Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Korintofoɔ 3 - Apam Foforɔ


Paulo ahotosoɔ di n’adwuma ho adanseɛ

1 Yeefiri aseɛ asane ayi yɛ ho ayɛ? Anaa ohia ma yɛ sɛ yɛde ayeyie krataa bra ho anaa yenya bi firi honkyɛne sɛnea binom yɔ no he?

2 Ho ankasa hote sɛ krataa a bɛatwerɛ no yɛ akoma mu, na nnipa nyinaa hu kenkane;

3 na hoda no adi sɛ, hoyɛ Kristo krataa a bɛnam yɛ so atwerɛ, krataa a bɛamfa adubire na mmom Nyankopɔn honhom ne bɛde atwerɛ, ɔnyɛ aboɔ pono so na mmom nnipa akoma pono so.

4 Yei ne ahotɔsoɔ a yɛanya no Kristo mu Nyankopɔn fam.

5 Ɔnyɛ sɛ yɛfata sɛ yebesusu ahu bibi sɛ ofiri yɛ mu; na mmom fata a yɛfata he firi Nyankopɔn mu.

6 Ɔno ne wama yɛafata sɛ apam foforɔ mu asomfo, ɔnyɛ atwerɛeɛ mu na mmom Honhom mu; efiri sɛ, mmara atwerɛeɛ he bu fɔ kɔ wuom, na honhom he deɛ, ɔma nkwa.

7 Na afei sɛ wuo som a bɛde atwerɛdeɛ kurukyire guu aboɔ so nyaa animuonyam a Israelfoɔ antumi annyene bɛ ani anhwɛ Mose anim, ɔnam n’animuonyam a otwam he nti a,

8 ɔbɛyɛ dɛ ne Honhom som he mmom onnya animuonyam?

9 Na sɛ afobuo som he yɛ animuonyam a, hedeɛ na tenenee som he boro so bebree animuonyam mu!

10 Na mpo deɛ na kane he ɔwɔ animuonyam he nni animuonyam bio ɔnam animuonyam a ɔboro saa he nti.

11 Na sɛ deɛ beyi sii nkyɛne he nam animuonyam mu ne baeɛ a, hedeɛ na deɛ ɔtena hɔ daa he wɔ animuonyam bebree.

12 Ɔnam sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi nti, yɛde akokoɔduro kasa,

13 ɔnyɛ sɛ Mose a ɔde nkatanimu kataa n’anim na Israel mma antumi annyene bɛ ani anhwɛ deɛ ootwa mu he awieeɛ.

14 Nso na bɛ akoma ɔdene; nɔkorɛ, ɔde besi nnɛ, sɛ bɛkenkane apam dadaa he a, nkatanimu heaa da so ya hɔ osiane sɛ Kristo nkoaa mu ne otwa mu.

15 Nɔkorɛ, ɔde besi nnɛ, sɛ bɛkenkane Mose nwoma he a, nkatanimu he da so kata bɛ adwene so;

16 nso sɛ bi dane ne ho hwɛ Awurade a, nkatanimu he firi hɔ.

17 Na Awurade ne Honhom he, na baabi a Awurade Honhom ya he, faahodie ya hɔ.

18 Na yɛ nyinaa yɛayi nkatanimu he afiri yɛ anim ne yɛɛhwɛ Awurade animuonyam te sɛ yɛɛhwɛ ahwehwem, wasesa yɛ afiri adom mu kɔ adom mu, na yei firi Awurade, honhom he.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan