Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Korintofoɔ 11 - Apam Foforɔ


Paulo dɔ

1 Menya a nka hoanya me ho abotrɛ ya asɛm kakra a nteaseɛ nnim yi ho. Honya me ho abotrɛ, hoate!

2 Na ninkunu a metwe ya ho ho he, metwe no Nyankopɔn mu. Efiri sɛ maahyɛ bɔ sɛ mede ho bɛma agye beema baako awadeɛ, na mede ho ama Kristo sɛ babunu bi a fi nka no da.

3 Nso mesuro sɛ, ebia, sɛdeɛ wɔ he de n’aniteɛ bɛdaadaa Hawa he, saa ara nso ne bɛbɛdane ho adwene afiri Kristo mu ahofama mapa a owie pɛyɛ he.

4 Na sɛ bi bɛpae mu ka Yesu foforɔ a ɔnyɛ nea yɛkaa ne ho asɛm he ho asɛm kyerɛ ho a, anaa sɛ hogye honhom foforɔ bi a ɔnyɛ nea hogyeeɛ he a, anaa sɛ hogye asɛmpa foforɔ a ɔnyɛ nea hoagye he a, hedeɛ na hoagye no ntɛm dodo.

5 Nso mehu sɛ asomafoɔ a hobu bɛ atitire he nkyɛne me bibiaa mu.

6 Na sɛ m’ano nteeɛ kasa mu mpo a, ɔnyɛ nimdeɛ mu; nɔkwasɛm ne sɛ, yɛama bibiaa ada adi ama ho, nnipa nyinaa anim.

7 Anaa mayɔ bɔne sɛ mekaa Nyankopɔn asɛmpa he kyerɛɛ ho kwa na mebrɛɛ me ho ase sɛ ɔbɛyɔ a bɛbɛma ho so?

8 Mefom asafo binom adeɛ faeɛ sɛ akatua sɛ mede bɛsom ho.

9 Na meya ho nkyɛne he a bibi hia me he, manyɛ adesoa amma biaa, efiri sɛ, anuanom a bɛya Makedonia de m’ahiadeɛ nyinaa maa me. Nɔkorem, manyɛ ho so adesoa bibiaa mu na mɛhwɛ sɛ menyɛ saa nso.

10 Sɛ Kristo nɔkorɛ da so ya me mu he, m’ahohoahoa yi bɛkɔ so ada adi ya Akaia fam hɔ.

11 Ɛɛne ntia meyɔ saa? Mennɔ ho nti anaa? Nyankopɔn koraa nim sɛ medɔ ho!

12 Na deɛ meyɔ he mɛkɔ so ayɔ, na bɛ a bɛɛpɛ bibi agyina so ahoahoa bɛ ho sɛ bɛne yɛ yɛ pɛ he annya bibiaa.

13 Na saa nnipa yinom yɛ asomafoɔ atorɔfoɔ, adwumayɔfoɔ nnaadaafoɔ, bɛyɛ bɛ ho sɛ Kristo asomafoɔ.

14 Na ɔnyɛ nwanwa! Satan mpo tumi yɛ ne ho sɛ hann bɔfoɔ.

15 Nti ɔnyɛ nwanwa sɛ n’asomafoɔ nso bɛyɛ bɛ ho sɛ nɔkorɛ asomafoɔ. Bɛ nnwuma ne bɛkyerɛ bɛ awieeɛ.


Paulo Amanehunu sɛ Somafoɔ

16 Meka bio sɛ, biaa mmmu me sɛ meyɛ kwasea, na sɛ ɔnte saa a, honnye me sɛ kwasea, na me nso mahoahoa me ho kakra.

17 Deɛ meeka he, menka no Awurade tumi mu, na mmom meka no sɛ bi a ɔyɛ adwenmuhareni ɔnam ahotɔsoɔ ntrasoɔ a wanya no ahohoahoa mu nti.

18 Esiane sɛ nnipa bebree hoahoa bɛ ho honam fam nti, me nso mɛhoahoa me ho bi

19 Na hode anigyeɛ nya tema ma nkwaseafoɔ, efiri sɛ hoyɛ mmadwemma.

20 Na sɛ bi di ho nya, sɛ bi didi ho ho, sɛ bi fa ho nommum, sɛ bi ma ne ho so, sɛ bi bɔ ho ani so a, hobehu ama no.


Paulo asiane ne ne brɛ

21 Meka no aniwuo mu sɛ, yɛ deɛ yɛayɛ mmerɛ sɛ yebetumi ayɔ saa; nso deɛ bi yɛ nnam ya mu he, (meka no sɛ deɛ aba biaa nni mu,) me nso meyɛ nnam ho mu bi.

22 Bɛyɛ Hebrifoɔ? Me nso meyɛ bi. Bɛyɛ Israelfoɔ? Me nso meyɛ bi. Bɛyɛ Abraham asefoɔ? Me nso meyɛ bi.

23 Bɛyɛ Kristo asomfoɔ? Meyi ano te sɛ bɔdamni, meyɛ Kristo somafoɔ kyɛne bɛ: Brɛ adwuma a ɔboro so mu, afiaseda a ɔboro so mu, hweɛ a ɔtra so mu, wuo amaneɛ a manya no nhunuiɛ mu.

24 Yudafoɔ nsam, bɛabɔ me mmaa aduasankron, saa mprenum.

25 Bɛaka me mpire mprɛnsa, bɛasi me aboɔ prɛko, maatɔ nsuo mu mprɛnsa, maadi po bunu mu adekyeeɛ ne adesaeɛ.

26 Akwantuo pii mu, asubɔntene so asiane mu, adwotwafoɔ asiane mu, amannifoɔ mu asiane mu, amanamane mu asiane mu, kuro mu asiane mu, serɛ so asiane mu, po so asiane mu, anuanom atorɔfoɔ mu asiane mu;

27 adwuma ne brɛ mu, apesire mu, kɔm ne sukɔm mu, mmuada pii mu, awɔ ne adagya mu.

28 Deɛ ɔkeka ho he nyinaa nna nkyɛne, deɛ ɔhyɛ me so ne asafo he nyinaa ho dadwene.

29 Hwane ne ɔɔmmerɛ, na menyɛ mmerɛ bi? Hwane ne bɛato no sintidua, na me yam nhyehye me?

30 Sɛ ɔsɛ sɛ mehoahoa me ho a, mɛhoahoa me ho me mmerɛyɛ ho.

31 Awurade Yesu Nyankopɔn ne n’Agya a nhyira nka no daa he nim sɛ menni torɔ.

32 Damasko hɔ ne Hene Areta amrado wɛnee Damaskofoɔ kuro he sɛ ɔɔpɛ me akye me;

33 na bɛde me too kentene mu de me wuraa mpomaa mu faa fasuo so gyaagyaa me maa mefirii ne nsa dwaneeɛ.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan