Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Korintofoɔ 10 - Apam Foforɔ


Honhom fam kõ

1 Afei m’ankasa Paulo a sɛ meya honkyɛne a, meyɛ hufoɔ, nso sɛ menni honkyɛne a meyɛ kokoɔdurufoɔ ma ho he, menam Kristo dwoɔ ne n’ayamyɛ so srɛ ho,

2 na sɛ meba honkyɛne a mamfa ahotɔsoɔ anyɔ m’adeɛ akokoɔduro so sɛnea mede nnamyɛ yɔ adeɛ tia bɛ a bɛhwɛ yɛ sɛnea yɛteɛ honam mu he.

3 Ɔyam sɛ yɛte ase honam mu deɛ, nso yenni akõ honam fam,

4 efiri sɛ akodeɛ a yɛde kɔ kõ he nyɛ honam fa mu deɛ, nso Nyankopɔn tumi ya mu sɛ yetumi de tutu nnoɔma a agye nhini gu. Yɛsɛe nsusuiɛ

5 ne bibiaa a ɔsõ a bɛama so atia Nyankopɔn nimdeɛ, na yɛafa adwene nyinaa nommum de ahyɛ Kristo asoɔmmerɛ ase.

6 Na yɛasiesie yɛ ho sɛ, sɛ hoyɔ setie adeɛ nyinaa mu a, yɛde asoɔdene nyinaa asotwe bɛma.

7 Honhwɛ deɛ ɔda hɔ pefee. Sɛ bi wɔ gyidie sɛ ɔyɛ Kristo deɛ a, ɔnkae sɛ, sɛdeɛ ɔyɛ Kristo deɛ he, saa ara ne yɛ nso yɛyɛ ne deɛ.

8 Na afei sɛ me hoahoa me ho boro so kakra ya tumidie a Awurade de ama yɛ sɛ yɛmfa nhyɛ ho dene, na ɔnyɛ sɛ yɛde bebu ho aba mu he ho mpo a, m’ani nwu.

9 Mempɛ sɛ ɔbɛyɛ ho sɛ mede nkrataa yi ɔɔbɔ ho hu;

10 efiri sɛ, bɛka sɛ, “Ne krataa he mu oduru na tumi yam, nso ɔya yɛ ntam a, ɔmmerɛ, na ɔkasa nso a, bɛmfa n’asɛm nyɔ hwee.”

11 Ɔsɛ sɛ saa nipa he te aseɛ sɛ, nea yɛ krataa da no adi fa yɛ ho he, ne nea yɛya hɔ a yɛbɛyɔ he mmɔ abira.

12 Na yentumi nkane yɛ ho mfra binom, na yentumi mfa yɛ ho ntoto binom a bɛkamfo bɛ ho kyerɛ he ho. Nɔkorem he, bɛ ho a bɛde yɛ susuhoma ma bɛ ho, na bɛde bɛ ho toto bɛ ankasa bɛ ho bɛ ho he kyerɛ sɛ benni nteaseɛ.

13 Na yɛdeɛ yɛnhoahoa yɛ ho mma no ntra so, na mmom nea yɛhoahoa yɛ ho ya ho nyinaa yɛ dwumadie a Nyankopɔn de ahyɛ yɛ nsa nkoaa, na ho nso ho ka saa adwuma he ho.

14 Na yɛanyɔ antra adwuma a Nyankopɔn de maa yɛ sɛ yɛnyɔ berɛ a yɛbaa ho nkyɛne he; efiri sɛ yɛde Kristo asɛmpa he abeduru ho nkyɛne nso.

15 Na yɛnhoahoa yɛ ho mma ɔntra so nkoduru binom adwuma ho, na yɛ ani da so sɛ, ho gyidie nyini a, yɛbɛyɔ ho mu kɛseɛ aboro so, sɛdeɛ adwuma a ɔde hyɛɛ yɛ nsa he teɛ

16 na ama yɛapae mu aka asɛmpa he ya nsaase a ɔya akyi nohoaa, na yɛamfa binom adwuma a bɛayɔ dada he anhoahoa yɛ ho.

17 “Na ma deɛ ɔhoahoa ne ho he nhoahoa ne ho Awurade mu.”

18 Na ɔnyɛ deɛ oyi ne ho ayɛ ne fata, na mmom deɛ Awurade yi no ayɛ he ne fata.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan