ Nyankopɔn deɛ, na mmom omfiri yɛ.

8 Yɛ ho ahiahia yɛ akwane nyinaa mu, nso yɛ homee nteeɛ; yɛ ho akyere yɛ, nso yɛ ani ntaneeɛ;

9 bɛtaa yɛ, nso Nyankopɔn nyii yɛ mmaeɛ; bɛbɔ yɛ hwe hɔ, nso yɛnsɛe;

10 daa yɛsoa Yesu wuo he yɛ nnipadua mu, na ama Yesu nkwa he nso ada adi yɛ nnipadua mu.

11 Na yɛte ase yi, beyi yɛ ma wuo dabiaa ɔnam Kristo nti, na ama Kristo wuo he ada adi yɛ honam a obewu he mu.

12 Nti wuo di dwuma yɛ mu, na nkwa di dwuma ho mu.

13 Na sɛdeɛ yɛwɔ honhom mu gyidie korɔ sɛdeɛ atwerɛ he teɛ he, “Megye diiɛ, na ɔma mekasaeɛ,” yɛ nso yɛgye di na ɔma yɛkasa,

14 efiri sɛ yenim sɛ deɛ ɔnyanee Awurade Yesu he benyane yɛ ne no nso, na ɔde yɛ ne ho aba n’anim.

15 Nɔkwasɛm ne sɛ, ho nti ne bibiaa ya hɔ, na sɛdeɛ adom trɛ ka nnipa bebree he, aseda nso adɔɔso ahyɛ Nyankopɔn animuonyam.

16 Nti yɛ akoma ntu, ɔyam sɛ yɛ nipadua he ɔɔsɛe deɛ, nso yɛ honhom he yɛ foforɔ da biaa.

17 Na saa amanehunu kakra yi a yɛɛfam yi, oosiesie yɛ ama daa animuonyam a ɔboro adeɛ nyinaa so a yentumi mfa seesei amanehunu yi ntoto ho koraa,

18 efiri sɛ yɛmfa yɛ ani nsi nnoɔma a yehu so, na mmom nea yenhu so; efiri sɛ nea yehu he twam frɛdɛ, na nea yenhu he ya hɔ afebɔɔ.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan