Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Korintofoɔ 12 - Apam Foforɔ


Anisoadehunu ne mmerɛyɛ

1 Ɔsɛ sɛ mehoahoa me ho, nso mfasoɔ biaa nni so, nti mɛka Awurade anisoadehunu ne adiyie ho asɛm.

2 Menim nipa bi a ɔya Kristo mu a mfie dunan a atwam yi behwimm no kɔɔ soro a ɔtɔ so mmeɛnsa he mu, sɛ yei sii honam mu oo, sɛ ansi honam mu oo, mennim; Nyankopɔn nkoaa ne nim.

3 Na menim sɛ saa nipa he—sɛ ɔyɛ honam mu oo, sɛ ɔnyɛ honam mu oo, mennim; na Nyankopɔn nkoaa ne nim—

4 behwimm no kɔɔ Paradise na ɔtee nsɛm a ɔnsɛ sɛ bɛbɔ so, na nipa nni ho kwane sɛ ɔka mpo.

5 Saa nipa yi ho ne mehoahoa me ho, na me a me fam deɛ menhoahoa me ho, gye sɛ me mmerɛyɛ ho.

6 Na sɛ mepɛ sɛ mehoahoa me ho mpo a, nka ɔnyɛ adeɛ a nteaseɛ nni mu, efiri sɛ mɛka nɔkorɛ, nso menkɔ so nhoahoa me ho, na ho mu bi ammu me ankyɛne sɛdeɛ waate anaa waahu afa me ho,

7 adiyie a ɔboro so he nti. Nso sɛ ɔbɛyɔ a memma mabati so mma no mmoro so nti bɛama me Satan bɔfoɔ bi a ɔte sɛ kasɛe a ɔhyɛ me honam mu sɛ ɔmma me tim ɔnyɛ me dɛ mmoro.

8 Mesrɛɛ Awurade mprɛnsa fa yei ho, sɛ ɔma no mfiri me so,

9 nso ɔka kyerɛɛ me sɛ, “M’adom dɔɔso ma wo, na metumi wie pɛyɛ ya mmerɛyɛ mu.” Nti mede anigyeɛ bebree bɛhoahoa me ho mmom, na Kristo ahoɔdene abɛtena me so.

10 Nti m’ani gye mmerɛyɛ mu, atennie mu, ahokyerɛ mu, taa mu, ɔne amaneɛ mu Kristo nti; efiri sɛ meyɛ mmerɛ honam mu a meyɛ dene honhom mu.


Somafoɔ bi adansedie nwoma

11 Maayɛ sɛ kwasea! Ho ne hohyɛɛ me ma meyɔɔ saa. Nɔkorɛ di ɔsɛ sɛ nka hoyi me ayɛ, efiri sɛ asomafoɔ a hobu bɛ atitire he nkyɛne me bibiaa mu, nso menyɛ hwee mpo.

12 Somafoɔ nsɛnkyerɛnne mapa he deɛ, bɛayɔ no ho mu boasetɔ nyinaa mu, nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ne tumideɛ mu.

13 Sɛ ɔnyɛ adesoa a mayɛ ama ho a, mmɛ bio nti ne honto asafo a aka he? Mesrɛ ho, homfa mfomsoɔ yi nkyɛ me.

14 Hwɛ, masiesie me ho sɛ meeba honkyɛne ne mprɛnsa so. Na menyɛ ho so adesoa, efiri sɛ menhwehwɛ ho hɔ bibiaa ka ho kra ho; na ɔnsɛ sɛ mma ne pɛ adeɛ ma awofoɔ na mmom awofoɔ ne pɛ ma mma.

15 Na me deɛ mede anigyeɛ bɛhwere m’adeɛ, na mama bɛahwere me ama ho kra. Na sɛ medɔ ho maa no boroo so a, ɔsɛ sɛ ho dɔ he sua sene me deɛ?

16 Ɔyam sɛ manyɛ ho so adesoa. Nso sɛ meyɛ nitefoɔ nti, menam kwane foforɔ so anya ho ho mfasoɔ.

17 Menam bɛ a mesomaa bɛ ho nkyɛne he mu bi so asisi ho anaa?

18 Mesrɛɛ Tito, na memaa ɔne onua baako baa ho nkyɛne. Tito ba besisii ho anaa? Ɔnyɛ Honhom baako heaa mu ne yɛnanteeɛ? Ɔnyɛ anammɔno baako mu ne yetiaeɛ?

19 Saa berɛ yi nyinaa hosusu sɛ yeyi yɛ ho ano kyerɛ ho anaa? Nyankopɔn anim ne yɛkasa Kristo mu. Nea yɛyɛ biaa, adɔfoɔ, yɛyɛ ma ho nkɔsoɔ.

20 Na mesuro sɛ, sɛ meba a, memmɛto ho sɛnea mepɛ; na menso honhu me sɛnea hopɛ; mesuro sɛ ebia na ntɔkwa, ahoɔyeyaa, abufuo, asinkane, nsekuro, wesewese, ahantan ne sakasakayɛ ya ho mu.

21 Mesuro sɛ sɛ meba bio a, me Nyankopɔn bɛbrɛ me ase ya ho anim, na magyam ho mu dodoɔ a hoayɔ bɔne na hoansakra ho adwene, ne adwamammɔ ne akohwisɛm nea bɛadi he ho.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan