Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Korintofoɔ 2 - Apam Foforɔ


Deɛ enti a Paulo mmaa Korinto

1 Nti meyɛɛ m’adwene sɛ me nsrahwɛ a mɛsra ho bio he, ɔnyɛ deɛ ɔde awerɛhoɔ bɛba.

2 Na sɛ mema hofa yeyaa mu a, hwane bio ne bɛma m’ani agye ka nea mehyɛɛ no yeyaa he?

3 Na metwerɛɛ asɛm yiaa braa ho, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a sɛ meba a, bɛ a ɔsɛ sɛ bɛma m’ani gye he mma me werɛ ɔnho; efiri sɛ mewɔ ho nyinaa mu awerɛhyɛmu, sɛ m’anigyeɛ bɛyɛ ho nyinaa anigyeɛ.

4 Na mede akoma a ahohia ne ahometeɛ ahyɛ no mma ne nisuo ne meetwerɛ ho, menhyɛ ho yeyaa, na mmom sɛ hobehu dɔ mmorosoɔ deɛ mewɔ ma ho.


Betumi gye debɔnyɛni a onu ne ho

5 Na sɛ bi ahyɛ bi yeyaa a, ɔnyɛ me ne ɔde ahyɛ me, na kwane bi so he, ɔyɛ ho nyinaa— meeka yei akyerɛ ho nyinaa nnɛ ɔnyɛ sɛ anihããhãã so.

6 Animka a nnipa dodoɔ de aka saa nipa he dɔɔso ma no;

7 na afei deɛ, homfa nkyɛ no na honkyekyere ne werɛ na awerɛhoɔ ammene no.

8 Nti mehyɛ ho nkurane sɛ honyi dɔ adi nkyerɛ no.

9 Yei nti ne metwerɛɛ saa krataa yi, sɛ meesɔ ho ahwɛ na mahu sɛ hoyɔ setie nnoɔma nyinaa mu anaa.

10 Na deɛ hode ne mfomsoɔ bɛkyɛ no he, me nso mede akyɛ no. Na sɛ mede bibi akyɛ a, deɛ mede akyɛ he, ho nti ne mede kyɛeɛ Kristo anim;

11 na Satan annya yɛ, efiri sɛ, yenim n’akwane.


Adwumadene ne ne nkɔsoɔ

12 Mebaa Troa bɛkaa Kristo asɛmpa he, kwane bi bie maa me Awurade mu;

13 Nso m’aso mu annwo me, efiri sɛ, manhu me nua Tito hɔ. Nti mekraa bɛ; na mefirii hɔ kɔɔ Makedonia.

14 Nso aseda nka Nyankopɔn a odi yɛ asɛm daa ya yɛ ne Kristo nkunimdie santene he mu; ɔma yɛ so ma bɛte ne nimdeɛ hwa ya baabiaa.

15 Na yɛte sɛ Kristo hwa ma Nyankopɔn ya bɛ a bɛɛgye bɛ ne bɛ a bɛɛyera mu;

16 Yɛyɛ wuo hwa ma bɛ a bɛɛyera, na yɛyɛ nkwa hwa ma bɛ a bɛɛkɔ nkwa mu. Hwane ne fata yeinom?

17 Na yɛnte sɛ nnipa bebree a bɛnam ɔɔtɔno Nyankopɔn asɛm he, na mmom sɛ bɛ a beyi bɛ yam kasa, Nyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu ya Nyankopɔn anim.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan