Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Korintofoɔ 13 - Apam Foforɔ


Sɔhwɛ ho asotwe

1 Mprɛnsa so di ne meeba honkyɛne. “Adansefoɔ mmienu anaa mmeɛnsa ano asɛm so ne kwaadu biaa begyina.”

2 Mebɔɔ bɛ a bɛyɔɔ bɔne kane he ne bɛ a bɛaka he nyinaa kɔkɔ, saa nso ne seesei a menni ho hɔ he, meebɔ ho kɔkɔ, sɛnea meyɔɔ no berɛ a mebaa ho nkyɛne ne mprenu so he, sɛ meba bio a, menhu bɛ mmɔbɔ,

3 efiri sɛ hoohwehwɛ nsɛnkyerɛnne sɛ Kristo ne fa me so kasa. Ɔnyɛ mmerɛ ho fam, na mmom ɔwɔ tumi ho mu.

4 Bɛbɔɔ no asennua mu sɛ nipa a ɔmerɛ, nso ɔnam Nyankopɔn tumi so te ase. Na yɛ nso yɛyɛ mmerɛ ne mu deɛ, nso yɛne no nam Nyankopɔn tumi so bɛtena ase ho fam.

5 Honsɔ ho ho nhwɛ sɛ hote gyidie he mu anaa. Hommisa ho ho nhwɛ! Anaa honnim sɛ Yesu Kristo te ho mu?—Gye sɛ ebia homfata deɛ.

6 Na m’ani da so sɛ hobehu sɛ yɛ deɛ yɛnyɛ nnipa a bɛmfata.

7 Nso yɛbɔ Nyankopɔn mpaeɛ, na hoanyɔ bɔne biaa, ɔnyɛ sɛ ɔbɛkyerɛ sɛ yɛmfata, na mmom, sɛnea ɔbɛyɔ na hoanya adepa, na yɛ deɛ yɛayɛ sɛ nea yɛmfata.

8 Na yentumi nyɔ hwee ntia nɔkorɛ he, mmom nea yetumi yɔ he, yɛyɔ ma nɔkorɛ.

9 Yɛ ani gye berɛ a yɛyɛ mmerɛ na ho ho ɔdene. Yɛbɔ mpaeɛ sɛ hobɛyɛ pɛ.

10 Yei nti ne menni ho nkyɛne he, meetwerɛ yei abra ho, na sɛ meba a, me ne ho anni no dendene, sɛnea tumi a Awurade de ama me sɛ memfa nhyɛ dene na memmfa nsɛe he teɛ.

11 Afei, nea otwa toɔ, me nuanom, makra ho. Honyɛ pɛ, honkyekyere ho ho ho ho werɛ, honnya adwene korɔ, hontena asomdwie mu, na dɔ ne asomdwie Nyankopɔn bedi ho akyi.

12 Honkyeakyea ho ho dɔ kwane so.

13 Ahoteefoɔ he nyinaa kyeakyea ho.

14 Awurade Yesu Kristo adom, Nyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron ayɔnkofa nka ho nyinaa.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan